Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/01 kr. 1
  • Yɛn Asasesin Mu Adwuma a Yɛbɛma Ayɛ Mmerɛw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Asasesin Mu Adwuma a Yɛbɛma Ayɛ Mmerɛw
  • Yɛn Ahenni Som—2001
Yɛn Ahenni Som—2001
km 10/01 kr. 1

Yɛn Asasesin Mu Adwuma a Yɛbɛma Ayɛ Mmerɛw

1 Sɛ wɔtew asafo foforo a, hwɛ sɛnea yɛn ani gye! Wɔma asafo biara asasesin pɔtee bi, na asafo no mu adawurubɔfo bɛyɛ asasesin no mu adwuma fefeefe. Ɔsom adwuma so ahwɛfo kyekyɛ asasesin no mu nketenkete ma adawurubɔfo, na wɔhwɛ ma wɔyɛ emu adwuma. Asasesin ahye a wɔkyerɛ pefee no yɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ma wɔyɛ.—2 Kor. 10:13; Gal. 2:9.

2 Ɛyɛ adawurubɔfo nyinaa asɛyɛde sɛ wɔboa asɛnka adwuma a asafo a wɔte n’asasesin mu yɛ no. Eyi ma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam daa na yɛn asɛnka adwuma atu mpɔn. Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ nhyiam wɔ asafo a ɛbɛn yɛn fie no mu na yɛaboa ma wɔatumi ayɛ eyi. Susuw mfaso ahorow no bi ho.

3 Mfaso Ahorow: Asɛnka adwuma a yɛne asafo a ɛbɛn yɛn fie yɛ no yɛ mmerɛw kɛse. Yentwa kwan tenten ne kuw bi nkɔyɛ adwuma. Yetumi ne afoforo a wɔwɔ yɛn asafo no mu yɛ adwuma yiye, na yɛkyerɛ anigyefo a wɔyɛ foforo kwan ma wɔkɔ asafo nhyiam horow a ɛbɛn wɔn. Ɛma yɛne yɛn mpɔtam hɔ anuanom mmarima ne mmea foforo a wobetumi aboa yɛn wɔ ahokyere mu nso bɔ kɛse.

4 Sɛ wɔtew asafo foforo a, wɔsakra asafo ahorow a wɔbom tew no nsasesin. Sɛ wubetumi aka asafo a wote wɔn asasesin mu kasa a, eye paa sɛ wo ne wɔn bɛbɔ. Mpɛn pii no eyi boa abusua no wɔ honhom fam paa efisɛ ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ asafo nhyiam, ayɛ asɛnka adwuma wɔ asasesin a ɛbɛn wɔn no mu na wɔanya mmoa a mpanyimfo de ma no so mfaso.

5 Sɛ yɛne asafo foforo bɔ a, ebia yɛn ani begyina yɛn nnamfo a wɔwɔ asafo dedaw no mu no. Nanso, sɛ yegye nhyehyɛe foforo no tom a, yebetumi anya nnamfo foforo na yɛatrɛw yɛn teokrase fekubɔ mu. Afei nso, ɛyɛ mmerɛw kɛse ma mpanyimfo no sɛ wɔbɛhwɛ nguankuw no na wɔama asafo no anya honhom fam nkɔso bere a adawurubɔfo no te asafo no asasesin mu no.—om-TW kr. 96 nky. 2.

6 Asafo Ahorow Mu Biakoyɛ: Sɛ asafo ahorow a ɛsono kasa a wɔka yɛ asasesin biako mu adwuma a, eye paa sɛ asafo no mu biara de adwene besi wɔn a wɔka saa kasa no wɔ asasesin no mu so. Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛkyerɛw afie a kasa a wɔka wom nti ɛnsɛ sɛ wɔn adawurubɔfo kɔ mu no nɔma ato hɔ. Ɛyɛ saa asafo ahorow no ɔsom adwuma so ahwɛfo asɛyɛde sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe a wɔn nyinaa gye tom a wɔde bɛyɛ asasesin no mu adwuma fefeefe na wɔakyerɛ anigyefo kwan akɔ asafo a ɛfata no mu. Eyi remma asafo a ɛsono kasa a wɔka no mu adawurubɔfo nkɔ ofiewura koro no ara nkyɛn da no ara wɔ mmere foforo mu nkɔyɛ ade koro no ara sɛnea ɛnsɛ.—Hwɛ November 1990 Yɛn Ahenni Som no Asɛmmisa Afã hɔ.

7 Sɛ ɔdawurubɔfo bi tu kɔ asafo foforo mu a, ɛsɛ sɛ ɔde anigyefo biara a wɔwɔ ne kan asasesin no mu din ne wɔn address ma asafo a ɛfata no ntɛm ara. Eyi bɛma wɔaboa anigyefo no ntɛm ara. Eyi bɛboa nso ma wɔama asasesin no ho kyerɛwtohɔ ayɛ ne bere mu de. Ɔdɔ, afoforo ho a wodwen, ntease, ne biakoyɛ ho hia.—Fil. 4:5.

8 Obi Ankasa Gyinaesi: Ɛtɔ da bi a, nneɛma bi te sɛ obi adwuma nhyehyɛe, ne hokafo a ɔnyɛ gyidini, anaa kar a ɛyɛ den sɛ obenya betumi ama wasi gyinae sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ ɔne asafo foforo bɛbɔ. Ebia ɔmansin sohwɛfo no betumi ahyɛ nyansa sɛ, sɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo anaa adawurubɔfo bi tu kɔboa asafo foforo bi a, ɛbɛboa adwuma no yiye. Wɔ asɛm no mu biara mu no, abusua ti no na n’abusuafo ho asɛyɛde da no so. Ebia saafo no bɛpɛ sɛ wɔbom susuw nsɛm ho, na wɔne mpanyimfo no susuw ho ansa na awiei koraa no wɔasi gyinae.

9 Nea wɔaka yi kyerɛ sɛ, sɛ ɛnyɛ ntease pa ankasa bi a ɛremma obi ntumi nsom wɔ asasesin a ɛbɛn ne fie mu a, ɛsɛ sɛ odwen Ahenni nneɛma nkɔso ho sen nea n’ankasa pɛ. (Fil. 2:4; fa toto May 1, 2001Ɔwɛn-Aban kratafa 18, nkyekyem 17 ho.) Sɛ yɛn nyinaa boa wɔ saa kwan yi so a, yɛbɛboa ma wɔayɛ asasesin a wɔde ama yɛn asafo no mu adwuma fefeefe wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw paa so.—Aso. 8:14, 25; 20:20, 21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena