Ahenni Asa A Ɛho Abehia Sɛ Wosisi Ma Aman A Wɔn Ho Nso
1 Wɔ Memeneda, October 21, 2000 no, wohyiraa Suhum New Town Asafo no Ahenni Asa foforo no so. Nnipa 610 a wohyiaam no ani gyee yiye bere a wotiee asa fɛfɛ a wɔahyira so ama Yehowa no ho nsɛm a ɛfata no. Dɛn na na ɛda nsow wɔ saa asa yi ho? Sɛ nnwuma nketenkete a wɔyɛɛ wɔ ho no da kyɛn a, wɔde adapɛn abiɛsa pɛ na esii asa no ankasa wiei!
2 Eyi ne Ahenni Asa a edi kan a Ahenni Asa Dwumadibea a wɔhyehyɛe wɔ baa dwumadibea wɔ February 2000 mu no ahwɛ ama wɔasi. Kan no, na Ɔmantam Adansi Boayikuw no na wɔhwɛ ma wosisi Ahenni Asa wɔ ɔman yi. Dɛn nti na nhyehyɛe foforo yi ho behiae?
3 Nea Enti a Ɛho Abehia: Wɔ 1998 mu no, nhwehwɛmu bi a Sodikuw no yɛe wɔ wiase nyinaa daa no adi sɛ ɛho hia kɛse sɛ wosisi asa 9,000 wɔ aman 40 mu, a Ghana ka ho. Saa dodow yi duu 11,000 wɔ 2000 afe no mu. Wobehui sɛ Ɔmantam Adansi Boayikuw nhyehyɛe a ɛhwɛ Ahenni Asa si so no ntumi nni asa pii a ehia wɔ aman a wɔn ho nso mu no ho dwuma. Nea enti a aba saa ne nneɛma bi a wonni—sika, adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw, nnwinnade, ne akwantu nhyehyɛe a eye.
4 Sɛ nhwɛso no, efi May 1996 kosi February 2000 no, Ahenni Asa 13 na Ɔmantam Adansi Boayikuw no boa ma wosisii. Saa bere no ara no, asafo foforo 237 na wɔtee! Ɛwom sɛ saa anuanom yi a wotuu wɔn ho mae na wosisii adan ahorow yi no bɔɔ mmɔden kɛse de, nanso sɛ yebetumi adi ɔhaw no ho dwuma a, ɛho hia sɛ yesisi Ahenni Asa abiɛsa dapɛn biara wɔ mfe anum a edi hɔ no mu!
5 Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛadi ahiade titiriw yi ho dwuma no, wɔ nhyehyɛe foforo yi mu no, wɔde adansi nhyehyɛe a ɛfata a ɛma wotumi sisi Ahenni Asa a ɛnkyere so nanso edi mu na edi dwuma. Sɛ nhwɛso no, Awoshie East Ahenni Asa a ɛwɔ Accra, a adansifo kuw bi siesiei no gyee adapɛn anum pɛ, ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wobubu ɔdan dedaw no fã kɛse no ara gu na wosi no foforo de.
6 Yesusuw sɛ sɛ yenya adansifo akuw foforo a, ɛbɛma Ahenni Asa a wosisi wɔ ɔman yi mu no anya nkɔanim ntɛmntɛm. Nea ɛbɛyɛ na yɛadu botae yi ho no, yɛhyɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ adansi nnwuma mu nimdeɛ no nkuran sɛ wɔmfa mpaebɔ nsusuw wɔn tebea no ho na wontu wɔn ho mma mfa mmoa Ahenni Asa ntrɛwmu adwuma no. Wubetumi atu wo ho ama denam A-25 akwammisa kratasin a wubegye afi w’asafo mu kyerɛwfo hɔ ahyehyɛ no so. Nhyehyɛe foforo yi te dɛn?
7 Ɛho Nhyehyɛe: Wɔ Sodikuw no Guamtrafo Boayikuw no akwankyerɛ ase no, Adansi Nhyehyɛe Boayikuw no hwɛ Ahenni Asa a wosisi ma aman a wɔn ho nso no so. Amantam Ahenni Asa Dwumadibea no nam Ahenni Asa Dwumadibea a wɔatetew wɔ baa dwumadibea biara no so de Ahenni Asa Adansifo Akuw a anuanom a wɔwɔ nnwuma bi mu nimdeɛ na wɔwom no di dwuma boa ɔman no mu asafo ahorow ma wosisi Ahenni Asa a ɛnkyere so nanso edi mu.
8 Wɔ Afrika aman no fam no, Amantam Ahenni Asa Dwumadibea a ɛwɔ South Africa no soma Ahenni Asa So ahwɛfo ma wɔkɔsra baa dwumadibea biara bere ne bere mu kɔhwɛ Ahenni Asa ho nsɛm.
9 Adansi Mu Nimdeɛ Adwumayɛbea a ɛhyɛ Amantam Ahenni Asa Dwumadibea ase no yɛ Ahenni Asa a ɛho ka wɔ fam nanso edi mu ho mfonini. Mfe pii suahu a wɔanya wɔ wiase nyinaa teokrase adansi ahorow mu so na wogyina yɛ saa mfonini yi.
10 Ahenni Asa Adansifo Kuw biara mufo yɛ nnipa a wɔatu wɔn ho ama a wɔn ho akokwaw bere tenten anaa bere tiaa mu a wɔapene wɔn so ma wɔde wɔn bere nyinaa sisi Ahenni Asa, na wɔyɛ adwuma wɔ Ahenni Asa Dwumadibea a ɛwɔ baa dwumadibea no akwankyerɛ ase. Kuw biara wɔ ɔpanyin ne n’abadiakyiri a wɔhwɛ adansi dwumadi no so.
11 Ɔkwan a Wɔfa So: Ahenni Asa Dwumadibea yi a ɛne Ɔsom Dwumadibea a ɛwɔ Betel no bom yɛ adwuma no hwɛ hu Ahenni Asa dodow a ehia sɛ wosisi ne dodow a ehia sɛ wosiesie. Wogyina asafo foforo a wɔtew no afe biara no so hu Ahenni Asa dodow a ɛho behia na yɛde adi adawurubɔfo nkɔanim ho dwuma no. Wodi kan de adwene si Asa ahorow a wɔahyɛ ase dedaw no so.
12 Ɛsɛ sɛ asafo biara a wɔpɛ sɛ wosi Ahenni Asa anaa wɔpɛ sɛ wowie nea wɔresi no bɔ Ahenni Asa Dwumadibea a ɛwɔ Betel no amanneɛ. Dwumadibea no ananmusifo ne asafo ahorow a wɔresi Asa no mu mpanyimfo di kan yɛ nhyiam. Wosusuw ho hu asafo no ahiade ne nneɛma a ebehia na ama Asafo ti no aboa wɔn ma wɔasiesie ɔdan bi anaasɛ wɔanya asase a wobesi so asa foforo wɔ saa nhyiam yi ase.
13 Wosusuw nhyehyɛe a ɛne sɛ wɔde Ahenni Asa Adansifo Kuw no bedi dwuma aboa asi Ahenni Asa no kosi bere a wobehyira so no ho fefeefe. Wosusuw ɔkwan a wɔbɛfa so anya asase na wɔafa mmara kwan so de asafo no din ato so nso ho wɔ saa nhyiam yi ase.
14 Sikasɛm: Ɛdenam nhwehwɛmu a Asafo ti no ayɛ so no, wobu akontaa sɛ ɛsɛ sɛ wosisi Ahenni Asa 750 wɔ Ghana ha wɔ mfe anum a edi hɔ no mu. Emu biara ho ka bɛyɛ ₵140,000,000 ($20,000), na ne nyinaa ho ka besi ₵105,000,000,000 ($15,000,000) wɔ mfe anum a edi hɔ no mu.
15 Saa akontaabu yi yɛ ɔman biako, Ghana, nkutoo de. Ɛda adi sɛ eyi ma yɛn nyinaa hu hia a ehia sɛ yeyi ntoboa daa de boa ɔman yi mu Ahenni Asa si ne Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no.−Mat. 24:14.
16 Wɔ adwuma biara ho no, yebetumi asusuw akwan a yɛbɛfa so anya sika ho, te sɛ ntoboa a ankorankoro beyi no tẽẽ, kyerɛ a yɛbɛma adawurubɔfo akyerɛ nea wobetumi ayi de aboa ɔsram biara, ne asafo no agyapade dedaw bi a yɛbɛtɔn anaa bosea a yebegye.
17 Atuhoamafo: Wɔ Ahenni Asa a wosisi wɔ aman a wɔn ho nso mu nhyehyɛe no mu no, atuhoamafo a wohia wɔn no gu ahorow abiɛsa. Ahenni Asa Adansifo a Wɔatu Wɔn Ho Ama no yɛ nkurɔfo a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ bi, na wotu wɔn ho ma bere tiaa bi bere a wɔne Ahenni Asa Adansifo Akuw a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma no bom yɛ adwuma wɔ asafo bi a ɛwɔ asasesin foforo mu Ahenni Asa si ho no. Saa anuanom mmarima ne mmea yi som adapɛn abien kosi asram abiɛsa. Sɛ ɛho behia a, wɔma wɔn sika kakra ma wɔde tua wɔn kar, dabere ne aduan, ho ka bere a wɔreyɛ adwuma no.
18 Ahenni Asa Si Ho Asomfo yɛ anuanom a wɔatete wɔn sɛ wɔne Ahenni Asa Adansifo Kuw no mmom nsom bere tenten wɔ wɔn man mu. Sodikuw no Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw no na wɔpaw wɔn, na wɔma wɔn sika kakra te sɛ nea wɔde ma Betel abusua no ara. Wɔn a wɔpaw wɔn sɛ Ahenni Asa Si Ho Asomfo no wɔ adansi ho nimdeɛ te sɛ adansi ankasa, dua dwumfo adwuma, durubɛn ho adwuma, anyinam nkanea ho adwuma, ne dan ho ka.
19 Kuw a ɛto so abiɛsa no yɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo bi mu, a wɔwɔ adwuma bi mu nimdeɛ anaasɛ wonni bi, a wotu wɔn ho ma de boa Ahenni Asa a wɔresi wɔ wɔn ankasa asasesin mu no. Bere a ebinom tumi tu wɔn ho ma dahunu no, dodow no ara de dapɛn awiei a wɔmfa nkɔ adwuma no boa dwumadi a ɛte saa.
20 Ɛyɛ Hena Asɛyɛde? Asafo ti no wɔ ɔpɛ sɛ ɛde mmoa biara bɛma ma asafo ahorow no anya mmeae a ɛfata a wɔbɛsom denam Ahenni Asa Dwumadibea a ɛwɔ baa dwumadibea no so. Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ yenya adwene bere nyinaa sɛ Ahenni Asa a wosi no yɛ asafo bi asɛyɛde. Enti ɛyɛ asafo mu dawurubɔfo biara asɛyɛde sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi nyinaa de aboa Ahenni Asa a wosi no. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa fi yɛn pɛ mu boa siesie asa no na ama afata asɛmpa a yɛka wɔ yɛn mpɔtam hɔ no.
21 Ɛsɛ sɛ yesiesie Ahenni Asa no daa bere a wɔawie no na ama yɛatumi de adi dwuma bere tenten. Ne saa nti, ɛho hia sɛ afe biara yesiesie. Sɛ asa no a yebedi no ni ne ka a yɛbɛka ho foforo da nkyɛn a, nneɛma a yɛbɛhwɛ asiesie no bi ne baabi a atɔ kyima a yebesiesie, nnwinnade a anyinam ahoɔden fa mu ne durubɛn, ne nnwinnade a ɛma dan no mu yɛ nwini a yebesiesie, nhwiren ne dan no ho ban a yebesiesie.
22 Bere a Yehowa kɔ so ma Yesaia 60:22 nya mmamu na ‘nea osua koraa dan apem’ no, momma yɛn nyinaa nkɔ so nyɛ adwumaden, na yɛmma yɛn apon ano nna hɔ daa mma amanaman nyinaa “ade a wɔpɛ” no. (Yes. 60:11; Hag. 2:7) Nea ɛne Dwom 110:3 hyia no, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa befi yɛn pɛ mu atu yɛn ho ama de ayɛ Yehowa adwuma wɔ awiei bere yi mu.
[Kratafa 4 mfonini]
Awoshie East Ahenni Asa a wɔresi no foforo
Awoshie East Ahenni Asa a wɔasi awie
[Kratafa 5 mfonini]
Tema Community 5 Ahenni Asa a wɔresi no foforo
[Kratafa 6 mfonini]
Suhum New Town Ahenni Asa a wɔresi
a wɔasi awie