-
Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2004Ahenni Som—2003 | December
-
-
Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2004
1 Yehowa siesie nnipa mpapahwekwa ma wɔyɛ adwuma a ɛho hia wɔ wiase nyinaa. Ɔkwan biako a ɔfa so yɛ saa ne ntetee a wɔde ma dapɛn biara wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no. So wunya mu kyɛfa kɛse sɛnea wo nsɛm tebea ma kwan? Wɔ January mu no, yɛbɛyɛ nsakrae kakra a ɛbɛboa asuafo ma wɔanya nhyehyɛe no so mfaso koraa.
2 Ɔfotufo Boafo a Wɔsesa No: Anuanom a wɔma ɔkyerɛkyerɛ kasa ne Bible mu nsɛntitiriw no akyerɛ nea ɔfotufo boafo no ka kyerɛ wɔn no ho anisɔ. Baabi a wɔwɔ mpanyimfo a wɔfata a wɔdɔɔso no, wobetumi asesa ɔfotufo boafo no afe biara. Saa kwan yi so no, wobetumi akyɛ adwuma no ayɛ; nanso nea ehia kɛse no, mpanyimfo ne asafo mu asomfo benya akasafo ne akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw osuahu so mfaso.
3 Ntimu Ho Nhyehyɛe: Sɛ mo asafo no bɛkɔ ɔmansin nhyiam wɔ dapɛn a mobɛyɛ ntimu no mu a, ɛsɛ sɛ moyɛ ntimu no (ne dapɛn no mu dwumadi a aka no) dapɛn a edi hɔ no, na moyɛ dapɛn a edi hɔ no dwumadi no wɔ nhyiam dapɛn no mu. Nanso, ɛho nhia sɛ mobɛsesa adapɛn abien mu dwumadi nyinaa bere a ntimu no ne ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ hyia no. Mmom no, ɛsɛ sɛ moto dwom no, ma ɔkasa su no na moyɛ Bible mu nsɛntitiriw a wɔakyerɛ no. Ɛsɛ sɛ muyi ɔkyerɛkyerɛ kasa (a wɔma wɔ ɔkasa su no akyi) no fi dapɛn a edi hɔ no dwumadi no mu. Bere a moawie no, mobɛyɛ simma aduasa Ɔsom Nhyiam a mubetumi akyɛ dwumadi no mu abiɛsa a emu biara kura simma 10 anaasɛ abien a emu biara kura simma 15. (Ɛsɛ sɛ muyi nkaebɔ ahorow no fi mu.) Dwom ne simma aduasa dwumadi a ɔmansin sohwɛfo no bɛyɛ no bɛba wɔ Ɔsom Nhyiam no akyi. Mode ɔkasa su no ne Bible mu nsɛntitiriw a wɔakyerɛ no befi dapɛn a edi hɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no ase, na moayɛ ntimu no wɔ ɛno akyi.
4 Fa hokwan biara di dwuma na ama woanyin wɔ honhom mu. Bere a wunya Teokrase Ɔsom Sukuu adesua no so mfaso no, wohyɛ asafo no nkuran, woboa ma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu, na wode ayeyi brɛ Nea anigyesɛm a ɛsɛ sɛ yɛbɔ no dawuru fi no no.—Yes. 32:3, 4; Adi. 9:19.
-
-
Video a Ɛma Yehu Nea Ɛrekɔ So Wɔ Ayaresa MuAhenni Som—2003 | December
-
-
Video a Ɛma Yehu Nea Ɛrekɔ So Wɔ Ayaresa Mu
Mmaranimfo ne ayaresafo de nidi kɛse ma ayarefo na wɔyɛ nea wɔpɛ ma wɔn. Eyi ama wɔanya akwan foforo a wɔfa so sa yare a Yehowa Adansefo betumi anya so mfaso. (Aso. 15:28, 29) Ɛno na Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights (Ayaresa a Wɔmma Mogya Wom—Ayarefo Apɛde a Wɔyɛ Ma Wɔn) video no twe adwene si so. Hwɛ na susuw nea wuhui no ho.—Hyɛ no nsow: Esiane sɛ wɔyɛ oprehyɛn kakra wɔ video no mu nti, ɛsɛ sɛ awofo de anifere di dwuma bere a wɔne wɔn mma nkumaa rehwɛ no.
(1) Dɛn nti na nnuruyɛfo asan susuw mogya a wɔde ma no ho? (2) Fa oprehyɛn a ɛyɛ den a wɔmma mogya wom ho nhwɛso abiɛsa ma. (3) Nnuruyɛfo baahe na wɔwɔ wiase nyinaa a wɔakyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsa ayarefo yare a wɔmma wɔn mogya? Dɛn nti na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa? (4) Dɛn na nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ ayaresabea nnansa yi ama wɔahu wɔ mogya a wɔde di dwuma ho? (5) Ayaresa mu ɔhaw ahorow bɛn na ɛwɔ mogya a wɔde ma mu? (6) Gyinae bɛn na abenfo pii asi wɔ nnuru a wɔde si mogya ananmu so mfaso ho? (7) Dɛn na ɛma obi mogya so tew? Sɛ ɛso tew a, nna ahe na obetumi atra ase? Dɛn na wobetumi ayɛ de anya bi asi ananmu? (8) Dɛn na wobetumi ayɛ na ɔyarefo no atumi anya mogya mu nkwaboaa kɔkɔɔ pii? (9) Akwan bɛn na wɔfa so na amma obi anhwere mogya pii wɔ oprehyɛn mu? (10) So nnuru a wɔde si mogya ananmu betumi aboa mmofra anaa nnipa a wɔyare denneennen no? (11) Ayaresa a ɛyɛ papa ho mmara atitiriw no mu biako ne dɛn? (12) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo di kan paw ayaresa a wɔmma mogya wom? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
Ayaresa a wɔka ho asɛm wɔ video no mu no bi yɛ ade a obi ankasa na obesi ho gyinae ma ɛne n’ahonim a ɔde Bible atete no ahyia. So woasi nnuru a wɔde si mogya ananmu a wobɛpɛ sɛ wo ne wo mma gye no ho gyinae? Ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo gyinae no ne nea enti a woasi no mu kyerɛ abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ June 15 ne October 15, 2000 Ɔwɛn-Aban no mu no.
-