-
Kwati “Nsɛnhunu” AkyidiAhenni Som—2002 | September
-
-
1 Ɔkwan biako a nnipa pii fa so di nkitaho nnɛ ne kɔmputa so ade a wɔfrɛ no E-mail no. Ɛwom sɛ eyi so a yɛfa ka yɛn ankasa suahu ne yɛn mmusua ne nnamfo ntam nsɛm kyerɛ yɛn ho yɛn ho no betumi afata de, nanso “nsɛnhunu” bɛn na yebetumi de abata E-mail a wɔde di dwuma a anohyeto nnim no ho?—Mmeb. 12:11.
2 Ahwɛyiye Wɔ E-Mail Ho: Ebinom kyerɛ sɛ wotumi ne Yehowa ahyehyɛde no di nkitaho yiye bere a wɔnam E-mail so nya nea wobu no sɛ ɛyɛ nsɛm a ɛyɛ foforo koraa no. Eyi bi betumi ayɛ osuahu ahorow, nsɛm a ɛkɔ so wɔ Betel, asiane anaa ɔtaa ho amanneɛbɔ, ne kokoam nsɛm mpo a wɔdaa no adi wɔ Ahenni Som Sukuu mu. Ɛte sɛ nea afoforo ho pere wɔn dodo sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛte saa no akyerɛ, a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn na wobedi kan aka asɛm no akyerɛ wɔn nnamfo.
3 Ɛtɔ mmere bi a, wokyinkyim nsɛm ne osuahu ahorow anaa wogugu mu dodo. Anaasɛ esiane sɛ ebinom rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkanyan afoforo nkate nti, wɔama wɔanya adwene a ɛnteɛ. Mpɛn pii no wɔn a wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛda nsɛm a ɛte saa adi no nnim nokwasɛm no nyinaa. (Mmeb. 29:20) Wɔ nsɛm no bi mu no, sɛ asɛm no nyɛ nokware mpo a, wɔka kyerɛ sɛ anigyesɛm bi. Saa amanneɛbɔ a ɛnyɛ nokware na ɛyɛ nnaadaasɛm no yɛ ‘atosɛm’ a ɛnhyɛ onyamesom pa ankasa ho nkuran.—1 Tim. 4:6, 7.
4 Sɛ woka asɛm bi a ɛda adi sɛ ɛnyɛ nokware kyerɛ afoforo a, awerɛhow ne basaayɛ a eyi betumi de aba no ho asodi no bi bɛda wo so. Bere a Dawid tee amanneɛbɔ a wɔagugu mu a ɛkyerɛ sɛ wɔakunkum ne mma nyinaa no, ɔde ɛyawdi “sunsuanee ne ntade mu.” Nanso, nokwarem no, na ne mma no mu biako pɛ na wawu. Na ɛyɛ yaw de, nanso nsɛm a woguguu mu yi maa Dawid dii yaw kɛse. (2 Sam. 13:30-33) Nokwarem no, yɛrempɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛdaadaa yɛn nuanom anaasɛ ebebu wɔn aba mu.
5 Onyankopɔn Kwan a Wɔapaw: Ma ɛntra w’adwenem sɛ yɛn soro Agya no wɔ wɔn a wapaw wɔn a yɛne wɔn di nkitaho a wɔne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma no.” Ɛyɛ saa “akoa” no asɛyɛde sɛ ɔbɛkyerɛ nsɛm a wɔbɛka akyerɛ gyidi fifo no, ne “ɛbere a ɛsɛ” a wɔbɛka akyerɛ. Wɔnam teokrase ahyehyɛde no nkutoo so na wɔde honhom fam aduan yi ma. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔne yɛn nni nkitaho no bɛma yɛate nsɛm a ɛyɛ nokware, na ɛnyɛ wɔn a wɔde Intanɛt di dwuma no.—Mat. 24:45.
6 Intanɛt So Dwumadibea: Yɛwɔ Intanɛt so Dwumadibea: www.watchtower.org. Dwumadibea yi so sɛnea ɛsɛ a wɔde bɛka nsɛm akyerɛ ɔmanfo. Ɛho nhia sɛ ankorankoro, boayikuw, anaa asafo bi besiesie Dwumadibea bi afa Yehowa Adansefo ho. Ebinom de yɛn nhoma ahorow mu nsɛm ne emu kyerɛw nsɛm nyinaa ne nhoma a wɔtwe adwene si so ama wɔ hɔ na wɔde nhyiam ho nsɛm ama de gye ntoboa mpo. Sɛ ebia wonya so mfaso anaa wonnya no, yɛ a wɔde ayɛ wɔn su sɛ wobɛsan atintim Yehowa Adansefo nhoma ahorow akyekyɛ no bu nhomatintim ho mmara so. Ɛwom sɛ ebia ebinom bu eyi sɛ wɔresom anuanom de, nanso wɔmma ho kwan na ɛsɛ sɛ wogyae.
7 Atɛmpa ne adwenemtew a yɛbɛda no adi bere a yɛde mfiri a wɔde di nkitaho redi dwuma no, bɛma yɛafa “nimdeɛ so de ahode aboɔdenne afɛfɛde nyinaa” ahyɛ yɛn adwenem.—Mmeb. 24:4.
-
-
Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma HoAhenni Som—2002 | September
-
-
Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Sept. 15
“Nnipa ɔpepem pii gye di sɛ ‘ahotefo’ wɔ tumi soronko bi ma enti ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ mpae afa wɔn so. Wususuw ho dɛn? [Ma ommua.] Hyɛ nea Yesu Kristo kae nsow. [Kenkan Yohane 14:6.] Eyi ma ebinom adwenem yɛ wɔn nãã wɔ mpae a wɔbɔ fa ‘ahotefo’ so no ho. Ɔwɛn-Aban yi susuw saa asɛm a ɛho hia no ho.”
Nyan! Oct. 8
“Amumɔyɛsɛm ne akode a etumi tɔre abɔde a nkwa wom ase a wɔde bedi dwuma ho asɛm haw nnipa pii nnɛ. So wususuw sɛ nnipa nniso betumi atu amumɔyɛsɛm ase afi wiase yi mu? [Ma ommua.] Bible kyerɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ. [Kenkan Hesekiel 34:28.] Nyan! yi pɛɛpɛɛ emu nsɛm no bi mu.”
Ɔwɛn-Aban Oct. 1
“Nnipa pii abisa sɛ ebia ɔhaw ahorow a yehu sɛ atwa yɛn ho ahyia nyinaa—akodi, nsɛmmɔnedi ne amumɔyɛsɛm bɛba awiei da bi anaa. Wususuw ho dɛn? [Ma ommua.] Bible de awerɛkyekyesɛm yi ma yɛn awerɛhyem. [Kenkan Dwom 37:10, 11.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn mfaa bɔne ne amanehunu a ɛde ba no mmaa awiei no mu.”
Nyan! Oct. 8
“Ɛnnɛ, ɛte sɛ nea awofo a wonni ahokafo mmusua adɔɔso ma ɛyɛ nwonwa. Bible kyerɛ sɛ wɔn asɛm no yɛ yɛn Bɔfo no mmɔbɔ. [Kenkan Dwom 146:9.] Nyan! yi kyerɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm betumi aboa awofo a wonni ahokafo ma wɔatumi atete wɔn mma.”
-