Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkaebɔ Ahorow
    Ahenni Som—2003 | January
    • Nkaebɔ Ahorow

      ◼ January: Mubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na afe 1987 reba a mo asafo no wɔ bi ama. Yebetumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ no nso ama. February: Bɛn Yehowa. Yebetumi de Creation nhoma no anaa Adiyisɛm Awiei nhoma no nso ama. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden titiriw afi ofie Bible adesua ahorow ase. April/May: Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa bɛma.

      ◼ Efi March no baguam kasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Ogye a Yebenya Afi Wiase a Aduru Sum Mu.”

      ◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow yɛ nhyehyɛe a ɛfata de di afe yi Nkaedi no Wukuda, April 16, bere a owia akɔtɔ. Ɛwom sɛ mubetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ mode bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Baabi a asafo dodow bi kɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa nea ɛboro saa betumi akɔhwehwɛ ɔdan foforo akɔ mu saa anwummere no. Yɛhyɛ nyansa sɛ baabi a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, moma simma 40 da dwumadi ahorow no ntam na ama mo nyinaa anya afahyɛ no so mfaso pii. Ɛsɛ sɛ mususuw kar nkyereso ne mmeae a wɔde kar besisi, a baabi a afoforo bɛforo kar ne baabi a wobesi nso ka ho no ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no hu nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no.

      ◼ Efi Ahenni Som yi so rekɔ no, nhoma foforo a ebi wɔ hɔ a wɔahyehyɛ no remma Yɛn Ahenni Som mu bio. Yɛbɛkɔ so de “Nkaebɔ a Wɔde Kɔma Asafo Ahorow Nyinaa” akɔma asafo ahorow nyinaa ɔsram biara. Yɛrekae mo sɛ, sɛ mo nsa ka “Nkaebɔ a Wɔde Kɔma Asafo Ahorow Nyinaa” no a, ɛsɛ sɛ mode nhoma ahorow a mo asafo no behia a ɛwom no ho nkaebɔ to gua wɔ Ɔsom Nhyiam a edi hɔ ase. Afei, mubetumi de nkaebɔ no abɔ amanneɛbɔ pon so. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ ɔsomfo a ɔhwɛ nhoma so no de to ne nneɛma mu.

  • Nsɛm a Yebetumi Aka De Bɛn Yehowa Nhoma no Ama
    Ahenni Som—2003 | January
    • Nsɛm a Yebetumi Aka De Bɛn Yehowa Nhoma no Ama

      ◼ Bere a wo Bible kura wo nsam no, ka sɛ: “Nnipa pii a wogye Onyankopɔn di no bɛpɛ sɛ wɔbɛn no. So wunim sɛ Onyankopɔn to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no? [Kenkan Yakobo 4:8.] Wɔasiesie saa nhoma yi na aboa nkurɔfo ma wɔde wɔn ankasa Bible adi dwuma na wɔatumi abɛn Onyankopɔn.” Kenkan kratafa 16 nkyekyɛm 1.

      ◼ Bere a wo Bible kura wo nsam no, ka sɛ: “Ntɛnkyea abu so nnɛ. Ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ ha yi pɛpɛɛpɛ. [Kenkan Ɔsɛnkafo 8:9b.] Nnipa pii susuw ho sɛ ebia Onyankopɔn dwen yɛn ho anaa. [Kenkan kratafa 119 nkyekyɛm 4 no kasamu abien a edi kan no.] Saa ti yi kyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ama ntɛnkyea ho kwan besi nnɛ no mu.”

  • Asɛmmisa Afã
    Ahenni Som—2003 | January
    • Asɛmmisa Afã

      ◼ Bere bɛn na ɛfata sɛ wɔtew kuw bi a wɔka ɔman foforo so kasa?

      Sɛ nnipa a wɔka ɔman foforo so kasa dɔɔso wɔ asafo bi asasesin mu a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ saa kasa no mu. (km-TW 7/02 kra. 1; km-TW 2/98 kra. 3-4) Ebetumi aba sɛ nnipa a wɔka ɔman foforo so kasa no dɔɔso yiye wɔ asafo ahorow abien anaa nea ɛboro saa nsasesin mu. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, amansin so ahwɛfo no de akwankyerɛ a ehia bɛma, na waboa asafo ahorow a ɛyɛ wɔn nsasesin no ma wɔayɛ biako wɔ asɛnka adwuma no mu. Bere ne bere mu no, wobetumi ayɛ baguam ɔkasa anaa Ɔwɛn-Aban Adesua ho nhyehyɛe de ahwɛ ahu nnipa dodow a wɔbɛba nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ ɔman foforo so kasa mu no.

      Wobetumi atew kuw a wɔka ɔman foforo so kasa bere a wodu ahwehwɛde ahorow a edidi so yi ho no: (1) Adawurubɔfo ne anigyefo wɔ hɔ a wɔte asɛmpa no ase yiye wɔ saa kasa no mu. (2) Ɔpanyin anaa ɔsomfo a ɔfata wɔ hɔ a obedi anim ma wɔayɛ anyɛ yiye koraa no, nhyiam biako dapɛn biara. (3) Mpanyimfo kuw bi wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa kuw no. Sɛ wodu ahwehwɛde ahorow yi ho a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bɔ baa dwumadibea no amanneɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ kuw a ɛte saa wɔ hɔ na ama wɔatumi de akwankyerɛ foforo ama.

      Kuw dodow no ara fi ase denam Asafo Nhoma Adesua a wɔyɛ no dapɛn biara so. Akyiri yi, mpanyimfo no betumi apene so de nhyiam foforo aka ho, te sɛ Baguam Ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua. Wobetumi ayɛ Dwumadi a Ɛto so 2, 3, ne 4 no wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu wɔ sukuudan a ɛto so abien mu, na ɔpanyin anaa ɔsomfo a ɔfata na ɔte saa kasa no asom sɛ ɔfotufo. Nanso, kuw no bɛka asafo no ho wɔ ɔkyerɛkyerɛ kasa, Bible mu nsɛntitiriw, ne Ɔsom Nhyiam no mu. Wobetumi ayɛ asɛnka nhyiam nso ama kuw no.

      Kuw no mufo nyinaa de biakoyɛ yɛ adwuma wɔ mpanyimfo kuw no akwankyerɛ ase. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de akwankyerɛ a ɛkari pɛ ma na wodi anim ma wodi kuw no ahiade ho dwuma. Sɛ ɔmansin sohwɛfo no kɔsra asafo a ɛhwɛ kuw no so no a, ɔbɛyɛ nhyehyɛe ne kuw no nso ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ wɔn den wɔ honhom fam. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, kuw a wɔka ɔman foforo so kasa no betumi abɛyɛ asafo.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena