Adesua 9
Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asomfo Ho Tew
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ho tew wɔ ɔkwan biara so? (1)
Dɛn na yɛn ho a yɛbɛma atew no kyerɛ wɔ honhom fam? (2) abrabɔ fam? (3) adwene mu? (4) honam fam? (5)
Kasafĩ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati? (6)
1. Yehowa Nyankopɔn ho tew na ɔyɛ kronkron. Ɔhwɛ kwan sɛ n’asomfo ho bɛkɔ so atew—honhom fam, abrabɔ fam, adwene mu, ne honam fam. (1 Petro 1:16) Egye mmɔdenbɔ ankasa na yɛama yɛn ho akɔ so atew wɔ Onyankopɔn ani so. Yɛte wiase a ɛho ntew mu. Ɛsɛ sɛ yɛsan ko tia yɛn ankasa su horow a ɛtɔ kɔ bɔne so no. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw.
2. Honhom Fam Ahotew: Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa a, yentumi nkura atoro som nkyerɛkyerɛ anaa amanne biara mu. Ɛsɛ sɛ yefi atoro som mu na ɛnsɛ sɛ yegyina akyi wɔ ɔkwan biara so. (2 Korintofo 6:14-18; Adiyisɛm 18:4) Sɛ yesua Onyankopɔn ho nokware no ara pɛ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma nnipa a wɔkyerɛkyerɛ atosɛm annaadaa yɛn.—2 Yohane 10, 11.
3. Abrabɔ Fam Ahotew: Yehowa pɛ sɛ n’asomfo bɔ wɔn bra sɛ nokware Kristofo bere nyinaa. (1 Petro 2:12) Ohu biribiara a yɛyɛ, kokoam de mpo. (Hebrifo 4:13) Ɛsɛ sɛ yɛkwati nna mu ɔbrasɛe ne wiase yi mu nneyɛe foforo a ɛho ntew.—1 Korintofo 6:9-11.
4. Adwene Mu Ahotew: Sɛ yɛde nsusuwii a ɛho tew, na ɛyɛ kronn hyɛ yɛn adwene mu a, yɛn abrabɔ nso ho bɛtew. (Filipifo 4:8) Nanso sɛ yɛde yɛn adwene si afide so a, ɛbɛma yɛayɛ nneɛma bɔne. (Mateo 15:18-20) Ɛsɛ sɛ yɛkwati anigyede ahorow a ebetumi ama yɛn adwene ho agu fĩ. Yebetumi de nsusuwii a ɛho tew ahyɛ yɛn adwenem denam Onyankopɔn Asɛm a yebesua so.
5. Honam Fam Ahotew: Esiane sɛ Kristofo gyina Onyankopɔn ananmu nti, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn nipadua ne wɔn ntade ani tew. Ɛsɛ sɛ yɛhohoro yɛn nsa bere a yɛakɔ tiafi awie, na ɛsɛ sɛ yɛhohoro ansa na yɛadidi anaa yɛaso aduan mu. Sɛ wunni tiafi a nsu twe kɔ a, ɛsɛ sɛ wode hyɛ fam kata so. (Deuteronomium 23:12, 13) Ahotew boa ma yenya akwahosan pa. Ɛsɛ sɛ Kristoni fie mu ne akyi nyinaa tew. Ɛsɛ sɛ ɛda nsow wɔ mpɔtam hɔ sɛ nhwɛso pa.
6. Kasa a Ɛho Tew: Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ka nokware bere nyinaa. Atorofo renkɔ Onyankopɔn Ahenni mu. (Efesofo 4:25; Adiyisɛm 21:8) Kristofo nka kasafĩ. Wontie na wɔnka nsɛnhunu anaa nsɛm a ɛho ntew. Esiane wɔn kasa a ɛho tew no nti, wɔda nsow wɔ adwumam anaa sukuu ne baabi a wɔte.—Efesofo 4:29, 31; 5:3.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18, 19]
Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ho tew wɔ biribiara mu