Adesua 13
Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahu Nokware Som?
So ɔsom nyinaa sɔ Onyankopɔn ani, anaa biako pɛ? (1)
Dɛn nti na ɔsom pii na ɛwɔ hɔ a wose wɔyɛ Kristofo? (2)
Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nokware Kristofo? (3-7)
1. Yesu fii nokware Kristosom biako ase. Enti ɛsɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn nokware asomfo kuw biako pɛ na ɛwɔ hɔ nnɛ. (Yohane 4:23, 24; Efesofo 4:4, 5) Bible kyerɛkyerɛ sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wɔnam nkwa kwan hihiaa no so.—Mateo 7:13, 14.
2. Bible no hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ asomafo no wu akyi no, atoro nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɛne Kristosom nhyia bɛba Kristofo asafo no mu nkakrankakra. Nnipa bɛtwetwe gyidifo adi wɔn akyi mmom asen Kristo. (Mateo 7:15, 21-23; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Ɛno nti na yehu asɔre ahorow pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nokware Kristofo?
3. Nokware Kristofo agyiraehyɛde titiriw paa ne sɛ wɔdodɔ wɔn ho ankasa. (Yohane 13:34, 35) Wɔnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonsusuw sɛ woye sen mmusua foforo mu nnipa anaa wɔn a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea. Wɔnkyerɛkyerɛ wɔn nso sɛ wɔntan aman foforo mu nnipa. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Enti wɔmfa wɔn ho nhyɛ akodi ahorow mu. Nokware Kristofo ne wɔn ho di sɛ anuanom mmea ne mmarima.—1 Yohane 4:20, 21.
4. Nokware som agyiraehyɛde foforo ne sɛ emufo wɔ obu a emu dɔ ma Bible no. Wogye tom sɛ Onyankopɔn Asɛm, na wogye nea ɛka no di. (Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16, 17) Wobu Onyankopɔn Asɛm sɛ ɛho hia sen onipa nsusuwii anaa amanne ahorow. (Mateo 15:1-3, 7-9) Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra ma ɛne Bible no ahyia wɔ wɔn da biara asetra mu. Enti wɔyɛ nea wɔka no.—Tito 1:15, 16.
5. Ɛsɛ sɛ nokware som di Onyankopɔn din ni nso. (Mateo 6:9) Yesu daa Onyankopɔn din, Yehowa, no adi kyerɛɛ afoforo. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ saa. (Yohane 17:6, 26; Romafo 10:13, 14) Nnipa bɛn na wɔwɔ mo mpɔtam hɔ a wɔka Onyankopɔn din ho asɛm kyerɛ afoforo?
6. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Yesu yɛɛ saa. Ɔkaa Ahenni no ho asɛm bere nyinaa. (Luka 8:1) Ɔhyɛɛ n’asuafo sɛ wɔnka asɛm koro yi ara wɔ asase nyinaa so. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Nokware Kristofo gye di sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛde nokware asomdwoe ne ahobammɔ bɛba asase yi so.—Dwom 146:3-5.
7. Ɛnsɛ sɛ Yesu asuafo yɛ wiase bɔne yi fã. (Yohane 17:16) Wɔmfa wɔn ho nhyɛ wiase no amammuisɛm ne asetra mu ntawntawdi mu. Wɔkwati abrabɔ, nneyɛe, ne su horow a edi awu a abu so wɔ wiase no mu no. (Yakobo 1:27; 4:4) So wubetumi ahu ɔsom kuw bi wɔ mo mpɔtam hɔ a ɛwɔ saa nokware Kristosom agyiraehyɛde ahorow yi?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26, 27]
Nokware Kristofo dodɔ wɔn ho, wɔkyerɛ obu ma Bible no, na wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm