Adesua 8
Abusua Asetra a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
Dɛn ne okunu gyinabea wɔ abusua no mu? (1)
Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere di wɔ ɔkwan bɛn so? (2)
Asɛyɛde horow bɛn na agya wɔ? (3)
Dɛn ne ɔyere asɛyɛde wɔ abusua no mu? (4)
Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi awofo ne mma hɔ? (5)
Dɛn na Bible ka wɔ ntetewmu ne awaregyae ho? (6, 7)
1. Bible ka sɛ okunu ne n’abusua ti. (1 Korintofo 11:3) Ɛsɛ sɛ okunu nya ɔyere biako pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔware wɔ ɔkwan a ɛteɛ so ma ɛne mmara hyia.—1 Timoteo 3:2; Tito 3:1.
2. Ɛsɛ sɛ okunu dɔ ne yere sɛnea ɔdɔ n’ankasa ho. Ɛsɛ sɛ ɔne no di sɛnea Yesu ne n’akyidifo di no. (Efesofo 5:25, 28, 29) Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ ne yere anaa ɔyɛ no ayayade wɔ ɔkwan biara so. Mmom no, ɛsɛ sɛ odi no ni na ɔkyerɛ obu ma no.—Kolosefo 3:19; 1 Petro 3:7.
3. Ɛsɛ sɛ agya yɛ adwuma denneennen de hwɛ n’abusua. Ɛsɛ sɛ ɔma ne yere ne ne mma aduan, ntade, ne dabere. Ɛsɛ sɛ agya de n’abusua honhom fam ahiade ahorow nso ma wɔn. (1 Timoteo 5:8) Ɔno na odi anim de mmoa ma n’abusua ma wosua Onyankopɔn ne N’atirimpɔw ahorow ho ade.—Deuteronomium 6:4-9; Efesofo 6:4.
4. Ɛsɛ sɛ ɔyere yɛ ɔboafo pa ma ne kunu. (Genesis 2:18) Ɛsɛ sɛ ɔboa ne kunu na wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma na wɔatete wɔn. (Mmebusɛm 1:8) Yehowa hwehwɛ sɛ ɔyere fi ɔdɔ mu hwɛ n’abusua. (Mmebusɛm 31:10, 15, 26, 27; Tito 2:4, 5) Ɛsɛ sɛ onya obu a emu dɔ ma ne kunu.—Efesofo 5:22, 23, 33.
5. Onyankopɔn hwehwɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo. (Efesofo 6:1-3) Ɔhwɛ kwan sɛ awofo bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma na wɔateɛ wɔn. Ɛsɛ sɛ awofo nya bere ma wɔn mma na wɔne wɔn sua Bible no, de wɔn honhom fam ne nkate fam ahiade ahorow ma wɔn. (Deuteronomium 11:18, 19; Mmebusɛm 22:6, 15) Ɛnsɛ sɛ awofo de nteɛso ma wɔn mma wɔ atirimɔden kwan so.—Kolosefo 3:21.
6. Sɛ ɛyɛ den ma awarefo sɛ wɔne wɔn ho bɛbɔ a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible afotu bedi dwuma. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya ɔdɔ na yɛmfa bɔne mfiri. (Kolosefo 3:12-14) Onyankopɔn Asɛm nhyɛ ntetewmu ho nkuran sɛ ɔkwan a wɔfa so di ɔhaw nketenkete ho dwuma. Nanso ebia ɔyere bɛpaw sɛ ɔbɛtew ne ho afi ne kunu ho sɛ (1) ɔpow koraa sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua, (2) ɔyɛ basabasa araa ma ɔbea no akwahosan ne ne nkwa da asiane mu, anaa (3) sɔre a ɔsɔre tia no denneennen no ma ɛyɛ den sɛ ɔbɛsom Yehowa a.—1 Korintofo 7:12, 13.
7. Ɛsɛ sɛ awarefo di wɔn ho nokware. Awaresɛe yɛ bɔne a etia Onyankopɔn ne obi hokafo. (Hebrifo 13:4) Fi a obi hokafo fi n’akyi ne ade biako pɛ a Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ obetumi agyina so agyae aware asan aware bio. (Mateo 19:6-9; Romafo 7:2, 3) Yehowa kyi sɛ nkurɔfo gyae aware a ennyina Kyerɛwnsɛm so na wɔware obi foforo.—Malaki 2:14-16.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]
Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ awofo bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma ateɛ wɔn
[Kratafa 17 mfonini]
Agya a ɔwɔ ɔdɔ de n’abusua honam fam ne honhom fam nneɛma ma wɔn