Timoteo—‘Gyidi Mu Ɔba Nokwafo’
ƐDA adi sɛ na Timoteo sua koraa bere a Kristoni somafo Paulo faa no sɛ n’akwantu mu hokafo no. Eyi fii ayɔnkofa bi a na ɛbɛkɔ so mfirihyia 15 ase. Na abusuabɔ a ɛda mmarima baanu yi ntam no mu yɛ den araa ma na Paulo betumi afrɛ Timoteo sɛ “me ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu” ne ‘gyidi mu ɔba nokwafo.’—1 Korintofo 4:17; 1 Timoteo 1:2.
Dɛn na na ɛwɔ Timoteo ho a enti Paulo pɛɛ n’asɛm saa? Ɛyɛɛ dɛn na Timoteo bɛyɛɛ ɔyɔnko pa saa? Na asuade a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi anya afi Timoteo dwumadi ahorow ho kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no mu?
Paulo Paw No
Paulo huu osuani kumaa Timoteo bere a ɔkɔɔ Listra (a ɛwɔ nnɛyi Turkey no) wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu bɛyɛ afe 50 Y.B. mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a na Timoteo adi bɛyɛ mfe du akron rekɔ mfe 20 no, na Kristofo a wɔwɔ Listra ne Ikonion no bɔ no din pa. (Asomafo no Nnwuma 16:1-3) Ɔmaa n’abrabɔ ne nea ne din kyerɛ no hyiae sɛ, “Nea Ɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Na Timoteo nanabea Lois ne ne maame Eunike, de Kyerɛw Kronkron no akyerɛkyerɛ no fi ne mmofraase. (2 Timoteo 1:5; 3:14, 15) Ebia bere a edi kan a Paulo kɔɔ wɔn kurow no mu mfe kakra bi akyi na wɔbɛyɛɛ Kristofo. Afei, ɛdenam honhom kronkron dwumadi so no, adiyisɛm bi kyerɛɛ nea na Timoteo bɛyɛ daakye. (1 Timoteo 1:18) Nea ɛne saa akwankyerɛ no hyia no, Paulo ne mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no de wɔn nsa guu aberantewaa no so, na wɔnam so paw no maa dwumadi titiriw bi, na ɔsomafo no faa no sɛ n’asɛmpatrɛw adwuma mu hokafo.—1 Timoteo 4:14; 2 Timoteo 1:6.
Esiane sɛ na ne papa yɛ Helani a onnye nni nti, na wontwaa Timoteo twetia. Ɛwom, na eyi nyɛ ahwehwɛde mma Kristoni. Nanso, nea ɛbɛyɛ na wanto Yudafo a wɔrekɔ wɔn nkyɛn no hintidua nti, Timoteo penee so ma wɔyɛɛ no biribi a ɛyɛ yaw saa.—Asomafo no Nnwuma 16:3.
So na wonim Timoteo dedaw sɛ Yudani? Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ sɛnea rabifo mmara kyerɛ no, na “mma a wɔwɔ ayeware mu no di ɛnade, na ɛnyɛ agyade.” Enti “ɔbea a ɔyɛ Yudani mma yɛ Yudafo.” Nanso, na ɔkyerɛwfo Shaye Cohen ntumi nhu pefee sɛ ebia na saa “rabifo mmara a ɛfa nnipa ho no wɔ hɔ wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu,” ne sɛ ebia na Yudafo a wɔte Asia Kumaa no gye tom anaa. Bere a osusuw abakɔsɛm mu adanse ahorow ho akyi no, ɔkae sɛ sɛ mmarima a wofi Amanaman mu ware Israelfo mmea a, “na wobu mma a ebefi saa aware no mu aba no sɛ Israelfo, bere dodow a na abusua no te Israelfo asase so no. Na wɔde anato no gyina ɛna no so bere a awarefo no te ɛna no kurom no. Sɛ na Israelni bea no tu kɔtra ne kunu a ɔyɛ Amanaman muni so a, na ne mma no yɛ Amanaman mufo.” Sɛnea ɛte biara no, Timoteo awofo a womfi faako no boaa no wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Na ɛrenyɛ den mma no sɛ ɔne Yudafo anaasɛ Amanaman mufo bɛbɔ, na ebia ɛma odii akameakame a ɛda wɔn ntam no so.
Kɔ a Paulo kɔɔ Listra no maa nsakrae titiriw baa Timoteo asetra mu. Ɔpɛ a aberantewaa no nyae sɛ obedi honhom kronkron akwankyerɛ akyi, na ofi ahobrɛase mu de ne ho bɔɔ Kristofo mpanyimfo no maa onyaa nhyira ne ɔsom hokwan pii. Saa bere no, sɛ́ na Timoteo nim anaa onnim no, na wɔde teokrase dwumadi ahorow a ɛho hia bɛhyɛ ne nsa wɔ Paulo akwankyerɛ ase, na ama watu afi ne kurom akɔ akyiri bɛyɛ sɛ Roma, ahemman no ahenkurow no mu.
Timoteo Maa Ahenni Nneɛma Nyaa Nkɔso
Ɛnyɛ Timoteo dwumadi ho kyerɛwtohɔ nyinaa na yɛwɔ, nanso yenim sɛ otutuu akwan pii de maa Ahenni nneɛma nyaa nkɔso. Timoteo akwantu a edi kan a ɔne Paulo ne Silas tui wɔ afe 50 Y.B. mu no de no kɔɔ Asia Kumaa ne Europa. Ɛhɔ no, onyaa asɛnka ɔsatu mu kyɛfa wɔ Filipi, Tesalonika, ne Beroia. Bere a ɔsɔretia maa Paulo kɔɔ Atene akyi no, ogyaw Timoteo ne Silas wɔ Beroia sɛ wɔnhwɛ asuafo akuw a wɔahyehyɛ wɔ hɔ no. (Asomafo no Nnwuma 16:6–17:14) Akyiri yi, Paulo maa Timoteo kɔɔ Tesalonika kɔhyɛɛ asafo foforo no den. Bere a Timoteo baa Paulo nkyɛn wɔ Korinto no, ɔkaa sɛnea asafo no renya nkɔso ho asɛmpa kyerɛɛ no.—Asomafo no Nnwuma 18:5; 1 Tesalonikafo 3:1-7.
Kyerɛwnsɛm no nka bere tenten a Timoteo dii wɔ Korintofo no nkyɛn. (2 Korintofo 1:19) Nanso, ebia Paulo somaa no kɔɔ wɔn nkyɛn bɛyɛ 55 Y.B. mu, efisɛ na wate wɔn ho nsɛm bi a ɛhaw adwene. (1 Korintofo 4:17; 16:10) Akyiri yi, ɔsomaa Erasto ne Timoteo fii Efeso kɔɔ Makedonia. Bere a Paulo wɔ Korinto, na ɔkyerɛw krataa kɔmaa Romafo no, na Timoteo ka ne ho bio.—Asomafo no Nnwuma 19:22; Romafo 16:21.
Timoteo ne afoforo kaa Paulo ho fii Korinto, bere a na ɔrekɔ Yerusalem no, na wɔne ɔsomafo no kɔe araa koduu Troa. Sɛ ebia Timoteo ne no toaa so kɔɔ Yerusalem no de, yennim. Nanso, Paulo bɔ ne din wɔ ne nkrataa abiɛsa a ɔkyerɛwee wɔ afiase wɔ Roma wɔ afe 60-61 Y.B. mu nnianim nsɛm no mu.a (Asomafo no Nnwuma 20:4; Filipifo 1:1; Kolosefo 1:1; Filemon 1) Na Paulo reyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsoma Timoteo afi Roma akɔ Filipi. (Filipifo 2:19) Na bere a woyii Paulo fii afiase akyi no, ɔsomafo no maa Timoteo traa Efeso.—1 Timoteo 1:3.
Esiane sɛ na afeha a edi kan no mu akwantu nyɛ mmerɛw na ɛnyɛ dwoodwoo nti, ɔpɛ a Timoteo nyae sɛ obetutu akwan akɔboa asafo ahorow no fata nkamfo kɛse. (Hwɛ adaka a ɛwɔ August 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no kratafa 29, no mu.) Wo de susuw Timoteo akwantu atitiriw no mu biako pɛ ne nea ɛma yehu wɔ ne ho no ho hwɛ.
Sɛnea na Timoteo Suban Te
Na Timoteo wɔ Paulo nkyɛn wɔ Roma bere a ɔsomafo a ɔda afiase no kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a na wɔrehyia ɔtaa wɔ Filipi no: “M’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛ koraa mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me. Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no; efisɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ankasa de, na ɛnyɛ nea ɛyɛ Kristo Yesu de. Na ne fata a ɔfata no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛ ɔba yɛ n’agya.”—Filipifo 1:1, 13, 28-30; 2:19-22.
Saa nsɛm no si sɛnea na Timoteo dwen mfɛfo gyidifo ho no so dua. Sɛ wantra hyɛmma mu a, na saa akwantu no hwehwɛ sɛ ɔde adaduanan twa anammɔn kwan fi Roma kɔ Filipi, a na ɔbɛfa Adriatic Po no so kakra, na afei wasan de adaduanan foforo aba Roma. Na Timoteo ayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ eyinom nyinaa de asom ne nuanom mmarima ne mmea.
Ɛwom mpo sɛ Timoteo tutuu akwan pii de, nanso ɛtɔ mmere bi a na onni ahoɔden. Ɛda adi sɛ na yafunu yare wɔ ne so ma na ‘ɔtaa yareyare.’ (1 Timoteo 5:23) Nanso otuu ne ho mae esiane asɛmpa no nti. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo tumi ne no nyaa abusuabɔ pa a ɛte saa!
Ɛdenam sɛnea na Paulo hwɛ no na wɔn baanu nyinaa yɛɛ adwuma boom so no, ɛda adi sɛ Timoteo tumi suasuaa ɔsomafo no suban. Enti, na Paulo betumi aka akyerɛ no sɛ: “Woadi me kyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ, me taa a wɔanya me ntaae, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonio, ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi migyinaa mu.” Timoteo ne Paulo sui, ɔkaee no wɔ ne mpaebɔ mu, na ɔsom no wɔ Ahenni nneɛma no fam.—2 Timoteo 1:3, 4; 3:10, 11.
Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ‘ɔmmma obiara mmmu n’aberante a ɔyɛ no abomfiaa.’ Eyi betumi akyerɛ sɛ na Timoteo fɛre ade kakra, ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde hokwan a ɔwɔ no bedi dwuma. (1 Timoteo 4:12; 1 Korintofo 16:10, 11) Nanso, na ne nkutoo tumi di nneɛma ho dwuma, na na Paulo betumi afi ahotoso mu asoma no ma wakodi asɛyɛde ahorow ho dwuma. (1 Tesalonikafo 3:1, 2) Bere a Paulo huu hia a ɛho hia sɛ wodi teokrase nneɛma ho dwuma wɔ Efeso asafo no mu no, otuu Timoteo fo sɛ ɔntra hɔ na ‘ontu nnipa bi fo sɛ wɔnnkyerɛ ɔkyerɛ foforo.’ (1 Timoteo 1:3) Ɛwom mpo sɛ wɔde asɛyɛde pii hyɛɛ Timoteo nsa de, nanso na ɔwɔ ahobrɛase. Na ɛmfa ho sɛ na ɔfɛre ade no, na ɔwɔ akokoduru. Sɛ nhwɛso no, ɔkɔɔ Roma kɔboaa Paulo a na esiane ne gyidi nti wɔredi n’asɛm no. Nokwarem no, ɛda adi sɛ esiane ntease koro no ara nti, wɔde Timoteo ankasa nso too afiase wɔ mmere bi.—Hebrifo 13:23.
Akyinnye biara nni ho sɛ, Timoteo suaa nneɛma pii firii Paulo hɔ. Yehu obu a na ɔsomafo no wɔ ma ne yɔnko dwumayɛni no yiye wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔkyerɛw nkrataa abien a efi Onyankopɔn honhom mu a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu kɔmaa no no. Wɔ bɛyɛ afe 65 Y.B. mu, bere a Paulo hui sɛ ɛrenkyɛ wobekum no no, ɔsan too nsa frɛɛ Timoteo. (2 Timoteo 4:6, 9) Sɛ́ ebia Timoteo tumi kohuu ɔsomafo Paulo ansa na wɔrekum no no de, Kyerɛwnsɛm no nka.
Tu Wo Ho Ma!
Yebetumi asua pii afi Timoteo nhwɛso pa no mu. Ne ho a ɔde bɔɔ Paulo no boaa no kɛse, ma sɛ aberantewaa a ɔfɛre ade no, onyin bɛyɛɛ asafo mu ɔhwɛfo. Kristofo mmerante ne mmabaa betumi anya fekubɔ a ɛte saa ara so mfaso pii nnɛ. Na sɛ wɔde Yehowa som yɛ wɔn botae a, wobenya adwuma a mfaso wɔ so pii ayɛ. (1 Korintofo 15:58) Wobetumi abɛyɛ akwampaefo, anaa bere nyinaa asɛmpakafo wɔ wɔn ankasa asafo mu, anaasɛ wobetumi asom wɔ baabi a Ahenni adawurubɔfo ho hia kɛse. Asɛyɛde ahorow pii a wobetumi anya ne asɛmpatrɛw adwuma wɔ ɔman foforo so, anaasɛ wɔbɛsom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no wiase nyinaa adwumayɛbea ti, anaa ne baa dwumadibea ahorow no bi mu. Na nokwarem no, Kristofo nyinaa betumi ada honhom a ɛte saa ara adi sɛnea Timoteo yɛe no, denam ɔkra nyinaa mu a wobefi asom Yehowa no so.
So wopɛ sɛ wokɔ so nyin wɔ honhom mu, ma wo so ba mfaso wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu wɔ baabiara a Yehowa bebu no sɛ ɛfata sɛ ɔde wo di dwuma no? Ɛnde yɛ sɛnea Timoteo yɛe no. Tu wo ho ma sɛnea wubetumi. Hena na onim ɔsom hokwan ahorow a ebia ebebue ama wo daakye?
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔsan bɔ Timoteo din wɔ Paulo nhoma afoforo anan mu.—Romafo 16:21; 2 Korintofo 1:1; 1 Tesalonikafo 1:1; 2 Tesalonikafo 1:1.
[Kratafa 31 mfonini]
“Minni obiara a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno”