Akofo Dɔm Ntua a Ɛka Wo
1, 2. Ɔkwan bɛn so na ɛnnɛ Onyankopɔn asomfo ho wɔ nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm 9:13-19 no mmamu mu?
1 “Ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛnee.” Ɛno akyi no, “ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so” a wɔn dodow yɛ “ɔpedu ahorow ɔpeduonu” teɛteɛɛm. Wɔyɛ akofo dɔm kɛse. “Apɔnkɔ no ti te sɛ agyata ti.” Ná ogya, wusiw, ne sufre fi wɔn anom ba, na wɔn “dua no te sɛ awɔ.” Sɛnkyerɛnne kwan so akofo dɔm ntua yi sɛe nneɛma. (Adi. 9:13-19) So wunim sɛnea wo ho wɔ nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi mmamu mu?
2 Nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo, nguan foforo no, de biakoyɛ da Onyankopɔn atemmu adi. Eyi ma afoforo hu koraa sɛ Kristoman awu wɔ honhom fam. Ma yɛnhwehwɛ nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu yi mu nneɛma abien a esi nea enti a Onyankopɔn asomfo som adwuma tu mpɔn kɛse saa so dua no mu.
3. Ntetee bɛn na woanya na ama woaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ ma atu mpɔn?
3 Wɔatete Wɔn Asiesie Wɔn Ma Wɔka Onyankopɔn Asɛm Kyerɛ: Wɔde Teokrase Ɔsom Sukuu no ne asafo nhyiam ahorow tete Onyankopɔn asomfo ma wɔde tumi ka Onyankopɔn asɛm kyerɛ. Wɔkɔhwehwɛ wɔn a wɔsɛ, ka asɛm wɔ baabiara a wobehu nnipa de suasua Yesu ne n’asuafo no. (Mat. 10:11; Marko 1:16; Luka 4:15; Aso. 20:18-20) Hwɛ sɛnea ɔkwan a wɔfa so ka asɛm a egyina Bible so yi atu mpɔn!
4. Nnwinnade bɛn na adawurubɔfo pii wɔ a ɛma wotumi yɛ wɔn adwuma no?
4 Kristofo asomfo de Bible, nhoma, nhomawa, ne nsɛmma nhoma ɔpepepem pii amema bere a wɔyɛ asɛnka adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no. Wɔayɛ nhoma ahorow yi wɔ kasa bɛyɛ 400 mu na ɛnam akwan a ɛbɛma nnipa ahorow ani agye so ka nneɛma pii ho asɛm. So wode nhoma ahorow yi redi dwuma yiye?
5, 6. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa gyina ne nkurɔfo akyi?
5 Onyankopɔn Akwankyerɛ ne Mmoa: Nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu no ma ɛda adi pefee nso sɛ Onyankopɔn gyina adwuma a sɛnkyerɛnne kwan so akofo dɔm ntua no reyɛ no akyi. (Adi. 9:13-15) Ɛnyɛ nnipa nyansa anaa wɔn tumi na ɛma wɔyɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma no, na mmom Yehowa honhom. (Sak. 4:6) Yehowa de abɔfo kyerɛ adwuma yi kwan. (Adi. 14:6) Enti, Yehowa de mmoa ma de ka mmɔden a N’adansefo a wɔyɛ nnipa bɔ de twe ahobrɛasefo ba ne nkyɛn no ho.—Yoh. 6:45, 65.
6 Esiane sɛ wɔatete Yehowa nkurɔfo asiesie wɔn yiye ma wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ, na wɔyɛ adwuma no wɔ abɔfo akwankyerɛ ase nti, obiara ntumi mma wonnyae nea wɔyɛ no. Momma yɛnkɔ so nyɛ yɛn fam de mfa mma nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu a ɛyɛ anigye yi nya mmamu.