Krataa A Efi Sodikuw No Hɔ
Anuanom Mmarima ne Mmea Adɔfo:
“Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.” (1 Kor. 1:3) Monhwɛ sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ bere bi bɛba a nea ɛhome nyinaa de anuonyam a ɛsɛ Yehowa bɛma no! (Dw. 150:6) Bere a yɛtwɛn saa da kɛse no, yɛkɔ so ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ ma afoforo bɛyɛ asuafo.
Yehowa nnwuma no mu nea wɔde adwene asi so titiriw nnɛ wɔ asase so ne asɛmpaka adwuma no. (Marko 13:10) Esiane sɛ yenim yiye sɛ Yehowa ani gye adwuma yi ho nti, yɛbɔ ho mpae bere a yenim sɛ onipa biara wɔ hokwan sɛ onya agyede nsiesiei no so mfaso no. (Adi. 14:6, 7, 14, 15) Nokwarem no, yehyia nsɛnnennen de, nanso hwɛ sɛnea yɛde aseda ma sɛ ‘wofi ɔsoro ama yɛn ahoɔden’ sɛ yɛmfa nwie ɔsom adwuma yi!—Luka 24:49.
Yenya akomatɔyam bere a yɛhwɛ nea yɛyɛe wɔ ɔsom afe a atwam no mu na yesusuw nea Yehowa nam n’asomfo anokwafo so ayɛ ho no. Honhom kronkron a ɛhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den no ama wɔada ɔdɔ a ɔte sɛ Kristo de no adi, na wɔadi nitan so wɔ wiase nyinaa. Ɔdɔ a ɛte saa no daa adi wɔ yɛn amantam nhyiam no ase. Efi June kosi December 2003 no, anuanom a wofi aman bɛboro ɔha mu kɔɔ amanaman ntam nhyiam 32 a wɔyɛe wɔ nsasepɔn asia so no. Wobisabisaa asɛmpatrɛwfo, amanaman ntam asomfo, ne Betelfo a wɔsom wɔ amannɔne no nsɛm wɔ amantam ne amanaman ntam nhyiam no ase.
Wɔ nhyiam ahorow yi ase no, yenyaa nhoma ‘Hwɛ Asase Pa No’ ne Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Afei nso, wɔde too gua sɛ wobeyi Akwampaefo Ɔsom Sukuu nhoma a wɔayɛ no foforo no adi wɔ ɛrekɔ 2004 ɔsom afe no awie. Wɔn a wɔde mfe pii ayɛ akwampae adwuma no de nkakrankakra ne akwampaefo a wɔyɛ foforo bɛbom akɔ sukuu no bi.
Onyankopɔn mmoa ne ayamye a nnipa ada no adi ama yɛatumi asisi Ahenni Asa pii wɔ aman a wɔn ho nso titiriw no so. Esiane sɛ nnipa pii hia honhom fam aduan wɔ wiase nyinaa nti, yɛretrɛw baa dwumadibea ahorow mu wɔ nsase pii so. Mprempren Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase So Daa! nhomawa no wɔ kasa horow 299 mu, na wɔatintim ɔpepem 139; Wɔatintim Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no bɛboro ɔpepem 93 wɔ kasa horow 161 mu; na wɔatintim Dɛn Na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bɛboro ɔpepem 200 wɔ kasa horow 267 mu.
Yɛde anigye kɛse rema nnipa 258,845 a wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ ɔsom afe a etwaam no mu akwaaba! Ɛwom sɛ Onyankopɔn Ahenni a mugyina akyi no ama Satan de n’ani asi mo so tan mo paa de, nanso ama moanya Yehowa nhyira ne n’ahobammɔ soronko bere a mutu mmirika a ɛda mo anim no. (Heb. 12:1, 2; Adi. 12:17) Yiw, munnya awerɛhyem sɛ ‘Nea ɔhwɛ mo no rentɔ nko.’—Dw. 121:3.
Afe asɛm ma 2004 a ɛne sɛ “Monwɛn . . . munsiesie mo ho nsie” no aba wɔ ne bere mu paa. (Mat. 24:42, 44) Onyankopɔn Asɛm ka Kristofo ho asɛm sɛ wɔyɛ ahɔho wɔ nneɛma nhyehyɛe a ɛresɛe yi mu. (1 Pet. 2:11; 4:7) Enti, ehia sɛ yɛde yɛn adwene si honhom fam nneɛma so, kwati akɛsesɛm, na yɛpɛɛpɛɛ yɛn koma mu yiye. “Ɔtweaseɛ Kɛse no” pɛ sɛ ɔmene yɛn, na ɔde yɛn hyɛ ne nneɛma nhyehyɛe no mu.—Adi. 12:9.
Ade a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn ne sɛ yɛbɛkenkan Bible da biara. Ebetumi aboa yɛn ‘ma yɛn Yiw ayɛ Yiw’ wɔ yɛn ho a yɛahyira sɛ ‘yebeso nea yefii ase de yɛn ho too so no mu pintinn akodu awiei no mu.’ (Yak. 5:12; Heb. 3:14) Da biara Bible akenkan betumi aboa yɛn ma yɛakae sɛnea wiase no atwe ne ho afi Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛnsakra no ho akɔ akyirikyiri no. (Mal. 3:6; 2 Tim. 3:1, 13) Bible mu nimdeɛ betumi aboa yɛn ma yɛakwati “anansesɛm a wɔtoo no nyansam,” na yɛakɔ so adi Yehowa nokware.—2 Pet. 1:16; 3:11.
Awofo, bere a mode Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ tete mo mma no, so moreboa wɔn ma wɔde honhom fam botae horow asisi wɔn anim na ama ‘wɔawɛn’? (Efe. 6:4) So moretete wɔn ma wɔasusuw wɔn daakye ho te sɛ nea onipa a onim nyansa sen biara a watra asase so pɛn no yɛe no? Na anka Yesu betumi ayɛ duadwumfo, obi a ɔbɔre hwehwɛ nneɛma mu, anaa oduruyɛfo a ɔsen biara a watra ase pɛn, nanso ɔyɛɛ bere nyinaa som adwuma no. Momma ne nhwɛso no nkanyan mo ma mommoa mo mma na wɔmfa Ahenni nneɛma nni kan wɔ wɔn asetra mu.
Akoa nokwafo kuw no a Sodikuw no yɛ wɔn ananmusifo no fi koma nyinaa mu de aseda ma “nnipakuw kɛse” no sɛ wɔboa yɛn ma yedi yɛn asɛyɛde sɛ yɛmma ‘wɔnka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa mfa nni amanaman nyinaa adanse’ no so. (Adi. 7:9; Mat. 24:14, 45) Adɔfo, munnya Yehowa mu awerɛhyem sɛ ɔkae “mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn” no. (Heb. 6:10) Bere a mokenkan osuahu ahorow a ɛyɛ anigye na muhu nea afi mmɔden a yɛabom abɔ no mu aba wɔ nkratafa a edi hɔ no mu no, munhu sɛ moyɛɛ mo fam de wɔ adanse a yedii wɔ wiase nyinaa no mu.
Ɛmmra sɛ mode akokoduru bɛhwɛ nea ɛbɛba daakye no kwan bere a mokɔ so ‘hwɛ akatua’ no, na mommma onipa anaasɛ adaemone biara nnye mfi mo nsam no. (Heb. 11:26; Kol. 2:18) Yiw, yɛwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔdɔ no nyinaa ma wɔanya daa nkwa.—Yoh. 6:48-54.
Munnya awerɛhyem sɛ yɛne mo nyinaa bom de anigye som Yehowa, hyɛ no anuonyam.
Mo nuanom,
Yehowa Adansefo Sodikuw