-
‘Ɔtreneeni Benya Nhyira’Ɔwɛn-Aban—2001 | July 15
-
-
yare anaasɛ apira no. Ebetumi ama obi ho atɔ no na n’ani agye, anaasɛ apira no.
Bere a Israel hene no rekyerɛ nea ɛka yɛn ma yɛka nsɛm bi no, ɔkae sɛ: “Ɔtan hwanyan atutuw, na ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.” (Mmebusɛm 10:12) Ɔtan de ntawntawdi ne ntɔkwaw na ɛba adesamma abusua mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa no yi ɔtan fi wɔn asetra mu. Ɔkwan bɛn so? Denam ɔdɔ a wɔde besi ananmu so. “Ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Petro 4:8) Ɔdɔ “tie ade nyinaa,” kyerɛ sɛ, “ɛkata ade nyinaa so.” (1 Korintofo 13:7; Kingdom Interlinear) Ɔdɔ pa nhwehwɛ pɛyɛ mfi nnipa a wɔnyɛ pɛ hɔ. Sɛ anka ɛbɛbɔ afoforo mfomso ahorow dawuru no, ɔdɔ a ɛte saa boa yɛn ma yebu yɛn ani gu wɔn mfomso ahorow so, gye sɛ ɛyɛ bɔne a anibere wom. Ɔdɔ gyina basabasa a wɔyɛ yɛn wɔ asɛnka mu, adwumam, anaa sukuu mu mpo ano.
Ɔhene nyansafo no toaa so sɛ: “Nhumufo anom na wohu nyansa, na abaa fata nea onni ti akyi.” (Mmebusɛm 10:13) Nhumufo nyansa kyerɛ no kwan. N’anom nsɛm a ɛhyɛ nkuran no boa afoforo ma wɔnantew trenee kwan so. Ɛnyɛ abaa—na wɔde hyɛ ɔno anaa wɔn a wotie no no ma wɔfa trenee kwan so.
“Kora Nimdeɛ”
Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛn nsɛm ‘ba sɛ nyansa abura’ mmom sen sɛ ɛbɛworo sɛ asuwa wɔ nneɛma nketenkete ho? (Mmebusɛm 18:4) Salomo buae sɛ: “Anyansafo kora nimdeɛ, na ogyimfo ano yɛ abu a ɛbɛn.”—Mmebusɛm 10:14.
Ahwehwɛde a edi kan ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛma denhyɛ hyɛ yɛn adwenem. Beae koro pɛ na yebenya saa nimdeɛ no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” (2 Timoteo 3:16, 17) Ɛsɛ sɛ yɛkora nimdeɛ na yɛbɔre hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu sɛ nea yɛrehwehwɛ akorade a ahintaw. Hwɛ anigye ne mfaso a ɛwɔ adehwehwɛ a ɛte saa so!
Sɛ wobehu nyansa wɔ yɛn ano a, ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ du yɛn komam nso. Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adebɔne adi; na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na n’ano ka.” (Luka 6:45) Enti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yebesusuw nea yɛresua no ho. Ɛwom sɛ, adesua ne nsɛm ho a yesusuw gye mmɔdenbɔ de, nanso hwɛ sɛnea adesua a ɛte saa ma yɛyɛ den honhom fam! Ɛho nhia sɛ obi yɛ ɔkasafo a ɔkeka nsɛnhunu a ɛsɛe ade.
Yiw, onyansafo yɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so na onya afoforo so nkɛntɛnso pa. Onya honhom fam aduan pii na ɔyɛ pii wɔ Awurade adwuma a mfaso wɔ so no mu. (1 Korintofo 15:58) Esiane sɛ ɔyɛ onipa a ɔnam pɛyɛ mu nti, ɔnantew dwoodwoo na onya Onyankopɔn anim dom. Nokwarem no, ɔtreneeni nhyira dɔɔso. Ɛmmra sɛ yɛbɛhwehwɛ trenee denam yɛn asetra a yɛbɛma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa papa ne bɔne ho no ahyia so.
-
-
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo HɔƆwɛn-Aban—2001 | July 15
-
-
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Yɛkenkan wɔ 1 Petro 4:3 sɛ na Kristofo binom de wɔn ho ahyɛ “abosonsom a wokyi” mu bere bi. So ɛnyɛ abosonsom nyinaa na Onyankopɔn kyi, kasa tia, na ɔbra?
Yiw, wɔ Onyankopɔn ani so no, wokyi abosonsom nyinaa. Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya n’anim dom no ntumi mfa wɔn ho nhyɛ abosonsom mu.—1 Korintofo 5:11; Adiyisɛm 21:8.
Nanso, ɛte sɛ nea na ɔsomafo Petro reka abosonsom foforo ho asɛm. Ade biako ne sɛ, na abosonsom abu so wɔ tete aman pii mu a na atumfoɔ no nhyɛ mmara biara ntia. Ɛkyerɛ sɛ, asase no so mmara ammra abosonsom a ɛtete saa no. Ná abosonsom no bi mpo ka ɔman anaa nniso no nhyehyɛe ho. Wɔ saa kwan no so no, ebinom de wɔn ho hyɛɛ ‘abosonsom mu a na mmara ntia wɔn’ ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo. (New World Translation, 1950 de no) Sɛ nhwɛso no, yebetumi ahyɛ no nsow sɛ Babilon hene Nebukadnesar de sika honi bi sii hɔ, nanso Yehowa asomfo Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego ansom.—Daniel 3:1-12.
Ɔkwan foforo so no, abosonsom amanne pii wɔ hɔ a nneɛma a wɔyɛ wɔ mu no ne awosu mmara anaa abrabɔ ho adwene a ɛfata a efi ahonim a yenya fi awo mu no biara nhyia. (Romafo 2:14, 15) Ɔsomafo Paulo kyerɛw animguasede a na ‘ɛnyɛ ne kwan so’ ne “adapaade” a na wɔtaa yɛ wɔ ɔsom ho amanne mu no ho asɛm. (Romafo 1:26, 27) Na mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho hyɛ abosonsom a wokyi mu no nni awosu mmara a esiw wɔn kwan no so. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛfata sɛ wɔn a wɔrebɛyɛ Kristofo no gyae saa nneɛma bɔne no yɛ.
Nea yɛaka ho asɛm dedaw no akyi no, Yehowa Nyankopɔn kasa tiaa abosonsom a ɛte saa a na abu so wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu no. Enti na etia mmara ankasa.a—Kolosefo 3:5-7.
-