Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Wunim?
    Nyan!—1998 | October 8
    • [Kratafa 25 adaka]

      Nsɛmmisa no Ho Mmuae

      1. Tiberia Po

      2. Besor subɔn ho

      3. Siwabiri

      4. “Fɛre ne ahodaso”

      5. ‘Ɛsɛ sɛ ɔde fitii fiti n’asom’

      6. Teman

      7. Ngodua

      8. “Ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.”

      9. Taw

      10. Wobetwa so aba sɛnea ɛsɛ

      11. Ɔbɛdome Yehowa

      12. Ɛbɛporɔw

      13. Baakron

      14. Wɔteɛɛm

      15. Ná wobetumi afa mma no, na wɔagyaa ɛna no

      16. Ná wɔyɛ Yehowa adamfo “Abraham asefo”

      17. Baason

      18. Ɔhyew afɔre

      19. Ɛsɛ sɛ obi de n’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na ogye di sɛ Onyankopɔn nyanee Yesu fii awufo mu

      20. Mfe ason

      21. Ná wotwitwa ne nsa ne ne nan kokurobeti

      22. Wɔ adaka a wɔde ɔkanto nnua yɛe no mu

      23. Asomafo no Nnwuma

      24. Rode

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi De M’adwene Asi Nneɛma So?
    Nyan!—1998 | October 8
    • Ɛnde, so ɛsɛ sɛ woka sɛ ɛyɛ bere sɛe sɛ wode w’adwene besi biribi so? Ɛnte saa ankasa. Sɛnea sukuufo yɛ wɔn ade no betumi asum akyerɛkyerɛfo pii afiri. Abofra bi a wadu ne mpanyin afe so a wɔfrɛ no Collin kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obiara ntie akyerɛkyerɛfo no, enti akyerɛkyerɛfo no susuw sɛ obiara mpɛ sɛ osua ade. Enti wɔmma ahoɔden ne anigye mma adekyerɛ no mu.”

      Sɛ́ wugye di anaasɛ wunnye nni no, ebia wubetumi aboa asiw saa ade yi ano. Ɔkwan bɛn so? Denam aso a wobɛyɛ so. Nea ehia na ama ɔkyerɛkyerɛfo a n’ani ahaw asan anya n’adwuma ho anigye bio ne sukuuni biako pɛ a ɔkyerɛ anigye. Nokwarem no, akyerɛkyerɛfo bi nni ahokokwaw a ɛbɛma wɔn sukuufo ani agye. Nanso ansa na wobɛma kwan ma w’adwene afi ase akyinkyin no, bisa wo ho sɛ, ‘So onim nea ɔreka ho asɛm no?’ Sɛ saa a, yɛ w’adwene sɛ wubesua biribi afi ne hɔ. Tie no yiye—fa w’adwene si nneɛma so! Nya kyɛfa wɔ nsɛm a wosusuw ho wɔ sukuu dan mu no mu. Bisa nsɛm a ɛfa nea moresua no ho. How to Study in High School nhoma no ka sɛ: “Sukuufo pii hu mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛyeyɛ mfonini, akyerɛkyerɛw nsɛmfua, ahyehyɛ akontaabu pon, akyerɛkyerɛw nsɛm asekyerɛ, ne nsɛntitiriw a ɔkyerɛkyerɛfo no kyerɛw gu adesua pon so anaasɛ osi so dua no.”

      So a Yebeso ‘Nea Yɛte Mu Ma Aboro So’

      Nanso, ɛdefa nneɛma a wubetie wɔ Kristofo nhyiam horow ase ho no, wubetumi anya mfaso pii anaasɛ wubetumi ahwere pii. Jesse gye tom sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a mmofra nyɛ aso mma nneɛma te sɛ nhyiam ahorow efisɛ wonhu hia a nhyiam ho hia.” Wɔhyɛ yɛn wɔ Hebrifo 2:1 sɛ ‘yenso nneɛma a yɛate no mu ma ɛmmoro so, na yɛansiane ho da bi.’ Sɛ wopɔn fi asafo nhyiam ase a, so wubetumi akae biribi afi nea wɔkae no mu biara mu? Anaasɛ ɛtɔ mmere bi a, wuhu sɛ wuntumi nkae wɔn a wonyaa dwumadi no mu kyɛfa mpo?

      Bio no, asɛm no ara ne sɛ wubehu hia a nea woresua no ho hia. Wiɛ, wo nkwa ho asɛm wom ankasa! (Yohane 17:3) Ade foforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho ni: Sɛ woresua Bible ho ade a, na woresua sɛ wubesusuw nneɛma ho te sɛ Onyankopɔn ankasa! (Yesaia 55:8, 9) Na sɛ wode nea wusua no di dwuma a, na worehyɛ nea Bible frɛ no “nipasu foforo” no. (Kolosefo 3:9, 10, NW) Nanso, sɛ woamfa w’adwene ansi nneɛma so a, ebia worennya nkɔso a ehia wɔ w’asetra mu no; wubesiw w’ankasa honhom fam nkɔso kwan. Yehowa nim sɛ ɛtɔ mmere bi a nneɛma twetwe yɛn mu biara adwene. Enti ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Múntie me ɛ . . . Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nnya nkwa.”—Yesaia 55:2, 3.

