Adesua 4
Hena Ne Ɔbonsam?
Satan Ɔbonsam—ɛhe na ofi bae? (1, 2)
Ɔkwan bɛn na Satan fa so daadaa nnipa? (3-7)
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woko tia Ɔbonsam? (7)
1. Asɛmfua “ɔbonsam” no kyerɛ obi a ɔka atosɛm a epira fa onipa foforo ho. “Satan” kyerɛ ɔtamfo anaa ɔsɔretiafo. Eyinom yɛ din a wɔde ama Onyankopɔn tamfo kɛse no. Mfiase no, na ɔyɛ ɔbɔfo a ɔyɛ pɛ a ɔne Onyankopɔn wɔ soro. Nanso, akyiri yi odwen n’ankasa ho dodo na na ɔpɛ ɔsom a ɛfata sɛ wɔde ma Onyankopɔn no.—Mateo 4:8-10.
2. Ɔbɔfo yi, Satan, nam ɔwɔ so kasa kyerɛɛ Hawa. Ɔnam atosɛm a ɔka kyerɛɛ no so ma ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Satan nam saayɛ so kasa tiaa nea wɔfrɛ no Onyankopɔn “tumidi,” anaa dibea sɛ Ɔsorosoroni no. Satan maa asɛm sɔree wɔ di a Onyankopɔn di tumi wɔ ɔkwan a ɛfata a ɛde yiyedi paa brɛ Ne nkoa so ho. Satan san maa asɛm sɔree wɔ kɔ a onipa bi bɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware no ho. Satan nam eyi a ɔyɛe so yɛɛ ne ho Onyankopɔn tamfo. Ɛno nti na wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam.—Genesis 3:1-5; Hiob 1:8-11; Adiyisɛm 12:9.
3. Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa nkurɔfo ma wɔasom no. (2 Korintofo 11:3, 14) Atoro som ne ɔkwan biako a ɔfa so daadaa nkurɔfo. Sɛ ɔsom bi kyerɛkyerɛ atosɛm fa Onyankopɔn ho a, na edi Satan atirimpɔw ho dwuma ankasa. (Yohane 8:44) Atoro som mufo betumi afi wɔn koma mu agye adi sɛ wɔresom nokware Nyankopɔn no. Nanso wɔresom Satan ankasa. Ɔne ‘wiase nyame.’—2 Korintofo 4:4.
4. Ahonhonsɛmdi ne ɔkwan foforo a Satan fa so di nkurɔfo so tumi. Ebia wɔbɛfrɛ ahonhom sɛ wɔmmɔ wɔn ho ban, wompira afoforo, wɔnka nea ɛbɛba daakye, anaa wɔnyɛ anwonwade ahorow. Satan ne tumi bɔne a ɔhyɛ nneyɛe yi nyinaa akyi. Sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ahonhonsɛmdi ho koraa.—Deuteronomium 18:10-12; Asomafo no Nnwuma 19:18, 19.
5. Satan san daadaa nkurɔfo denam mmusua a wobu no sɛ ɛkorɔn sen afoforo koraa ne amammui ahyehyɛde ahorow a wɔsom no so. Ebinom te nka sɛ wɔn man anaa wɔn abusua ye kyɛn afoforo de. Nanso eyi nyɛ nokware. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Nnipa foforo de wɔn ho to amammui ahyehyɛde so sɛ ɛno na ebedi onipa haw ahorow ho dwuma. Bere a wɔreyɛ eyi no, na wɔrepow Onyankopɔn Ahenni. Ɛno nkutoo ne yɛn haw ahorow ano aduru.—Daniel 2:44.
6. Ɔkwan foforo a Satan fa so daadaa nkurɔfo ne sɛ ɔde akɔnnɔ bɔne bɛsɔ wɔn ahwɛ. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnkwati nneyɛe bɔne efisɛ onim sɛ ebepira yɛn. (Galatifo 6:7, 8) Ebia nnipa bi bɛpɛ sɛ wobɛka wɔn ho ma moyɛ nneɛma a ɛtete saa. Nanso, kae sɛ Satan ankasa na ɔpɛ sɛ woyɛ saa nneɛma yi.—1 Korintofo 6:9, 10; 15:33.
7. Ebia Satan de ɔtaa anaa ɔsɔretia bedi dwuma na ama woatwe wo ho afi Yehowa ho. Bible no a woresua nti, ebia w’adɔfo binom bo befuw yiye. Ebia afoforo bedi wo ho fɛw. Nanso hena na wo nkwa fi no hɔ? Satan pɛ sɛ ɔma ehu ka wo na wugyae Yehowa ho adesua. Mma Satan nnni nkonim! (Mateo 10:34-39; 1 Petro 5:8, 9) Sɛ woko tia Ɔbonsam a, wubetumi ama Yehowa ani agye, na woakyerɛ sɛ wugyina Ne tumidi akyi.—Mmebusɛm 27:11.
[Kratafa 9 mfonini ahorow]
Atoro som, ahonhonsɛmdi, ne ɔmampɛ daadaa nkurɔfo
[Kratafa 9 mfonini ahorow]
Ko tia Satan denam Yehowa ho ade a wobɛkɔ so asua so