Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Mo Brɛ Nyɛ Ɔkwa”
    Ahenni Som—2000 | June
    • “Mo Brɛ Nyɛ Ɔkwa”

      1 Nkuranhyɛ nsɛm bɛn ara ni! Mmɔden a wobɔ wɔ Yehowa som mu no nyɛ ɔkwa. (1 Kor. 15:58) Nanso, susuw sɛnea nkurɔfo kum wɔn ho yɛ adwumaden de hwehwɛ dibea a ɛkorɔn wɔ asetram, anaa sika no ho hwɛ. Ebia wɔbɛkɔ sukuu akɛse, anaasɛ wobekum wɔn ho ayɛ adwuma de apɛ honam fam nneɛma. Nanso, esiane sɛ “ɛbere ne [asiane, NW]” wɔ hɔ nti, ebia wɔn nsa ntumi nka nea wɔrehwehwɛ no, anaasɛ wɔbɛfa honam fam nneɛma kakra a wɔanya no saa ara. Wɔn brɛ no ayɛ ɔkwa “ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnk. 1:14; 9:11) Ɛnde, hwɛ hia a ehia sɛ yɛbɛyere yɛn ho wɔ adwuma koro pɛ a mfaso wɔ so daa na enni yɛn huammɔ no mu!

      2 Adwuma a Ɛsom Bo Ankasa: Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a yɛka no ne adwuma a ehia sen biara wɔ asase so. Ɛno ne adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ nkurɔfo tie anaasɛ wontie no. Yɛpɛ sɛ yetumi ka nea Paulo kae no bi: “Me ho afi mo nyinaa mogya ho; efisɛ mansiw biribiara so sɛ ebia merenka Onyankopɔn tirim agyina nyinaa menkyerɛ mo.”—Aso. 20:26, 27.

      3 Sɛ nkurɔfo tie Ahenni ho asɛm no na wɔyɛ ho biribi a, hwɛ anigye ara a yenya! Ababaa bi sewaa wui. Na ɔpɛ sɛ ohu faako a ne sewaa no kɔ—ɔsoro anaa hell? Ɔde edin Yehowa no bɔɔ mpae de hwehwɛɛ Nyankopɔn hɔ mmoa sɛnea na ne nuabea akyerɛ no no. Ankyɛ na ofii ase suaa Bible no na ɔkɔɔ Kristofo nhyiam ahorow. Obenyaa asetra ho adwene foforo koraa, na ɔtwee ne ho fii basabasayɛfo kuw ho. Ababaa no gyaee sigaret ne nnubɔne nom, ne korɔnbɔ. Ogye tom sɛ: “Yehowa ho dɔ nkutoo na ɛma migyaee saa bra bɔne no. Yehowa nkutoo na ɔnam ne mmɔborohunu kɛse no so tumi maa me daa nkwa ho anidaso no.” Ɔmfa ne ho nhyɛ asetram nneɛma a mfaso nni so mu bio.

      4 Sɛ nkurɔfo antie asɛm a woka no mpo a, woayɛ biribi a mfaso wɔ so. Wonim sɛ Yehowa Adansefo aba wɔn nkyɛn. Woada wo mudi mu kura, wo nokwaredi, ne wo dɔ adi. Enti, wo brɛ wɔ Awurade adwuma mu yɛ ɔkwa? Dabida!

  • Wobɛkɔ Bi?
    Ahenni Som—2000 | June
    • Wobɛkɔ Bi?

      1 Ɔdansefo bi a ɔde bere tenten asom kae bere bi sɛ: “Sɛ woma nhyiam no da a edi kan pa wo ti so a, na woahwere ade ankasa!” Adɛn nti na ɔte nka saa? Efisɛ da a edi kan no ne honhom fam aduan a ɛyɛ dɛ a Yehowa ahyehyɛde no asiesie ama yɛn no mfiase. (Yes. 25:6) Ɛhɔ a yɛkɔ mfiase pɛɛ no kyerɛ sɛ yɛne odwontofo no yɛ adwene sɛ: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa, NW] fi.”—Dw. 122:1.

      2 Nanso, wɔ “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Mantam Nhyiam a yɛyɛɛ no afe a etwaam no bi ase no, nnipa dodow a wɔkɔɔ Fida no sua koraa sen dodow a wɔkɔɔ Memeneda ne Kwasida no. Eyi kyerɛ sɛ yɛn nuanom dodow no ara ante nkɔmhyɛ asɛm a edi mu a wɔkaa ho asɛm saa da no wɔ nhyiam no ase no bi. Wɔhweree fekubɔ a ɛyɛ anigye a anka wobetumi ne wɔn mfɛfo gyidifo anya nso.

      3 Mma Honam Fam Adwuma Nnsiw Wo Kwan: Suro a na ebinom suro sɛ wɔn adwuma befi wɔn nsa no nti na amma wɔankɔ Fida no. Nanso, Adansefo pii ahu sɛ sɛ wɔka eyi ho asɛm kyerɛ wɔn adwumawuranom ntɛm na wɔsrɛ kwan a, wotie wɔn. Adwumawura bi ani gyee ɔpɛ a na onuawa kwampaefo bi wɔ sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse biara no ho araa ma bere bi ɔne onuawa no kotiee nhyiam no bi da mu nyinaa!

      4 Ɛnsɛ sɛ wususuw sɛ w’adwumawura remma wo kwan, anaasɛ da koro pɛ a wobɛto nhyiam mu no nyɛ hwee. Nya akokoduru na siesie wo ho sɛ wonam anifere kwan so de Kyerɛwnsɛm no bɛkyerɛkyerɛ w’adwumawura no nea enti a nhyiam a wobɛkɔ no yɛ wo som no fã titiriw no mu. (Heb. 10:24, 25) Afei nya Yehowa bɔhyɛ ahorow no mu ahotoso a edi mu, na hu sɛ sɛ wode honhom fam nneɛma di kan wɔ w’asetram a, ɔbɛma wo nsa aka honam fam nneɛma a wuhia no.—Mat. 6:33; Heb. 13:5, 6.

      5 Nea ehia kɛse ne sɛ yɛbɛkyerɛ anisɔ ama “nneɛma a eye koraa no.” (Fil. 1:10, 11; Dw. 27:4) Eyi ka yɛn ma yɛyɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nsiesiei a efi Yehowa hɔ yi mu mfaso pii. Fi ase yɛ wo nhyehyɛe nnɛ, na si wo bo sɛ wobɛkɔ nnansa no nyinaa!

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena