Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔkwan Bɛn so na Baasakoro Kyerɛkyerɛ no Bae?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
    • mu, na yɛahu ne fibea, ɛnyɛ Kristofo adiyi mu, na mmom wɔ Plato nyansapɛ mu . . . Baasakoro nyɛ Kristo ne n’Asomafo no kyerɛkyerɛ, na mmom ɛyɛ Plato akyidifo a wɔbae akyiri yi ayɛsɛm a wɔbɔɔ wɔn tirim kae.”

      Enti, afeha a ɛto so anan Y.B. mu no, ɔwae a Yesu ne n’asomafo no ka siei no nyinii. Na Baasakoro a ɛbae no yɛ eyi ho adanse biako pɛ. Asɔre ahorow a wɔawae no fii ase gyee abosonsom nsusuwii afoforo toom, te sɛ hellgya, ɔkra a enwu, ne ahonisom. Sɛ yɛbɛka no honhom mu kwan so a, na Kristoman ahyɛn sum mmere a wɔka siei no mu, a na asɔfokuw “onipa a onni mmara” a ɛrenyin no di so tumi.—2 Tesalonikafo 2:3, 7.

      Dɛn Nti na Onyankopɔn Adiyifo Ankyerɛkyerɛ?

      DƐN nti na wɔ mfe mpempem pii mu no, Onyankopɔn adiyifo no mu biara ankyerɛkyerɛ ne nkurɔfo Baasakoro no? Anyɛ yiye koraa no, so anka Yesu remfa ne tumi sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nni dwuma mma Baasakoro no mu nna hɔ pefee mma n’akyidifo? Sɛ Baasakoro no ne gyidi “nkyerɛkyerɛ titiriw” a, so anka Onyankopɔn de honhom bɛka nkurɔfo ma wɔakyerɛw Kyerɛwnsɛm nkratafa ɔhaha pii nanso ɔremfa nkyerɛkyerɛ yi mu biara nni dwuma mfa nkyerɛkyerɛ mu anaa?

      So ɛsɛ sɛ Kristofo gye di sɛ Kristo akyi mfehaha pii ne bere a Onyankopɔn de honhom aka nkurɔfo ma wɔakyerɛw Bible no akyi no, obegyina nkyerɛkyerɛ bi a na ne nkoa nnim mfe mpempem pii, nea ɛyɛ “ahintasɛm a wontumi mpɛɛpɛe mu” “nnipa ntumi nte ase,” nea wogye tom sɛ efi abosonsom mu a na “ɛyɛ asɔre mu amansɛm titiriw” a wɔhyehyɛ no akyi?

      Abakɔsɛm mu adanse no mu da hɔ fann: Baasakoro kyerɛkyerɛ no yɛ nokware ho a wɔman fi, wae a wɔwae fi ho.

  • Dɛn na Bible no Ka Wɔ Onyankopɔn ne Yesu Ho?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
    • Dɛn na Bible no Ka Wɔ Onyankopɔn ne Yesu Ho?

      SƐ NKURƆFO kenkan Bible no fi mfiase kosi awiei bere a wonni Baasakoro no ho adwene biara a wɔadi kan anya dedaw a, so anka wɔn ankasa benya nsusuwii a ɛte saa? Dabida.

      Nea emu da hɔ fann ma ɔkenkanfo a onni adwenkyea biara no ne sɛ Onyankopɔn nkutoo ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Ɔbɔadeɛ, ɔne obiara mmom biako na ɛsono no wɔ ɔfoforo biara ho, ne sɛ Yesu nso ne obiara mmom biako na ɛsono no, wɔ n’asetra ansa na ɔbɛyɛ ɔdesani no mpo mu, obi a wɔbɔɔ no na ɔhyɛ Onyankopɔn ase.

      Onyankopɔn Yɛ Koro, Ɔnyɛ Baasa

      WƆFRƐ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ koro no sɛ monotheism wɔ Borɔfo mu. Na L. L. Paine a ɔyɛ asɔre nsɛm ho abakɔsɛm mu ɔbenfo no da no adi sɛ Onyankopɔn biako pɛ a ɔwɔ hɔ ho adwene no kronnyɛ mma Baasakoro biara ho kwan: “Apam Dedaw no kura Onyankopɔn biako pɛ ho adwene mu pintinn. Onyankopɔn yɛ obi ankasa a ɔyɛ koro. Adwene a ɛne sɛ wobehu baasakoro wɔ hɔ no . . . yɛ nea enni nnyinaso koraa.”

      So nsakrae bi baa Onyankopɔn biako adwene no mu bere a Yesu baa asase so no akyi? Paine bua sɛ: “Nsonsonoe biara nni Apam Dedaw no ne Foforo no ntam wɔ saa asɛm yi ho. Onyankopɔn biako ho atetesɛm no kɔ so ara. Na Yesu yɛ Yudani a Yudafo awofo tetee no wɔ Apam Dedaw no kyerɛw nsɛm mu. Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛ Yudafo de kosi ase; na ɛyɛ asɛmpa foforo ampa, nso na

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena