-
Honhom Kronkron No—Onyankopɔn Adeyɛ TumiSo Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
-
-
Enti, Yudafo anaa tete Kristofo no mu biara ammu honhom kronkron no sɛ Baasakoro bi fã. Mfehaha bi akyi ansa na saa ɔkyerɛkyerɛ no reba. Sɛnea A Catholic Dictionary ka no: “Wosii Onipa a ɔto so abiɛsa no so dua wɔ Alexandria Bagua no ase wɔ 362 mu . . . ne awiei koraa no wɔ Konstantinople Bagua no ase wɔ 381 mu”—bɛyɛ bere a honhom kronkron yɛɛ asuafo no mama wɔ Pentekoste no akyi mfeha abiɛsa ne fã!
Dabi, honhom kronkron no nyɛ onipa na ɛnyɛ Baasakoro bi fã. Honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi a ɔde di dwuma de yɛ n’apɛde. Ɛne Onyankopɔn nyɛ pɛ na mmom ɔde di dwuma bere biara na ɛhyɛ n’ase.
-
-
Baasakoro ho “Kyerɛw Nsɛm a Edi ho Adanse” Nso Ɛ?So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
-
-
Baasakoro ho “Kyerɛw Nsɛm a Edi ho Adanse” Nso Ɛ?
WƆKA sɛ Bible mu kyerɛw nsɛm binom de adanse a egyina Baasakoro no akyi ma. Nanso, sɛ yɛkenkan kyerɛw nsɛm a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ Bible ne abakɔsɛm mu adanse no nyɛ nea ɛboa Baasakoro no.
Ɛsɛ sɛ wogyina nsɛm afoforo a ɛka Bible mũ no nkyerɛkyerɛ a ɛde ma bere nyinaa no ho no so na ɛte Bible mu asɛm biara a wɔde ma sɛ ɛyɛ adanse no ase. Mpɛn pii no, nsɛm afoforo a ɛwɔ nkyekyem a atwa ho ahyia no mu no na ɛma kyerɛw nsɛm a ɛte sɛɛ no mu nokware ntease no mu da hɔ pefee.
Baasa a Wɔka Bom yɛ Biako
NEW Catholic Encyclopedia no de “kyerɛw nsɛm a edi ho adanse” a ɛte sɛɛ no abiɛsa na ɛma nanso egye tom sɛ: “Wɔnkyerɛkyerɛ Baasakoro Kronkron kyerɛkyerɛ no wɔ Apam Dedaw no mu. Apam Foforo no mu no, adanse a akyɛ sen biara no wɔ Paulo nhoma ahorow no mu, titiriw, 2 Korintofo 13:13 [nkyekyem 14 wɔ Bible binom mu], ne 1 Korintofo 12:4-6. Wohu Baasakoro no ho adanse wɔ Asɛmpa no mu pefee wɔ asubɔ ho nhyehyɛe a ɛwɔ Mateo 28:19 no mu.”
Saa nkyekyem ahorow no mu no, wɔhyehyɛ “nnipa” baasa no sɛnea edidi so yi wɔ The New Jerusalem Bible no mu. Korintofo Nhoma a Ɛto so Abien 13:13 (14) de baasa no bom saa kwan yi so: “Awurade Yesu Kristo dom, Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.” Korintofo Nhoma a Edi Kan 12:4-6 se: “Akyɛde ahorow pii na ɛwɔ hɔ, nanso ɛyɛ Honhom koro no bere nyinaa; ɔsom akwan pii na ɛwɔ hɔ, nanso ɛyɛ Awurade koro no bere nyinaa. Dwumadi ahorow pii na ɛwɔ hɔ, nanso obiara mu no, ɛyɛ Onyankopɔn koro no ara na ɔyɛ adwuma wɔn nyinaa mu.” Na Mateo 28:19 kenkan sɛ: “Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo; mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron no din mu.”
So nkyekyem ahorow yi ka sɛ Onyankopɔn, Kristo, ne honhom kronkron no ka bom yɛ Baasakoro Nyamesu bi, sɛ baasa no yɛ pɛ wɔ su, tumi, daa asetra mu anaa? Dabi, ɛnkyerɛ saa, sɛnea nnipa baasa a wɔbɛbobɔ wɔn din atoatoa so te sɛ Kofi, Ama, ne Yaw no nkyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa baasa a wɔka bom yɛ biako no.
McClintock ne Strong Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature no gye tom sɛ nea ka a wɔka wɔn ho asɛm saa kwan yi so no “kyerɛ ara ne sɛ nneɛma abiɛsa a wɔbobɔ din no wɔ hɔ, . . . na mmom, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ baasa no ka bom yɛ ɔsoro nipasu bi, na wɔwɔ ɔsoro nidi a ɛyɛ pɛ.”
Ɛwom sɛ saa nhoma no gyina baasakoro akyi de, nanso ɛka fa 2 Korintofo 13:13 (14) ho sɛ “ɛrentumi nkyerɛ mma ɛmfata sɛ wɔn tumi yɛ pɛ, anaasɛ wɔwɔ su koro no ara.” Na ɛka Mateo 28:18-20 ho asɛm sɛ: “Nanso, sɛ wɔfa kyerɛwsɛm yi nkutoo a, ɛrentumi nkyerɛ nneɛma baasa a wɔabobɔ din no nipasu anaasɛ pɛ a wɔyɛ anaa wɔn nyamesu pɔtee.”
Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, wɔbɔɔ Onyankopɔn, Yesu, ne honhom kronkron no din nso wɔ nsɛm afoforo a ɛka ho no ara mu. Yesu “huu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma aba no so.” (Mateo 3:16) Nanso, eyi nka sɛ na baasa no yɛ biako. Wɔka Abraham, Isak, ne Yakob ho asɛm bom mpɛn pii, nanso ɛno mma wɔnyɛ biako. Wɔbɔ Petro, Yakobo, ne Yohane din bom, nanso ɛno nso mma wɔnyɛ biako. Bio nso, Onyankopɔn honhom sian baa Yesu so wɔ n’asubɔ mu, a na ɛkyerɛ sɛ na
-