-
So Ɛyɛ Bible Ɔkyerɛkyerɛ Pefee?So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
-
-
sɛ ansa na afeha a ɛto so 4 reba awiei no, na enni Kristofo asetra ne gyidi mu. . . . Wɔ Asɔre Agyanom no mu no, na biribiara nni hɔ a ɛbɛn adwene anaa nsusuwii a ɛte saa no ho kakra biara mpo.”—New Catholic Encyclopedia.
Nea Agyanom a Wɔtraa Ase Ansa na Wɔreyɛ Nicaea Nhyiam no Kyerɛkyerɛe
NA WOBU Agyanom a wɔtraa ase ansa na wɔreyɛ Nicaea nhyiam no sɛ nyamesom akyerɛkyerɛfo atitiriw wɔ Kristo awo akyi mfehaha no mfiase. Nea wɔkyerɛkyerɛe no yɛ anigye.
Justin Martyr a owui bɛyɛ 165 Y.B. mu no frɛɛ Yesu a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no sɛ ɔbɔfo a wɔbɔɔ no na “ɔnyɛ Onyankopɔn a ɔyɛɛ ade nyinaa no.” Ɔkae sɛ na Yesu ba fam sen Onyankopɔn na “wanyɛ biribiara gye sɛ nea Ɔbɔadeɛ no . . . pɛ sɛ ɔyɛ na ɔka.”
Irenaeus a owui bɛyɛ 200 Y.B. mu no kae sɛ na ɛsono Yesu a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no wɔ Onyankopɔn ho na na ɔba fam sen no. Ɔkyerɛe sɛ Yesu ne “nokware Nyankopɔn Biako pɛ” a ɔyɛ “ade nyinaa so pumpuni a n’akyi no obi foforo biara nni hɔ” no nyɛ pɛ.
Clement a ofi Alexandria a owui bɛyɛ 215 Y.B. mu no frɛɛ Onyankopɔn sɛ “nokware Nyankopɔn koro pɛ a wɔammɔ no na ontumi nwu.” Ɔkae sɛ Ɔba no “di Agya a ɔno nkutoo na ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ no akyi” na mmom ɔne no nyɛ pɛ.
Tertullian a owui bɛyɛ 230 Y.B. mu no kyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn korɔn. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ Agya no ne Ɔba (a ɔyɛ obi foforo) no, efisɛ ɔyɛ kɛse; efisɛ ɛsono obi a ɔwo ɔfoforo no wɔ nea ɔwo no no ho; obi a wɔsoma no yɛ soronko wɔ nea ɔsoma no no ho.” Ɔkae nso sɛ: “Bere bi bae a na Ɔba no nni hɔ. . . . Ansa na nneɛma nyinaa bɛba no, Onyankopɔn nkutoo na na ɔwɔ hɔ.”
Hippolytus a owui bɛyɛ 235 Y.B. mu no kae sɛ Onyankopɔn yɛ “Onyankopɔn biako, Nea odi kan na ɔno nkutoo na ɔwɔ hɔ, nnipa nyinaa Yɛfo ne wɔn Awurade” a “obiara ne no nyɛ pɛ [wɔ mfe mu] . . . Na mmom na ɔyɛ biako, ɔno nkutoo na ɔwɔ hɔ; ɔpɛ nti, ɔde wɔn a wonni baabiara baa asetra mu,” te sɛ Yesu a wɔbɔɔ no na ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no.
Origen a owui bɛyɛ 250 Y.B. mu no kae sɛ “Agya no ne Ɔba no yɛ nneɛma ahorow abien . . . nneɛma abien wɔ wɔn su mu,” ne sɛ “sɛ wɔde [Ɔba no] toto Agya no ho a, ɔyɛ hann ketewaa bi koraa.”
Alvan Lamson rebɔ abakɔsɛm mu adanse no mua no, ɔkae wɔ The Church of the First Three Centuries no mu sɛ: “Nnɛyi Baasakoro kyerɛkyerɛ a agye din no nni akyigyina biara wɔ Justin [Matyr] kasa mu: na yebetumi atrɛw eyi a yɛka no mu ma aka Agyanom a wɔtraa ase ansa na wɔreyɛ Nicaea nhyiam no nyinaa; kyerɛ sɛ, Kristofo akyerɛwfo a wɔtraa ase Kristo awo akyi mfeha abiɛsa nyinaa ka ho. Ɛyɛ nokware sɛ wɔka Agya, Ɔba, ne . . . honhom kronkron ho asɛm, nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ pɛ, ɛnyɛ sɛ wɔyɛ biako wɔ dodow mu, ɛnyɛ Baasa a wɔka bom yɛ Biako, ɛnyɛ sɛnea Baasakorofo gye tom nnɛ no mu biara mu. Nea ɛne no bɔ abira mmom na ɛyɛ nokwasɛm no.”
Enti, Bible no mu adanse ne abakɔsɛm ma emu da hɔ pefee sɛ na wonnim Baasakoro wɔ Bible mmere mu ne ɛno akyi mfehaha pii.
-
-
Ɔkwan Bɛn so na Baasakoro Kyerɛkyerɛ no Bae?So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
-
-
Ɔkwan Bɛn so na Baasakoro Kyerɛkyerɛ no Bae?
ƐDE BESI ha no, ebia wubebisa sɛ: ‘Sɛ Baasakoro no nyɛ Bible kyerɛkyerɛ de a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛɛ Kristoman kyerɛkyerɛ?’ Pii susuw sɛ wɔhyehyɛe wɔ Nicaea Bagua no ase wɔ 325 Y.B. mu.
Nanso, eyi nyɛ nokware nwie. Nicaea Bagua no gye toom ampa sɛ na Kristo su te sɛ Onyankopɔn, a ɛno ne nea ɛtoo nhyɛase maa Baasakoro nyamekyerɛ akyiri yi no. Nanso amfa Baasakoro ansi hɔ efisɛ saa nhyiam no ase no, wɔanka honhom kronkron no ho asɛm biara sɛ onipa a ɔto so abiɛsa wɔ baasakoro Nyamesu bi mu.
-