-
Dɛn na Bible no Ka Wɔ Onyankopɔn ne Yesu Ho?So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
-
-
Abraham abusuabɔ no ho asɛm? Hebrifo 11:17 ka Isak ho asɛm sɛ ɔyɛ Abraham “ba a ɔwoo no koro.” Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ Isak fam no, wɔwoo no koro wɔ ntease no ankasa mu, na ɔne n’agya nyɛ pɛ wɔ bere anaa gyinabea mu.
Strong nhoma Exhaustive Concordance no kyerɛ sɛ Hela mfitiase asɛm ma “ɔwoo no koro” a wɔde dii dwuma maa Yesu ne Isak no ne mo·no·ge·nesʹ a efi moʹnos a ɛkyerɛ “koro” ne giʹno·mai, a ɛyɛ asɛm a asekyerɛ ne “sɛ wɔwo,” “sɛ wɔba (asetra mu)” no mu. Enti, wɔkyerɛ mo·no·ge·nesʹ ase sɛ: “Nea wɔwo ne nkutoo, nea wɔwo no koro, kyerɛ sɛ ɔba koro.”—A Greek and English Lexicon of the New Testament a E. Robinson kyerɛwee.
Theological Dictionary of the New Testament a Gerhard Kittel ne ne samufo no se: “[Mo·no·ge·nesʹ] kyerɛ ‘aseni koro pɛ,’ kyerɛ sɛ onni nuanom.” Saa nhoma yi kyerɛ nso sɛ wɔ Yohane 1:18; 3:16, 18; ne 1 Yohane 4:9 no, “ɛnyɛ nea wɔde Yesu abusuabɔ no toto ɔba koro bi ne n’agya de ho ara kwa. Ɛyɛ ɔba a wɔwoo no koro ne Agya no ntam abusuabɔ.”
Enti, Yesu a na ɔyɛ Ɔba a wɔwoo no koro no nyaa n’asetra mfiase. Na wobetumi afrɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ma afata sɛ Ɔwofo, anaa Agya, wɔ ntease koro no ara a asase so agya, te sɛ Abraham, wo ɔba no mu. (Hebrifo 11:17) Enti, bere a Bible no ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ Yesu “Agya” no, ɛkyerɛ nea ɛka no ara—sɛ wɔyɛ ankorankoro baanu a ɛsono obiara. Onyankopɔn ne panyin. Yesu ne akumaa—bere, gyinabea, tumi, ne nimdeɛ mu.
Sɛ obi susuw ho sɛ na ɛnyɛ Yesu nkutoo ne Onyankopɔn honhom mu ɔba a wɔbɔɔ no ɔsoro a, nea enti a wɔde asɛmfua ‘Ɔba a ɔwoo no koro’ no dii dwuma wɔ ne fam no mu da hɔ. Wɔfrɛ honhom abɔde afoforo a wonnim wɔn dodow, abɔfo no sɛ “Onyankopɔn mma” wɔ ntease koro no ara a enti na Adam yɛ ne ba no mu, efisɛ wɔn nkwa tumi fi Yehowa Nyankopɔn, nkwa Asuti anaasɛ Fibea no. (Hiob 38:7; Dwom 36:9; Luka 3:38) Nanso, wɔnam ‘Ɔba a ɔwoo no koro’ a ɔno nkutoo na Onyankopɔn woo no tee no so na ɛbɔɔ eyinom nyinaa.—Kolosefo 1:15-17.
So Wobuu Yesu Sɛ Ɔne Onyankopɔn?
BERE a wɔtaa frɛ Yesu Onyankopɔn Ba wɔ Bible mu no, obiara annwen ne ho da sɛ na ɔyɛ Ɔba Nyankopɔn wɔ afeha a edi kan no mu. Na adaemone a ‘wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako’ no fi nea na wonim wɔ honhom atrae no mu nim sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn. Enti, ɔkwan a ɛteɛ so no, wɔfrɛɛ Yesu sɛ “Onyankopɔn ba” a ɛsono no. (Yakobo 2:19; Mateo 8:29) Na bere a Yesu wui no, Romafo asraafo abosonsomfo a na wogyina ne nkyɛn no huu nea ɛdɔɔso a ɛma wɔkae sɛ ɛbɛyɛ sɛ nea na wɔate afi n’akyidifo hɔ no yɛ nokware, ɛnyɛ sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn, na mmom sɛ “ampa ara, Onyankopɔn Ba ni.”—Mateo 27:54, NW.
Enti, ɔkasamufã “Onyankopɔn Ba” no ka Yesu ho asɛm sɛ abɔde a ɔyɛ soronko, ɛnyɛ sɛ Baasakoro bi fã. Na sɛ Onyankopɔn Ba no, ɔrentumi nyɛ Onyankopɔn ankasa, efisɛ Yohane 1:18 se: “Obi nhuu Onyankopɔn pɛn.”
Asuafo no buu Yesu sɛ “Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafo koro,” ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn ankasa. (1 Timoteo 2:5) Esiane sɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu a ntamgyinafo yɛ soronko wɔ wɔn a wohia ntamgyina no ho nti, ɛbɛyɛ nea ɛne ne ho bɔ abira sɛ Yesu bɛsan ayɛ akuw a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛpata wɔn abom no mu biako no ara. Ɛno bɛyɛ nea ɔreyɛ ne ho biribi a ɔnte saa ankasa.
Bible no ma abusuabɔ a ɛda Onyankopɔn ne Yesu ntam no mu da hɔ fann na ɛmman mfi ho. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɔyɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ. Ɔbɔɔ Yesu a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no tee. Enti, na Yesu wɔ mfiase na ɔrentumi ne Onyankopɔn nyɛ pɛ da wɔ tumi ne wɔ a ɔwɔ hɔ daa no mu.
-
-
So Onyankopɔn Korɔn Sen Yesu Bere Nyinaa?So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
-
-
So Onyankopɔn Korɔn Sen Yesu Bere Nyinaa?
YESU anka da sɛ ɔne Onyankopɔn. Biribiara a ɔka faa n’ankasa ho no da no adi sɛ wansusuw ne ho da sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ ɔkwan biara so—ɛnyɛ tumi mu, ɛnyɛ nimdeɛ mu, ɛnyɛ mfe mu.
Wɔ n’asetra mu bere biara mu, sɛ ɛyɛ ɔsoro
-