Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rq adesua 6 kr. 12-13
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
  • Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ahenni Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
rq adesua 6 kr. 12-13

Adesua 6

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Ɛhe na Onyankopɔn Ahenni no wɔ? (1) Hena ne ɛso Hene? (2)

Afoforo ne Ɔhene no bom di tumi? Sɛ saa a, wɔyɛ baahe? (3)

Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu? (4)

Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama adesamma daakye? (5-7)

1. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn Ahenni no ho mpae. Ahenni yɛ aban a ɔhene na odi so. Onyankopɔn Ahenni yɛ aban soronko bi. Wɔahyehyɛ wɔ soro na ebedi asase yi so. Ɛbɛtew Onyankopɔn din ho, anaasɛ ɛbɛyɛ no kronkron. Ɛbɛma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ soro no.—Mateo 6:9, 10.

2. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ Yesu bɛyɛ N’Ahenni so Hene. (Luka 1:30-33) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa no adi sɛ ɔbɛyɛ Sodifo yamyefo, a ɔteɛ, na ɔyɛ pɛ. Bere a ɔsan kɔɔ soro no, wɔamfa no ansi ahengua so sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene amonom hɔ ara. (Hebrifo 10:12, 13) Wɔ 1914 mu no, Yehowa de tumi a ɔde hyɛɛ Yesu bɔ no maa no. Efi saa bere no, Yesu adi tumi wɔ soro sɛ Ɔhene a Yehowa apaw no.—Daniel 7:13, 14.

3. Yehowa asan apaw mmarima ne mmea anokwafo bi afi asase so sɛ wɔnkɔ soro. Wɔne Yesu bedi adesamma so tumi sɛ ahene, atemmufo, ne asɔfo. (Luka 22:28-30; Adiyisɛm 5:9, 10) Yesu frɛɛ ne mfɛfo sodifo wɔ n’Ahenni mu yi sɛ “kuw ketewa.” Wɔn dodow yɛ 144,000.—Luka 12:32; Adiyisɛm 14:1-3.

4. Bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene pɛ na ɔtow Satan ne n’abɔfo bɔne no fii soro kyenee asase so ha. Ɛno nti na nneɛma asɛe saa wɔ asase so ha fi 1914 no. (Adiyisɛm 12:9, 12) Akokoakoko, ɔkɔm, ɔyaredɔm, amumɔyɛ a ɛredɔɔso—eyinom nyinaa yɛ “sɛnkyerɛnne” a ɛkyerɛ sɛ Yesu redi tumi na nhyehyɛe yi wɔ ne nna a edi akyiri mu no fã.—Mateo 24:3, 7, 8, 12; Luka 21:10, 11; 2 Timoteo 3:1-5.

5. Ɛrenkyɛ na Yesu abebu nnipa ntɛn, apaapae wɔn mu sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu no. “Nguanten” no ne wɔn a wɔbɛda no adi sɛ wɔyɛ ne nkoa anokwafo. Wobenya daa nkwa wɔ asase so. “Mpapo” no ne wɔn a wɔbɛda no adi sɛ wɔapow Onyankopɔn Ahenni no. (Mateo 25:31-34, 46) Ɛrenkyɛ na Yesu asɛe wɔn a wɔte sɛ mpapo no nyinaa. (2 Tesalonikafo 1:6-9) Sɛ wopɛ sɛ woyɛ Yesu “nguan” no biako a, ɛsɛ sɛ wutie Ahenni asɛm no na wode nea wusua di dwuma.—Mateo 24:14.

6. Mprempren wɔakyekyɛ asase mu ayɛ no aman pii. Ebiara wɔ n’ankasa nniso. Aman yi taa ne wɔn ho ko. Nanso Onyankopɔn Ahenni besi nnipa nniso nyinaa ananmu. Ebedi tumi sɛ asase nyinaa so nniso biako pɛ. (Daniel 2:44) Afei ɔko, nsɛmmɔnedi, ne basabasayɛ to betwa. Nnipa nyinaa bɛtra ase abom wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu.—Mika 4:3, 4.

7. Wɔ Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu no, nnipa anokwafo bɛyɛ pɛ, na asase nyinaa bɛdan paradise. Ebedu mfirihyia apem no awiei no, na Yesu ayɛ biribiara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Afei ɔde Ahenni no bɛsan ama n’Agya. (1 Korintofo 15:24) Dɛn nti na wonka nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ no ho asɛm nkyerɛ wo nnamfo ne w’adɔfo?

[Kratafa 13 mfonini]

Wɔ Yesu tumidi ase no, ɔtan anaa afoforo ho adwemmɔne to betwa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena