Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkaebɔ Ahorow
    Ahenni Som—1999 | December
    • Nkaebɔ Ahorow

      ◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Yɛde Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu bɛka New World Translation ho. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1986 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no ama. February: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden paa afi ofie Bible adesua ase.

      ◼ Yɛn Ahenni Som no ayɛ ɔsom nhyiam ho nhyehyɛe ama asram a yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam wom no mu dapɛn biara. Asafo ahorow betumi ayɛ nsakrae a ehia no na ama wɔatumi akɔ “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam no, na afei wɔde simma 30 ati dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ dapɛn a edi hɔ no mu. Ɛsɛ sɛ mudi kan de nhyiam no da biara dwumadi mu ntimu no hyɛ anuanom baasa a wɔfata a wɔde adwene besi nsɛntitiriw no so nsa. Saa ntimu a wobesiesie no yiye no bɛboa asafo no ma wɔakae nsɛntitiriw no de adi dwuma wɔ wɔn ankasa asetra ne asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ asɛm ne osuahu biara a atiefo bɛka no yɛ tiawa ne tẽẽ.

      ◼ Monhwɛ nhu sɛ mode afe asɛm foforo no bɛbɔ mo Ahenni Asa so ntɛm ara wɔ January 1. Ɛsɛ sɛ afe asɛm a asafo ahorow a wɔnka Engiresi kasa bɛkyerɛw no ne nea wɔakyerɛw wɔ Yɛn Ahenni Som mu no hyia. Afe asɛm no ne: “Yɛnyɛ wɔn a wɔtwe wɔn ho . . . na mmom wɔn a wɔwɔ gyidi.”—Heb. 10:39, NW.

      ◼ Yɛbɛhyehyɛ “Medical Directive Card” ne “Identity Card” foforo January 1. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa hwɛ hu sɛ wɔbɛhyehyɛ “Medical Directive Card” foforo ama wɔn ho ne “Identity Card” foforo ama wɔn mma nkumaa no mu biara.

      ◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu December 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a moakenkan sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.

      ◼ Yɛbɛyɛ 2001 Nkaedi no Kwasida, April 8, bere a owia akɔtɔ.

      ◼ Nhoma Foforo a Aba:

      Hellfire—Is It Part of Divine Justice? (Kratawa a Ɛto so 74)—Arabic

      The Guidance of God—Our Way to Paradise—Arabic

      ◼ Nhoma Ahorow a Ebi Aba Bio:

      Nnwom Nhoma Akɛse—Twi

      Nnwom Nhoma Nketewa—Twi

      Nnwom Nhoma Nketewa—Engiresi

      Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn—Twi

      Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn—Ewe

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2000
    Ahenni Som—1999 | December
    • Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2000

      1 Teokrase Ɔsom Sukuu no ama Yehowa nkurɔfo anya nhyira pii. Aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔatumi abɛyɛ Bible mu nokware ahorow no ho akasafo ne akyerɛkyerɛfo wɔ baguam wɔ bɛboro mfe 50 ni. (Dw. 145:10-12; Mat. 28:19, 20) So wutumi hu sɛnea sukuu no aboa wo no? Sɛ wode wo ho hyem kosi ase na wode afotu a wɔde ma no di dwuma a, ebetumi akɔ so aboa wo wɔ afe 2000 mu.

      2 Wɔde dwumadi no ho akwankyerɛ ne nhoma ahorow a yɛde bedi dwuma no ama wɔ sukuu dwumadi nhyehyɛe ma afe 2000 no kratafa a edi kan no mu. Wɔde bere a wɔatwa ama ɔfã biara, nhoma a nsɛm no fi mu, sɛnea yɛde dwumadi no bɛma, ne nkyerɛkyerɛmu afoforo nso ama. Yɛsrɛ sɛ gye bere kenkan akwankyerɛ no yiye na fa di dwuma.

      3 Dapɛn Biara Bible Akenkan: Dapɛn biara Bible akenkan dwumadi ahorow abien na ɛwɔ sukuu dwumadi nhyehyɛe no so. Biako yɛ akenkan nhyehyɛe a ɛfa Bible no nkratafa bɛyɛ anum ho no. Bible mu nsɛntitiriw no gyina saa akenkan yi so. Akenkan dwumadi foforo no yɛ nea wɔde aka ho, na ekura nsɛm a ɛbɛyɛ nea edi kan no mmɔho abien. Sɛ wudi nhyehyɛe yi akyi a, wubetumi de mfe abiɛsa akenkan Bible mũ no nyinaa awie. Yenim sɛ ebinom bɛpɛ sɛ wɔkenkan nea ɛdɔɔso sen nhyehyɛe foforo a wɔayɛ de aka ho no, na ebia afoforo nso ntumi nkenkan ne nyinaa. Sɛ anka wode wo ho bɛtoto afoforo ho no, ma w’ani nnye nea wubetumi akenkan no ho mmom. (Gal. 6:4) Nea ɛho hia ne sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da.—Dw. 1:1-3.

      4 Sɛ wobɛkyerɛw wo din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a, ɛsɛ sɛ wo ne sukuu sohwɛfo no ka ho asɛm. Yɛsrɛ sɛ ntoto wo dwumadi ahorow ase koraa, na ntwitwam basabasa. Kyerɛ sukuu no ho anisɔ sɛ nsiesiei a efi Yehowa hɔ. Siesie wo ho yiye, kenkan asɛm a wɔde ama no fefeefe, na fi komam ka na ama woanya sukuu a ɛda nsow yi so mfaso.

  • August Ɔsom Akontaabu
    Ahenni Som—1999 | December
    • August Ɔsom Akontaabu

      Nnɔn. Nsɛm. San. BA

      Dodow: Nky. Nky. Nky. Nky.

      Akw. Tit. 139 135.8 8.6 77.2 13.6

      Akw. 4,038 62.6 6.0 34.5 7.0

      Akw.Abf. 1,962 51.8 4.6 23.0 5.2

      Adwf. 55,037 12.4 1.0 5.8 1.7

      NKABOM 61,176 Asubɔfo: 242

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena