Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkaebɔ Ahorow
    Ahenni Som—2004 | May
    • Nkaebɔ Ahorow

      ◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa mma. Sɛ morekɔ nnipa a wɔkyerɛ anigye, te sɛ wɔn a wɔba Nkaedi anaa asafo dwumadi afoforo ase nanso wɔmfaa wɔn ho mmɔɔ ahyehyɛde no yiye nkyɛn sankɔhwɛ a, monhwɛ nhu sɛ mode Som Nyankopɔn nhoma no bɛma wɔn. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden biara sɛ mo ne ankorankoro a wɔasua Nimdeɛ nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no awie dedaw no titiriw befi nhoma no sua ase. June: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ ebinom ka sɛ wonni mma a, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma wɔn. Sɛ mode nhomawa no rema a, momfa mo adwene nsi ofie Bible adesua a mubefi ase so. July ne August: Mubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu.

      ◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu June 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ moyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a mode sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ ama awie no.

  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yɛde Bɛma
    Ahenni Som—2004 | May
    • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yɛde Bɛma

      ◼ “Sɛ nnipa nyinaa de saa asɛm yi bɔ wɔn bra a, wususuw sɛ wiase tra bɛyɛ anigye? [Kenkan Mateo 7:12a. Afei twɛn ma ommua.] Ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a watra ase pɛn no ho nsɛm pii wɔ nhoma yi mu a yebetumi asua.” Twe adwene si mfonini no ne ɛho nsɛm a ɛwɔ ti 17 no so.

      ◼ “Ɛnnɛ, awofo pii bɔ mmɔden sɛ wɔde abrabɔ pa ho adwene bedua wɔn mma mu. Wote nka sɛ eyi ho hia? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 22:6.] Hyɛ no nsow sɛ wɔhyɛ awofo nkuran sɛ womfi ase ntete wɔn mma bere a wosua paa no. Wɔayɛ nhoma yi na aboa wɔn ma wɔatumi ayɛ saa.” Twe adwene si mfonini no ne ɛho nsɛm a ɛwɔ ti 15, 18, anaa 32 no so.

      ◼ “Mpɛn pii no, nsɛm a mmofra bisa wɔn awofo no ma wɔn ho dwiriw wɔn. Ebetumi ayɛ den sɛ wobɛma nsɛm no bi ho mmuae, ɛnte saa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan 2 Timoteo 3:14, 15.] Timoteo maame ne ne nanabea de Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ no fii ne mmofraase pɛɛ. Nhoma yi betumi aboa awofo ma wɔayɛ saa ara ama wɔn mma nnɛ.” Twe adwene si mfonini no ne ɛho nsɛm kakra bi so wɔ ti 11, ne 12 anaa 34 kosi 36 no.

  • Nsɛm a Ɛboa Ɔmanfo
    Ahenni Som—2004 | May
    • Nsɛm a Ɛboa Ɔmanfo

      Nokware Kristofo reyɛ baguam asɛmpatrɛw adwuma. (Fil. 2:17) Nea ɛbɛboa ama adwuma no akɔ so no, wɔde nhomawa, nkratawa, ne nsɛm a wɔakyerɛ ase kɔ kasa horow 20 mu agu Intanɛt so wɔ www.watchtower.org. Ɛnyɛ Intanɛt dwumadibea yi atirimpɔw ne sɛ wɔbɛfa so akyekyɛ nhoma a wɔatintim no foforo ama Yehowa Adansefo. N’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma ɔmanfo nsa aka nsɛm a ɛyɛ nokware a ɛfa nea Yehowa Adansefo fi Bible mu kyerɛkyerɛ no ho.

      Nnansa yi, wɔde ade titiriw bi aka nneɛma a ɛwɔ yɛn Intanɛt dwumadibea so no ho. Eyi ne nhomawa a wɔato din Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? a yɛakyerɛ ase kɔ kasa horow bɛboro 220 mu no. Afei nso, efi January 1 Ɔwɛn-Aban ne January 8 Nyan! so reba no, yɛde yɛn Intanɛt dwumadibea address no aba nsɛmma no akyi.

      Ɔkwan bɛn so na wubetumi de adwinnade yi adi dwuma? Ɛne sɛ, ebia wubehyia obi a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye nanso ɔnte wo kasa. Sɛ otumi bue Intanɛt a, wubetumi akyerɛ no yɛn Intanɛt dwumadibea address a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! akyi no. Saa kwan no so no, obetumi ahwehwɛ Ahwehwɛde nhomawa no mu wɔ n’ankasa kasa mu kosi sɛ wobɛsan akɔ ne nkyɛn akɔma no nhoma a obetumi akenkan wɔ ne kurom kasa mu. Anaasɛ wubetumi adan no ama asafo anaa kuw bi a ɛka ne kurom kasa no.

  • January Ɔsom Akontaabu
    Ahenni Som—2004 | May
    • January Ɔsom Akontaabu

      Nnɔn. Nsɛm. San. BA

      Dodow: Nky. Nky. Nky. Nky.

      Akw. Tit. 176 131.6 12.2 78.4 16.3

      Akw. 4,404 57.7 8.5 30.9 7.1

      Akw.Abf. 1,535 50.2 7.5 22.4 5.8

      Adwf. 66,707 12.2 1.8 5.8 2.0

      NKABOM 72,822 Asubɔfo: 42

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena