Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 10/1 kr. 28-31
  • Wɔahyɛ Yɛn Den sɛ Yɛnko Ntia Bɔneyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔahyɛ Yɛn Den sɛ Yɛnko Ntia Bɔneyɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ka a Yɛbɛka sɛ Dabi no Ho Hia Titiriw Nnɛ
  • Aberante Bi a Otumi Kaa Dabi a Yebesua Biribi Afi Ne Nkyɛn
  • Sɛnea Yɛkwati Atipɛnfo Nhyɛso
  • Dabi a Yɛbɛka—Ɛyɛ Nkwa ne Owu Asɛm
  • “Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Onyankopɔn Adwene Wɔ Abrabɔ Fam Ahotew Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nea Ɛteɛ A Yɛbɛyɛ Ho Akodi
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Mfa Wo Ho Mfra Afoforo Bɔne Ahorow Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 10/1 kr. 28-31

Wɔahyɛ Yɛn Den sɛ Yɛnko Ntia Bɔneyɛ

TIMOTHY ka sɛ: “Bere a minnya nnii mfe aduonu a na meyɛ adwuma wɔ sotɔɔ bi a wɔtɔn nnuan mu no, ɔyɔnko dwumayɛni bi too nsa frɛɛ me kɔɔ ne fie. Ɔkae sɛ n’awofo befi fie, mmabaa bɛba hɔ, na yebenya kwan ne wɔn ada.” Ɛnnɛ mmofra pii de ahopere bɛpene nsato a ɛte sɛɛ so. Nanso mmuae bɛn na Timothy de mae? “Ɛhɔ ara na meka kyerɛɛ no sɛ meremma, esiane me Kristofo ahonim nti, na mempɛ sɛ me ne obi a menwaree no bɛda.”

Bere a Timothy rekyerɛkyerɛ nea enti a ɔrenkɔ mu no, ná onnim sɛ ababaa bi a wɔne no yɛ adwuma retie. Ne suban pa no maa ɔbea no ani gyee ne ho, na ankyɛ na ɛho behiae sɛ ɔkwati ababaa no nso—mpɛn pii sɛnea yebehu akyiri yi no.

Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn bere yi mu nkutoo na sɔhwɛ ba yɛn so. Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no, Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene! . . . Twe wo nan fi wɔn sa so.” (Mmebusɛm 1:10, 15) Yehowa ankasa hyɛɛ Israel man no sɛ: “Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne.” (Exodus 23:2) Yiw, ɛtɔ mmere bi a, nea ɛbɛyɛ a yɛbɛkwati bɔne nti ɛnsɛ sɛ yɛpene biribi so ɛmfa ho sɛ ebia nnipa dodow no ara pene so no.

Ka a Yɛbɛka sɛ Dabi no Ho Hia Titiriw Nnɛ

Ɛnyɛɛ mmerɛw da sɛ yɛbɛkwati bɔneyɛ, na ebetumi ayɛ den yiye nnɛ, efisɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi bere a Bible frɛ no, “nna a edi akyiri” mu. Nea ɛne Bible nkɔmhyɛ hyia no, nnipa dodow no ara ani abegye anigyede ne basabasayɛ ho, na wɔmfa honhom fam nneɛma ne abrabɔ pa nyɛ hwee. (2 Timoteo 3:1-5) Jesuitfo sukuupɔn mu panyin bi kae sɛ: “Yɛanya mmara ahorow bi a yɛasɔ ahwɛ ahu sɛ mfaso nni so na ɛmfata bio. Mprempren ɛte sɛ nea abrabɔ mu mmara biara nni hɔ koraa.” Saa ara nso na asɛnnibea kunini bi temmufo kae sɛ: “Yennim bɔne, na yennim papa bio. Biribiara atu afra. . . . Nnipa kakraa bi pɛ na wohu nsonsonoe a ɛwɔ papa ne bɔne mu. Mprempren nea wɔakyere no na wayɛ bɔne.”

Ɔsomafo Paulo kyerɛw nnipa a wɔte saa no ho asɛm sɛ: “Wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonnim de na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo. Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.” (Efesofo 4:18, 19) Nanso asɛm rebɛto wɔn. Yesaia kae sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne, wɔn a wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwenenwene yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwenenwene!” (Yesaia 5:20) Ɛnyɛ twa nko na saafo yi twa wɔn nneyɛe so aba mprempren na mmom ɛrenkyɛ wobehyia ‘amanehunu’ kɛse—atemmu a ɛyɛ hu a Yehowa de bɛba no.—Galatifo 6:7.

Dwom 92:7 ka sɛ: “Abɔnefo fifi sɛ fan, na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.” Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, abɔnefosɛm a abu so yi renkɔ so daa mma asetra mfono obiara. Nokwarem no, Yesu kae sɛ “awo ntoatoaso” a ɛhyɛ abɔnefosɛm yi ho nkuran no ara na Onyankopɔn bɛsɛe wɔn wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. (Mateo 24:3, 21, 34) Enti sɛ yɛpɛ sɛ yenya yɛn ti didi mu wɔ saa ahohiahia no mu a, ɛsɛ sɛ yetumi yiyi bɔne fi papa mu ma ɛne Onyankopɔn mmara ahorow hyia; na afei nso, yehia suban pa a ɛbɛma yɛapo bɔne nyinaa. Ɛwom sɛ eyi yɛ nyɛ mmerɛw de, nanso Yehowa ama yɛn Bible mmere mu nhwɛso horow ne ɛnnɛ de a ɛhyɛ nkuran.

Aberante Bi a Otumi Kaa Dabi a Yebesua Biribi Afi Ne Nkyɛn

Ɛte sɛ nea kwati a obi bɛkwati aguamammɔ ne awaresɛe no yɛ den yiye, na ɛyɛ den mpo ma ebinom a wɔwɔ Kristofo asafo no mu. Timothy a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfitiase no susuw nhwɛso a aberantewaa Yosef yɛe a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu wɔ Genesis 39:1-12 no ho. Yosef daa suban pa adi bere a Misrini panyin Potifar yere, tuu n’ani sii no so mpɛn pii sɛ ɔne no mmɛda no. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ, Yosef ‘ampene, na ɔkae sɛ dɛn nti na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?’

Ɛyɛɛ dɛn na Yosef tumi nyaa akokoduru de kaa dabi kyerɛɛ Potifar yere no da biara da? Nea edi kan no, na obu abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no sen bere tiaa mu anigye koraa. Afei nso, ɛwom sɛ na Yosef nhyɛ ɔsoro mmara apam ase, (na Mose Mmara no nnya mmae) de, nanso na ɔte abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ahorow ase yiye; na na onim sɛ aguaman a ɔne Potifar yere a wanya ne ho akɔnnɔ a ɛmfata no bɛbɔ no yɛ bɔne a etia ne kunu ne Onyankopɔn nyinaa.—Genesis 39:8, 9.

Ɛda adi sɛ na Yosef nim hia a ɛho hia sɛ ɔrenyɛ biribi mfa nkanyan akɔnnɔ a ebetumi akanyan nkate a ano yɛ den a wontumi nhyɛ so no. Nyansa wom sɛ obi a ɔyɛ Kristoni di Yosef nhwɛso no akyi. July 1, 1957, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ ogye ne mmerɛwyɛ tom, na ɛnsɛ sɛ osusuw sɛ obetumi de akɔnnɔ adi agoru akosi baabi a Kyerɛwnsɛm no mma ho kwan ansa na wagyae. Sɛ otumi yɛ saa bere bi mpo a, akyiri yi ɔbɛtra saa hye no akɔyɛ bɔne. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi betumi asi, efisɛ akɔnnɔ a obi hwɛ ma ɛtra hɔ nyin, na ano tumi yɛ den kyekyere no. Afei, ɛbɛyɛ den kɛse ama no sɛ obeyi n’adwene afi so. Nea ebetumi abɔ ne ho ban ara ne sɛ, ɔbɛko atia wɔ mfitiase pɛɛ.”

Sɛ yenya nea ɛteɛ ho adwempa na yekyi bɔne a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛko atia wɔ mfitiase pɛɛ. (Dwom 37:27) Nanso ehia sɛ yɛbɔ ho mmɔden na yɛatumi akura mu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛdenam Yehowa mmoa so no, nea ɛteɛ ho adwempa a yebenya ne bɔne a yebekyi no mu bɛyɛ den. Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛnea Yesu kae no, na yɛbɔ mpae daa na yɛankɔ sɔhwɛ mu, na wɔagye yɛn afi ɔbɔnefo no nsam.—Mateo 6:13; 1 Tesalonikafo 5:17.

Sɛnea Yɛkwati Atipɛnfo Nhyɛso

Ade foforo a etumi twetwe obi kɔ bɔneyɛ mu ne atipɛnfo nhyɛso. Abeawa bi kaa n’anom asɛm sɛ: “Mewɔ asetra akwan abien—sukuu mu de ne ofie de. Sɛ mewɔ sukuu mu a, me ne mmofra a bere biara a wobebue wɔn ano no, wɔka kasafi na ɛbɔ. Na mereyɛ ayɛ sɛ wɔn ara. Dɛn na menyɛ?” Nea ehia ne akokoduru a wubenya de ada nsow, na ɔkwan biako a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wobɛkenkan Bible mu nsɛm a ɛka Onyankopɔn asomfo anokwafo te sɛ Yosef ho asɛm kyerɛ yɛn no, na woasusuw ho. Afoforo a wɔayɛ nhwɛso pa a ɛte saa ne Daniel, Sadrak, Mesak, ne Abednego—Hebrifo mmerante baanan a wonyaa akokoduru de daa nsow wɔ wɔn atipɛnfo mu no.

Bere a na wɔretete wɔne mmerante foforo wɔ Babilon ahemfie no, na ɛsɛ sɛ Israelfo mmerante baanan yi di “ahennuan no bi, da biara.” Esiane sɛ na wɔmpɛ sɛ wobu Mose Mmara a na ɛfa aduan ho so no nti, wɔanni aduan yi. Ná ɛno gye ahosodi—na nea ɛsen biara no, esiane sɛ na ɛyɛ “ahennuan” nti, ebetumi aba sɛ na ɛyɛ akɔnnɔ. Hwɛ nhwɛso pa ara a mmerante yi yɛ maa ɛnnɛyi Kristofo a ebia wɔbɛsɔ wɔn ahwɛ, na wɔahyɛ wɔn mpo sɛ wɔnnom nsa ntra so, anaasɛ wɔnnom nnubɔne anaa tawa no!—Daniel 1:3-17.

Sadrak, Mesak, ne Abednego daa no adi nso sɛ asɛm a Yesu Kristo kaa no akyiri yi no yɛ nokware: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware.” (Luka 16:10) Akokoduru a wonyae wɔ aduan, a ɛyɛ ade ketewa koraa ho, ne nea Yehowa ma efii mu bae no hyɛɛ wɔn den maa sɔhwɛ a na emu yɛ den akyiri yi. (Daniel 1:18-20) Sɔhwɛ yi bae bere a wɔde owu hunahunaa wɔn sɛ sɛ wɔankotow ohoni a, wɔde wɔn begu ogya mu no. Mmerante baasa no sii wɔn bo sɛ wɔbɛsom Yehowa nkutoo, na wonyaa ne mu ahotoso denneennen ɛmfa ho nea na ɛbɛba biara. Yehowa san hyiraa wɔn wɔ wɔn gyidi ne wɔn akokoduru no ho bio—saa bere yi, ɛdenam anwonwakwan so a ɔnam bɔɔ wɔn ho ban fii ogya mu bere a wɔtoo wɔn guu fononoo a emu gya refram mu no.—Daniel 3:1-30.

Nnipa foforo pii a wɔko tiaa bɔne ho nsɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. Mose ampene sɛ wɔbɛfrɛ no “Farao babea ba,” ɛwom mpo sɛ anka eyi bɛma wanya kwan ‘ate bɔne mu dɛw nna tiaa bi’ wɔ Misraim de. (Hebrifo 11:24-26) Odiyifo Samuel ampene sɛ ɔde ne tumi bedi dwuma ɔkwammɔne so agye adanmude. (1 Samuel 12:3, 4) Bere a wɔhyɛɛ Yesu Kristo asomafo no sɛ wɔnnka asɛm no bio no, wofi akokoduru kae sɛ dabi. (Asomafo no Nnwuma 5:27-29) Yesu ankasa ampene bɔneyɛ biara so—kosii n’asetra mu bere a etwa to, bere a asraafo maa no “nsa a wɔde aduhuam afra mu” no. Ogyei a ebia anka ɛbɛma wagyae ne mudi mu wɔ saa bere titiriw no mu.—Marko 15:23; Mateo 4:1-10.

Dabi a Yɛbɛka—Ɛyɛ Nkwa ne Owu Asɛm

Yesu kae sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.”—Mateo 7:13, 14.

Nnipa pii ani gye ɔkwan a ɛtrɛw no ho, efisɛ ɛso fa yɛ mmerɛw. Wɔn a wɔfa so no nsusuw afoforo ho, wosusuw honam fam nneɛma ho, na wɔmpɛ sɛ wɔda nsow, na mmom sɛ wɔyɛ wɔn ade ma ɛne Satan wiase no hyia. Wɔte nka sɛ Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow no ka wɔn hyɛ. (Efesofo 4:17-19) Nanso Yesu kaa no pen sɛ, ɔkwan a ɛtrɛw no ‘kɔ ɔsɛe mu.’

Ɛnde dɛn nti na Yesu kae sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wɔpaw ɔkwan hihiaa no? Ɛte saa efisɛ, nnipa kakraa bi na wɔpɛ sɛ Onyankopɔn mmara di wɔn asetra so na ɛboa wɔn ma wɔko tia mfiri ne nneɛma a ɛma wɔyɛ bɔne a atwa wɔn ho ahyia no. Bio nso, nnipa kakraa bi na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛko atia akɔnnɔ bɔne, atipɛnfo nhyɛso, ne fɛwdi a ebia wobehyia esiane ɔkwan a wɔapaw no nti.—1 Petro 3:16; 4:4.

Saafo yi te sɛnea na ɔsomafo Paulo te nka bere a ɔkaa ɔko a ɛsɛ sɛ ɔko na ama watumi akwati bɔne ho asɛm no ase yiye. Te sɛ ɛnnɛ wiase no, Romafo ne Helafo bere a na Paulo wom no ma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ obi de ne ho bɛhyɛ bɔneyɛ mu. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ n’adwene a na enim nea eye no ne ne honam akwaa a ɛtɔ kɔ bɔne so no dii ‘ako.’ (Romafo 7:21-24) Yiw, na Paulo nim sɛ ne nipadua yɛ ɔsomfo pa, nanso na ɛyɛ owura tirimmɔdenfo nso, enti osuaa sɛ ɔbɛko atia no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya.” (1 Korintofo 9:27) Ɛyɛɛ dɛn na otumi dii so saa? Emfi n’ankasa ahoɔden, ade a anka entumi nni ho dwuma no, na mmom ɛdenam Onyankopɔn honhom no mmoa so.—Romafo 8:9-11.

Ne saa nti, ɛwom sɛ na Paulo nyɛ pɛ de, nanso okuraa ne mudi ma Yehowa no mu kosii awiei. Aka bere tiaa bi ma wawu no, otumi kyerɛwee sɛ: “Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie. Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri.”—2 Timoteo 4:7, 8.

Bere a yɛko tia yɛn sintɔ ahorow no, hwɛ sɛ ɛnyɛ Paulo nko mu na yenya nhwɛso a ɛhyɛ nkuran, na mmom yenya bi fi wɔn a osuaa biribi fii wɔn nhwɛso mu no nso—Yosef, Mose, Daniel, Sadrak, Mesak, Abednego, ne afoforo pii—hɔ. Ɛwom sɛ na wɔyɛ nnipa a wɔtɔ sin de, nanso saa gyidifo yi mu biara tumi ko tiaa bɔneyɛ, ɛnyɛ sɛ na wɔyɛ katee anaasɛ wɔn asɛm yɛ den, na mmom esiane suban pa a wɔnam Yehowa honhom so nyae no nti. (Galatifo 5:22, 23) Ná wɔyɛ honhom mufo. Wɔmaa asɛm biara a efi Yehowa anom ho hiaa wɔn. (Deuteronomium 8:3) Ná wɔn nkwa gyina N’asɛm so. (Deuteronomium 32:47) Nea ɛsen ne nyinaa no, wɔdɔɔ Yehowa na na wosuro no, na ɛdenam ne mmoa so no, wofi boasetɔ mu kyirii bɔne.—Dwom 97:10; Mmebusɛm 1:7.

Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ sɛ wɔn. Nokwarem no, sɛ yebetumi akɔ so ako atia bɔneyɛ biara a, yehia Yehowa honhom no mmoa sɛnea wɔyɛe no ara pɛ. Sɛ yefi komam bisa Yehowa honhom, sua N’asɛm, na yɛkɔ Kristofo nhyiam horow daa a, ofi ayamye mu de ma yɛn.—Dwom 119:105; Luka 11:13; Hebrifo 10:24, 25.

Timothy a yɛkaa ne ho asɛm mfitiase no ani gyei sɛ wantoto ne honhom fam ahiade ase. Akyiri yi, ababaa dwumayɛni a ɔtee nkɔmmɔ a na Timothy ne ne yɔnko dwumayɛni rebɔ, na Timothy suban pa maa onyaa ne ho anigye a ɛmfata no, nam sum ase too nsa frɛɛ Timothy sɛ ɔmmra ne fie bere a na ne kunu nni hɔ no. Timothy ampene. Esiane sɛ na ɔbea no ani yɛ den nti, ɔtoo nsa frɛɛ no mpɛn pii, te sɛ Potifar yere no. Nanso bere biara, na Timothy fi obu mu kwati no. Ofii Onyankopɔn Asɛm mu dii ɔbea yi adanse yiye mpo. Timothy a ɛnnɛ waware ɔyɔnko Kristoni hoɔfɛfo bi no de aseda ma Yehowa sɛ ɔmaa no akokoduru de kaa, dabi. Nokwarem no, Yehowa behyira wɔn a wɔpɛ sɛ wokura wɔn mudi mu, sɛ Kristofo no, na ɔbɛhyɛ wɔn den ma wɔatumi ako atia bɔneyɛ.—Dwom 1:1-3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena