“Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam So Mfaso Koraa a Yebenya
1 Dwumadi a Ɛhyɛ Den: Dwumadi a ɛhyɛ den bɛn ara na yenyae wɔ ɔmantam nhyiam a yɛyɛɛ no nnansa yi ara no ase sɛɛ yi! Wɔboaa yɛn ano maa atirimpɔw biako, sɛ wobesiesie yɛn yiye ma yɛde nsi abɔ Onyankopɔn Ahenni ho dawuru. So wokae sɛnea ɔkasafo a odi kan no kyerɛɛ asɛm “sɛ wobɛbɔ dawuru” ase no? So wokae nhwehwɛmu a wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ wɔ ɔkasa a ɛne sɛ “Nya Akokoduru na Hu Sɛ Yehowa Ka Yɛn Ho” mu no? Asetram nsɛm bɛn na ebesi saa bere yi woayɛ mu nhwehwɛmu?
2 Ɔkasa a wɔakyekyɛm a n’asɛmti ne “Wɔnam Sɔhwɛ Ahorow So Sɔ Yɛn Gyidi Hwɛ” no daa nneɛma atitiriw abiɛsa a enti Yehowa ma ɔtaa ho kwan no adi. Wubetumi akyerɛkyerɛ nneɛma ko no mu? Ɔfã biara a yenni sɛ Kristofo no gyina Kyerɛwnsɛm mu asɛm bɛn so? Dɛn na wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ mfa nsiesie yɛn ho mma nsɛnnennen a yehyia wɔ ɔfã biara a yenni no ho? Ɔkwan bɛn so na nokwaredi a yɛde gyina sɔhwɛ ano no de ayeyi brɛ Yehowa?
3 Drama a n’asɛmti ne “Gyina Pintinn Wɔ Mmere a Enye Mu” no mu nneɛma bɛn na ɛhyɛɛ wo den titiriw? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ sɛ Yeremia?
4 Nsakrae akɛse a ɛwɔ yɛn anim a ɛbɛkɔ akowie Onyankopɔn da a ɛyɛ hu mu bɛn na baguam ɔkasa a n’asɛmti ne “Wiase Yi Su Resakra” no kaa ho asɛm? Bere a woretie ɔkasa a etwa to, “Monyɛ Nnwuma Pa Pii sɛ Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” no, ɔkwan bɛn so na wode asɛm no totoo w’ankasa wo som adwuma ho?
5 Nsɛntitiriw a Ɛsɛ sɛ Yɛde Di Dwuma: Sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ ɔkasa a ɛne “Monyɛ Nnipa a Wɔwɔ Ayɛ” mu no, yɛbɛyɛ dɛn atumi ada anisɔ a emu dɔ adi akyerɛ Yehowa? Wɔ nhyiam asɛmti ho ɔkasa a n’asɛmti ne “Ahenni Adawurubɔfo a Nsiyɛ Kanyan Wɔn” mu no, hena nsiyɛ na wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua? Yɛn ho mu nhwehwɛmu bɛn na wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?
6 Ahwehwɛde abiɛsa bɛn na ɔkasa a wɔakyekyɛm, “Mika Nkɔmhyɛ no Hyɛ Yɛn Den Ma Yɛnantew Yehowa Din Mu” no sii so dua sɛ yennu ho ansa na yɛanya Yehowa anim dom? So yebetumi adu ho? (Mika 6:8) Sɛnea ɔkasa a wɔato din “Kura Ahotew Mu Denam Wo Koma Ho Ban a Wobɛbɔ So” kyerɛe no, akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yekura abrabɔ fam ahotew mu? Mmeae bɛn na ɔkasa, “Hwɛ Yiye Wɔ Nnaadaa Ho” no bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛmmma wɔnnnaadaa yɛn na yɛn nso yɛnnnaadaa afoforo?
7 Ɔkasa a wɔakyekyɛm a n’asɛmti ne “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔkamfo Wɔn Som” no mu nsɛntitiriw bɛn na woafi ase de redi dwuma wɔ wo som adwuma mu? Wɔ ɔkasa a ɛne “Honhom Fam Nkɔmmɔbɔ Hyɛ Den” mu no, yesusuw Filipifo 4:8 ho. Ɔkwan bɛn so na saa kyerɛwsɛm no boa yɛn ma yɛn nkɔmmɔbɔ yɛ honhom mu de, na bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?
8 Ɔkasa, “Nya Yehowa Mu Ahotoso Koraa Wɔ Ahohia Bere Mu” no susuw ɔkwan a yɛbɛfa so agyina asiane, sikasɛm mu ahokyere, ɔyare, abusua mu nsɛnnennen, ne sintɔ bi a ɛhaw yɛn daa ano ho. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Yehowa mu ahotoso bere a yɛrehyia tebea ahorow yi no?
9 Honhom Fam Agyapade Foforo: Yɛn ani gyei sɛ yɛn nsa kaa nhoma a wɔato din Som Nokware Nyankopɔn Koro No. Ɔkwan bɛn so na amanneɛbɔ a ɛkyerɛkyerɛɛ nhoma no atirimpɔw mu no kaa wo? Dɛn nti na dwuma a yɛde bedi sɛ adesua nhoma a ɛto so abien no bɛboa yɛn wɔ yɛn asuafoyɛ adwuma no mu?
10 Ɛno akyi no, yɛn nsa kaa nhoma fɛfɛ a n’asɛmti ne Bɛn Yehowa. Nhoma no afã titiriw no bi ne dɛn? Mfonini ahorow bɛn na w’ani gye ho titiriw? So kenkan a woakenkan no ama woabɛn Yehowa? Hena bio na obetumi anya mu mfaso?
11 “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam no maa yenyaa honhom fam nkuranhyɛ a yehia na yɛde agyina mmere a emu yɛ den yi ano. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya honhom fam nsiesiei a ɛda nsow yi mu mfaso koraa no, momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa nkae nea wɔkae no, yɛnkyerɛ nea yɛn nsa kae no ho anisɔ, na yɛmfa nea yesuae no nni dwuma. (2 Pet. 3:14) Saa a yɛbɛyɛ no bɛhyɛ yɛn den ma yɛakura yɛn mudi mu na yɛayɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi de asuasua Awurade Yesu Kristo, na ne nyinaa ahyɛ Yehowa anuonyam.—Fil. 1:9-11.