-
Wɔkyerɛkyerɛ Baasakoro no mu Dɛn?So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
-
-
Nanso, ka a wɔbɛka sɛ esiane sɛ Baasakoro no yɛ ahintasɛm a ɛma adwene tu fra saa nti no ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea efi ɔsoro adiyi mu no ma asɛnnennen kɛse foforo ba. Dɛn ntia? Efisɛ ɔsoro adiyi ankasa mma Onyankopɔn ho adwene a ɛte saa a wobenya no ho kwan: “Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ [Nyankopɔn].”—1 Korintofo 14:33.
Esiane saa asɛm no nti, so Onyankopɔn na ɔde ne ho ɔkyerɛkyerɛ bi a ɛma adwene tu fra araa ma Hebri, Hela, ne Latin mu abenfo mpo ntumi nkyerɛkyerɛ mu ankasa no bae?
Bio nso, so ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ anyamekyerɛfo ansa na wɔatumi ahu ‘nokware Nyankopɔn koro no ne nea ɔsomaa no, Yesu Kristo no’? (Yohane 17:3) Sɛ saa na na asɛm no te a, dɛn nti na Yudafo nyamesom akwankyerɛfo no kakraa bi pɛ na wobuu Yesu sɛ ɔne Mesia no? Mmom no, na n’asuafo anokwafo no yɛ akuafo, apofofo, towgyefo, mmea awarefo a wɔba fam. Ná saa nnipa a wɔba fam no gye nea Yesu kyerɛkyerɛ faa Onyankopɔn ho no di araa ma wotumi de kyerɛkyerɛɛ afoforo na wonyaa ɔpɛ sɛ wobewu ama wɔn gyidi no mpo.—Mateo 15:1-9; 21:23-32, 43; 23:13-36; Yohane 7:45-49; Asomafo no Nnwuma 4:13.
-
-
So Ɛyɛ Bible Ɔkyerɛkyerɛ Pefee?So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
-
-
So Ɛyɛ Bible Ɔkyerɛkyerɛ Pefee?
SƐ BAASAKORO no yɛ nokware a, anka ɛsɛ sɛ wɔka ho nsɛm pii pefee wɔ Bible no mu. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛnea asomafo no sii so dua no, Bible no yɛ ɔkwan a Onyankopɔn nam so yi ne ho adi kyerɛ adesamma. Na esiane sɛ ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn na yɛatumi asom no yiye nti, ɛsɛ sɛ Bible no ka onii ko a ɔyɛ no ho asɛm kyerɛ yɛn pefee.
Afeha a edi kan gyidifo gyee Kyerɛwnsɛm no toom sɛ Onyankopɔn adiyi a ɛyɛ nokware. Na ɛne wɔn gyidi nnyinaso, tumi a etwa to. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔsomafo Paulo kɔkaa asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ Beroia kurow mu no, “woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.”—Asomafo no Nnwuma 17:10, 11.
Dɛn na Onyankopɔn nnipa atitiriw de dii dwuma sɛ tumi a wogyinaa so saa bere no? Asomafo no Nnwuma 17:2, 3 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛnea Paulo taa yɛ no, . . . ɔne wɔn kɔkaa kyerɛwsɛm no ho asɛm; [ofi Kyerɛwnsɛm no mu] kyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse.”
Yesu ankasa yɛɛ nhwɛso wɔ Kyerɛwnsɛm no a ɔde dii dwuma sɛ nea ne nkyerɛkyerɛ gyina so no mu, na na ɔtaa ka sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ.” ‘Ɔkyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.’—Mateo 4:4, 7; Luka 24:27.
Enti Yesu, Paulo, ne afeha a edi kan gyidifo no de Kyerɛwnsɛm no dii dwuma sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ fapem. Na wonim sɛ “Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso, ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17; hwɛ 1 Korintofo 4:6; 1 Tesalonikafo 2:13; 2 Petro 1:20, 21 nso.
Esiane sɛ Bible no betumi ‘atoto nneɛma yiye’ nti, ɛsɛ sɛ ɛda asɛm a ɛyɛ titiriw sɛnea wɔkyerɛ sɛ Baasakoro no yɛ no ho nsɛm adi pefee. Nanso so nyamekyerɛfo ne abakɔsɛm akyerɛwfo ankasa ka sɛ ɛyɛ Bible kyerɛkyerɛ pefee?
So “Baasakoro” wɔ Bible Mu?
PROTESTANTFO nhoma bi kyerɛ sɛ: “Asɛmfua Baasakoro no nni Bible mu . . . Annya ɔfã titiriw biara wɔ asɔre nyamekyerɛ mu besi afeha 4 no mu.” (The Illustrated Bible Dictionary) Na Katolek ɔkyerɛwfo bi se Baasakoro no “nhyɛ da nyɛ . . . Onyankopɔn Asɛm tee.”—New Catholic Encyclopedia.
The Catholic Encyclopedia nso ka sɛ: “Asɛmfua biara nni Kyerɛwsɛm mu a wɔde ka ɔsoro nnipa baasa no ho asɛm sɛ wɔbom. Yehu asɛmfua τρίας [tri΄as] (a ɛno mu na wɔkyerɛ Latin trinitas ase fi) no nea edi kan wɔ Teofilo a ofi Antiokia no nkyerɛwee mu bɛyɛ Y. B. 180 mu. . . . Ɛno akyi bere tiaa bi na epue sɛnea wɔka no Latin mu trinitas no wɔ Tertullian nkyerɛwee mu.”
Nanso, eyi nyɛ adanse bi ankasa a ɛkyerɛ sɛ Tertullian kyerɛkyerɛɛ Baasakoro. Sɛ nhwɛso no, Katolekfo nhoma Trinitas—A Theological Encyclopedia of the Holy Trinity kyerɛ sɛ akyiri yi afoforo de Tertullian nsɛm no mu bi dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ Baasakoro mu. Afei ɛbɔ kɔkɔ sɛ: “Nanso wɔrentumi nnya nsɛm a wɔde ba awiei ahopere mu mfi sɛnea ɔde dii dwuma no mu, efisɛ ɔmfa nsɛm no nka Baasakorofo nyamekyerɛ ho asɛm.”
-