      Sɛnea Yenya Nhyiam Ahorow Mu Mfaso Pii

      Sɛ saa mpo a, nsɛm a wubetie no yiye wɔ nhyiam ase no betumi ayɛ den mfiase no. Nanso nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ dodow a yɛde yɛn adwene si nneɛma so no, dodow no ara na yɛn amemene tumi kyere nsɛm. Matthew a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no dii ne su a ɛne sɛ n’adwene bekyinkyin bere a nhyiam rekɔ so no so. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ ɛsɛ sɛ meteɛ me ho so na mede m’adwene si nneɛma so. Bere bi akyi no, nneɛma yɛ yiye na wutumi de w’adwene si nneɛma so kyɛ.” Matthew san kyerɛ ade titiriw biako a ɛsen biara a ɛma n’ani gye nhyiam horow ho no. Ɔka sɛ: “Midi kan sua ade no.” Saa ara na abofra bi a wɔfrɛ no Charese ka sɛ: “Sɛ misiesie me ho a, mete nka kɛse sɛ mewɔ nhyiam no ase ankasa. Mede m’adwene si ɔkasa ahorow no so yiye, na misua nneɛma pii fi mu.”

      Nsusuwii a ɛtwetwe adwene a wubesiw no kwan nso ho hia. Ampa, ebia na nneɛma pii a ɛfata sɛ ɛhaw wo wɔ w’adwene mu: saa sɔhwɛ a ɛreba so dapɛn a edi hɔ no, obi a wo ne n’ani nhyia ho adwennwen, ɛka bi a worebetua. Nanso Yesu de afotu yi mae sɛ: “Mo mu hena na odwinnwen a, obetumi de basafa biako ato ne tenten so? Enti munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.” (Mateo 6:27, 34) Adwene a wode besi asafo nhyiam ahorow so no remma wo haw ahorow no mfi hɔ, nanso ɛbɛboa ma woatu mpɔn wɔ honhom fam sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi agyina ɔhaw ahorow ano yiye.—Fa toto 2 Korintofo 4:16 ho.

      Nsɛm a wubetie no yiye nso betumi aboa wo ma wode w’adwene asi nneɛma so. Matthew ka sɛ: “Mebɔ mmɔden susuw nneɛma a ɔkasafo no bɛka ho asɛm wɔ ɔkasa no mu ho na afei mehwɛ sɛnea ɔbɛka no.” Bisa wo ho sɛ, ‘Nsɛntitiriw bɛn na yɛresusuw ho? Mɛyɛ dɛn atumi de nea wɔrekyerɛ no adi dwuma?’ Nea edi hɔ a ɔkasafo no bɛka kwan a wobɛhwɛ nso bɛboa wo ma wode w’adwene asi nea ɔreka no so. Bɔ mmɔden sɛ wubedi nea ɔreka ho asɛm no akyi. Hyɛ Kyerɛwnsɛm a ɔde di dwuma no nsow. Susuw ne nsɛntitiriw no ho na bɔ no mua. Kyerɛkyerɛw nneɛma nketenkete bi a mfaso wɔ so. Sɛ ɔfã bi hwehwɛ sɛ atiefo nya mu kyɛfa a, fa wo ho hyem! Saa a wobɛyɛ no betumi aboa wo ma wode w’adwene asi nea ɔreka no so na ankyinkyin.

      Nokwarem no, asɛm a wotie no betumi ayɛ asɛnnennen bere a ɔkasafo pɔtee bi kasa mu nyɛ hyew na ɛyɛ nyaa no. Kae nea afeha a edi kan mu Kristofo bi ka faa sɛnea na wobu ɔsomafo Paulo kasa no ho: “Ne nipadua wɔ hɔ a, ɛyɛ mmerɛw, na ɔkasa a, wɔmfa nyɛ hwee.” (2 Korintofo 10:10) Nanso Paulo buaa ɔkasatia a ɛte saa denam eyi a ɔkae so: “Sɛ meyɛ atetekwaa ɔkasa mu mpo a, menyɛ no nimdeɛ mu.” (2 Korintofo 11:6) Yiw, sɛ Paulo atiefo no hwɛ boroo ne kasa na wɔde adwene sii aba a ɛwɔ nea ɔka no mu so a, anka wobetumi asua “Onyankopɔn ade a emu dɔ no” pii. (1 Korintofo 2:10) Wɔ ɔkwan a ɛte saa so no, wubetumi asua biribi afi ɔkasafo a ɔyɛ ‘nyaa’ no hɔ, bere a wode w’adwene si nea ɔreka so na wutie no. Hena na onim? Ebi mpo a na ɔbɛka biribi soronko ho asɛm anaa ɔde kyerɛwsɛm bi bedi dwuma wɔ ɔkwan bi a wunsusuw ho saa da so.

      Yesu nsɛm a ɛwɔ Luka 8:18 bɔ nneɛma mua ma ɛfata sɛ: “Monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa.” Nokwarem no, sua a wubesua sɛ wode w’adwene besi nneɛma so—na womma enkyinkyin no—begye bere ne mmɔdenbɔ. Nanso bere a ɛsɛ mu no, wubetwa so aba pa. Sua a wubesua sɛ wode w’adwene besi nneɛma so no betumi ama wo sukuu mu mmɔdenbɔ anya nkɔanim, na nea ehia sen saa no, wubenyin wɔ honhom fam!

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena