Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Onyankopɔn Korɔn Sen Yesu Bere Nyinaa?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
    • yi so: “Ansa na awiei no di hɔ a [Yesu a ɔwɔ ɔsoro no] de ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa, . . . Ɛno na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.”—1 Korintofo 15:24, 28.

      Yesu Anka da sɛ Ɔne Onyankopɔn

      BIBLE no gyinabea yɛ nea emu da hɔ fann. Ɛnyɛ sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn Yehowa yɛ soronko wɔ Yesu ho nko na mmom Ɔkorɔn sen no bere nyinaa. Wɔka Yesu ho asɛm bere nyinaa sɛ ɛsono no na ɔba fam, Onyankopɔn akoa a ɔbrɛ ne ho ase. Enti na Bible no ka no fann sɛ “Kristo ti ne Nyankopɔn” sɛnea “ɔbarima biara ti ne Kristo” no ara no. (1 Korintofo 11:3) Na eyi nti na Yesu ankasa kae sɛ: “Agya no yɛ kɛse sen me” no.—Yohane 14:28; RS, Katolekfo de.

      Nokwasɛm no ne sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn na ɔnkaa saa da. Nhomanimfo pii gye eyi tom. Sɛnea Rylands Bulletin no kyerɛ no: “Ɛsɛ sɛ wogye nokwasɛm no tom sɛ nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ Apam Foforo no mu bɛyɛ mfe aduasa anaa aduanan a atwam no mu no ama Apam Foforo no mu nhomanimfo a wɔwɔ din pii de aba awiei sɛ ɛda adi sɛ Yesu . . . annye anni da sɛ n’ankasa ne Nyankopɔn.”

      Bulletin no ka afeha a edi kan Kristofo no ho asɛm nso sɛ: “Enti, bere a wɔde abodin ahorow a nidi wom te sɛ Kristo, onipa Ba, Onyankopɔn Ba ne Awurade frɛɛ Yesu no, na eyinom nyɛ akwan a wɔnam so ka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn, na mmom sɛ ɔyɛɛ Onyankopɔn adwuma.”

      Enti, nyamesom mu nhomanimfo binom mpo gye tom sɛ adwene a ɛne sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn no sɔre tia Bible no mu adanse nyinaa. Emu no, Onyankopɔn korɔn bere nyinaa, na Yesu yɛ akoa a ɔhyɛ n’ase.

  • Honhom Kronkron No—Onyankopɔn Adeyɛ Tumi
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
    • Honhom Kronkron No—Onyankopɔn Adeyɛ Tumi

      SƐNEA Baasakoro kyerɛkyerɛ no kyerɛ no, honhom kronkron no ne onipa a ɔto so abiɛsa wɔ Onyamesu no mu, ɔne Agya no ne Ɔba no yɛ pɛ. Sɛnea nhoma Our Orthodox Christian Faith ka no: “Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn wie.”

      Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua a wɔtaa de di dwuma ma “honhom” no ne ruʹach a ɛkyerɛ “ahome; mframa; honhom.” Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua no ne pneuʹma a ɛwɔ ntease a ɛte saa ara. So saa nsɛmfua yi da no adi sɛ honhom kronkron no yɛ Baasakoro bi fã?

      Adeyɛ Tumi

      SƐNEA Bible no de “honhom kronkron” di dwuma no da no adi sɛ ɛyɛ tumi a wotumi kyerɛ no kwan a Yehowa Nyankopɔn de yɛ adwuma de di n’atirimpɔw ahorow ho dwuma. Kosi baabi no, yebetumi de atoto anyinam ahoɔden a ɛyɛ tumi a wobetumi atwetwe ayɛ nnwuma ahorow ahorow pii no ho.

      Bible no kyerɛ wɔ Genesis 1:2, NW, sɛ na “Onyankopɔn adeyɛ tumi [“honhom” (Hebri, ruʹach )] di akɔneaba nsu no ani.” Ɛha no, Onyankopɔn honhom no ne n’adeyɛ tumi a na ɛreyɛ adwuma ama asase no ani ada hɔ.

      Onyankopɔn de ne honhom no di dwuma de ma wɔn a wɔsom no te nneɛma ase. Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom [ruʹach] pa no nnya me asase tee so.” (Dwom 143:10) Bere a wɔpaw mmarima 70 a wɔfata sɛ wɔmmoa Mose no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Na mede honhom [ruʹach] a ɛwɔ wo so no bi megu wɔn so.”—Numeri 11:17.

      Wɔkyerɛw Bible nkɔmhyɛ too hɔ bere a ‘honhom kronkron [Hela, efi pneuʹma mu] de Onyankopɔn nnipa no kɔe’ no. (2 Petro 1:20, 21) Saa kwan yi so na na Bible no yɛ nea ‘efi Onyankopɔn home mu,’ a Hela asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma no ne The·o΄pneu·stos, a ɛkyerɛ “nea Onyankopɔn ahome.” (2 Timoteo 3:16) Na honhom kronkron kyerɛɛ nnipa binom kwan ma wohuu anisoade anaasɛ wonyaa nkɔmhyɛ adaeso.—2 Samuel 23:2; Yoel 2:28, 29; Luka 1:67; Asomafo no Nnwuma 1:16; 2:32, 33.

      Honhom kronkron no na ɛhyɛɛ Yesu ma ɔkɔɔ sare so wɔ n’asubɔ no akyi. (Marko 1:12) Na honhom

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena