Adawurubɔfo a Wɔmmɔɔ Asu a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔanya Nkɔso
1 Yehowa kɔ so hyira ne nkurɔfo denam “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” a ɔde ba ne fie no so. (Hag. 2:7) Eyi ama wɔn a wɔyɛ foforo pii abɛka yɛn ho wɔ nokware som mu. Ɔsom afe a etwaa mu no, wɔbɔɔ nnipa foforo bɛboro 4,000 asu wɔ Ghana ha. Bere a yɛn ani gye nkɔanim yi ho no, yehu sɛ yɛyɛɛ Bible adesua bɛboro 170,000 ɔsram biara wɔ saa bere koro no ara mu. So yebetumi atete nnipa pii ma wɔahyira wɔn ho so abɔ asu?
2 Ɛda adi sɛ, yɛahyɛ Bible asuafo yi mu dodow no ara nkuran ma wɔka Bible mu nimdeɛ a wɔanya no bi kyerɛ afoforo. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔkyerɛw wɔn din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu na afei nso wɔde yɛ wɔn botae sɛ wɔbɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu na wɔba asafo nhyiam ahorow daa. Eyinom ne akwan titiriw a yɛnam so boa wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔbɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu.—Ɔsom Sukuu kr. 282.
3 Nanso ahwɛfo akwantufo amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, Bible asuafo pii a Adansefo mmofra nso ka ho taa yɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu dwumadi nanso wonnya mfii asɛnka ase. Bere bɛn na yebetumi ato nsa afrɛ Bible asuafo ma wɔne yɛn akɔ asɛnka sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu?
4 Ansa na wɔbɛda wɔn ho adi baguam sɛ Yehowa Adansefo no, ɛsɛ sɛ wodi kan du Kyerɛwnsɛm ne ahyehyɛde no ahwehwɛde a wɔaka ho asɛm wɔ Yɛn Som nhoma no mu wɔ kratafa 98 ne 99 no ho. Asafo mu mpanyimfo de nsɛmmisa a ɛwom no di dwuma de hwɛ sɛ ebia Bible suani no du ahwehwɛde no ho anaa. Anyɛ yiye koraa no, watumi asua Ahwehwɛde nhomawa no awie? Wayɛ nsakrae a ehia wɔ n’abrabɔ mu a ɛbɛma wafata asom baguam sɛ Yehowa somfo? Sɛ ɔfata a, wobetumi ato nsa afrɛ no ma wafi baguam asɛnka adwuma ase na wabu ho akontaa ama asafo no.
5 Montete Adawurubɔfo a Wɔmmɔɔ Asu No: Ebia adawurubɔfo a wɔyɛ foforo no yɛ nsi nanso wonnim adwuma no ani so papa. Mmoa a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi de ama wɔn ma wɔanya nkɔso?—Filip. 3:16.
6 Yehowa ayɛ nhyehyɛe pii a wɔde tete yɛn ma yetu mpɔn wɔ yɛn som adwuma no mu. Nsiesie a wayɛ ama yɛn a yɛde di dwuma no ma yɛde yɛn “anammɔn sisi yiye.” (Dw. 37:23) Sɛ nhwɛso no, bɛboro mfirihyia 60 ni na Teokrase Ɔsom Sukuu no de ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ ho ntetee ama yɛn nkakrankakra. Wɔde dapɛn dapɛn Ɔsom Nhyiam a wɔma ɔkasa a mfaso wɔ so, yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow, na wosusuw nsɛm ho wɔ ase no nso aka ho. Wode ntetee a woanya no bɛboa afoforo?—2 Tim. 2:2.
7 Ntease wom sɛ, sɛ osuani bi bɛfata na ofi asɛnka ase a, obedi kan ne onii a ɔne no sua ade no anantew na wasua sɛnea wɔyɛ asɛnka adwuma no ankasa. Bere a wɔyɛ adwuma bom no, ne kyerɛkyerɛfo no betumi atete no nkakrankakra denam kyerɛw nsɛm a ɔbɛma wakenkan kakra aboa no ne kratawa anaa nsɛmma nhoma a ɔbɛma ɔde ama so. Bere kɔ so no, ɔbɛma wadi ofiewura bi adanse. Sɛ onya adansedi adwuma no mu kyɛfa a, ɛnde obetumi de n’asɛnka akontaabu a edi kan ama. Asɛnka adwuma no mu kyɛfa a ɔbɛkɔ so anya no ne Yesu nsɛm yi hyia: “Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, nanso obiara a wɔakyerɛkyerɛ no yiye no bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.”—Luka 6:40.
8 Bere a ntetee no rekɔ so no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ hokwan de kamfo ɔdawurubɔfo foforo no wɔ mmɔden ne anigye a ɔde ka asɛm no ho. Twe n’adwene si ɔsomafo Paulo nkuranhyɛsɛm a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ obiara ‘pere kɔ ahokokwaw’ mu no so. (Heb. 6:1) Boa no ma ɔnyɛ eyi.
9 Sɛnea mmofra tutu wɔn nan mmiako mmiako de sua nantew no, saa ara na yebetumi aboa adawurubɔfo a wɔyɛ foforo no ma wɔanya nkɔso nkakrankakra. Sɛ woretete ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo a, wubetumi aboa no nkakrankakra ma wafi ase akasa wɔ pon ano, de nkɔmmɔbɔ asɛmti a wɔahyɛ ho nyansa adi dwuma, na ɔde nhoma ama? Wasiesie ne ho afei sɛ ɔbɛtwe adwene asi Reasoning nhoma no so, abisa ofiewura no adwene wɔ nsɛm ho de afi nkɔmmɔbɔ ase anaa ɔbɛto fapem a obegyina so ayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn na awiei koraa no wayɛ Bible adesua?
10 Sɛ wo ne ɔdawurubɔfo foforo no bobɔ nsɛm so na moyɛ adwuma bom wɔ asɛnka mu a, ɛbɛboa no ma wafa akwan yi so anya nkɔso. Mmoa a ɛte sɛɛ fata efisɛ Yesu Kristo siesiee n’asuafo no maa asɛnka adwuma no. (Mar. 6:7-12; Luka 10:1-22) Nokwarem no, ɛbɛkyerɛ ɔdɔ sɛ yɛbɛyɛ nsakrae biara a ehia na yɛatumi ‘aboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw’ no.—Aso. 20:35.
11 Sɛ yebetumi akɔ so de ntetee no ama a, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw ɔkwan a yɛbɛfa so aboa obi a wakyerɛ asɛm no ho anisɔ no ho. Ɛno hwehwɛ sɛ wode asɛmmisa bi begyaw ofiewura no de ato fapem wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu, na sɛ mosan kɔ a moabua. Hwɛ sɛ wobɛboa ɔdawurubɔfo a onni suahu papa no ma wasiesie ne ho, na afei wo ne no akɔyɛ sankɔhwɛ no. Sɛ ɔdawurubɔfo foforo no fi adesua no ase na sɛ onhu nneɛma so yiye a, nea ne ho akokwaw kɛse no betumi ayɛ adesua no kakra kosi bere a ɔdawurubɔfo foforo no betumi atoa so.
12 Tete Wɔn ma Wɔnyɛ Akyerɛkyerɛfo a Wotu Mpɔn: Kae sɛ akwan a eye sen biara a wubetumi afa so aboa ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo no mu biako ne sɛ wobɛyɛ nhwɛso ama no. Bere a wo ne no bom yɛ asɛnka adwuma no, dɛn nti na wonkyerɛ no sɛnea wusiesie wo ho ma sankɔhwɛ a edi hɔ no? Ma onhu sɛnea woyɛ nsrahwɛ ho kyerɛwtohɔ na kyerɛ nea enti a wokyerɛw nneɛma bi to hɔ no mu. Bere a moakɔyɛ sankɔhwɛ awie ara pɛ no, ma ɔnhwɛ sɛnea wohyehyɛ afie afie kyerɛwtohɔ no, na ma ɔno nso nyɛ anigye a afoforo a mobɛkɔ wɔn nkyɛn bɛkyerɛ no ho kyerɛwtohɔ mma wo.
13 Afei nso, bere a wɔn a wɔyɛ foforo ne wo kɔyɛ sankɔhwɛ ahorow no, wobehu ɔkwan a wofa so kanyan nkurɔfo anigye na wufi adesua ase no. Sɛ wohu sɛnea ne yɛ nyɛ den no a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ adwuma a ehia yi mu bi. Wubetumi de nkakrankakra aboa obi a ɔyɛ foforo ma wakyerɛ mfaso a ɛwɔ adesua a n’ankasa befi ase ayɛ no ho anisɔ.
14 Bere a wokɔ so ne no sua ade na wotete no wɔ asɛnka mu no, ma onnya nnipa ho dɔ kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde ne ho bɛhyɛ asɛnka adwuma no mu, a ne botae ne sɛ obenya asuafo afoforo nso. (Mat. 5:43-45; 28:20) Boa no ma onhu hia a ehia sɛ ɔkɔ so srasra wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtoa so sua Onyankopɔn Asɛm no. Saa kwan yi so no, ɔbɛte ase sɛ ɛnyɛ nhoma a wode ma kɛkɛ nti na woyɛ afie afie adwuma no, na mmom sɛ wubedi Yehowa ho adanse na waboa afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so sua Onyankopɔn atirimpɔw a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Bible mu no nti.
15 Afei nso ehia sɛ wode ahosohyira ne asubɔ ho adwene dua osuani no komam sɛ ɛno nso ka agyiraehyɛde a ehia na obi anya ne ti adidi mu akɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no ho. (Hes. 9:4) Boa no ma ɔnkyerɛ Yehowa ho anisɔ na onnya ɔdɔ mma no sɛnea ɛbɛyɛ a ne gyidi bɛkanyan no ma wahyira ne ho so ama Yehowa. (1 Be. 28:9a) Bio nso, boa no ma ɔnkyerɛ agyede no ho anisɔ. Wo ne no nsusuw wɔn a wɔrebɔ asu ho mfonini ahorow ne anigye a ɛma wonya no ho. Sɛ mokɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam a, wo ne no nkɔhwɛ abura a wɔbɔ asu wom no na hyɛ no nkuran ma ɔnka ho asɛm nkyerɛ Yehowa wɔ ne mpaebɔ mu. Boa no ma onhu nyansa a ɛwom sɛ ɔrenyɛ mmɔtohɔ wɔ gyinae a ɛsɛ sɛ osi wɔ nokware som ho no.—Luka 21:34, 35.
16 Ehia sɛ Obiara Boa: Ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu hia asafo mu mpanyimfo ne Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw no nso mmoa. Sɛ nhwɛso no, nea ɔhwɛ Asafo Nhoma Adesua a ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu no kɔ bi so no ma n’ani kũ ne honhom fam nkɔso ho. Asafo mu mpanyimfo ne asomfo betumi asusuw nea wɔn mu biara betumi ayɛ de aboa adawurubɔfo a wɔyɛ foforo a wɔwɔ wɔn nhoma adesua akuw mu no ho, na wɔahwehwɛ mmoa afi anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ suahu no nkyɛn.
17 Ebia ɛbɛkyɛ ansa na yɛatumi aboa obi a ɔyɛ foforo ma wabɔ asu. Egye bere ne abotare na ɔkyerɛkyerɛfo no ne yɛn nyinaa atumi aboa no. Paulo kae sɛ: “Mommma yɛmmpa abaw wɔ papayɛ ho, na sɛ yɛammrɛ a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.” (Gal. 6:9) Sɛ yɛn nyinaa boa adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu a wɔdɔɔso no ma wonya honhom mu nkɔso a, ebia wobehyira wɔn ho so ama Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu na wɔahwehwɛ asubɔ akyi kwan.—Fa toto Marko 1:9-11 ho.
18 Sɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw no mu biara boa Bible asuafo bebrebe no mu biako pɛ ma otumi nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa a, susuw nea ebetumi afi mu aba no ho hwɛ. Sɛ ɛba saa a, yebenya adawurubɔfo dodow mmɔho a wɔn nso betumi aboa afoforo, na anigyefo pii befi ase anantew nkwa kwan no so. Ebia wubetumi aboa w’ankasa abusua mufo anaa ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu biako. So wowɔ ɔpɛ no, na w’ani gye ho sɛ wobɛyɛ saa? Na sɛ wuhia mmoa a, so wohwehwɛ? Kae sɛ sankɔhwɛ ne Bible adesuayɛ ho hia paa na ama nnipa anya nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no.—Yoh. 17:3.
19 Ɛso Mfaso Horow: Nokwarem no, yɛn som adwuma no yɛ ademude a ɛsom bo paa. (2 Kor. 4:1, 7) Bere a yenya hokwan ne afoforo yɛ adwuma wɔ asɛnka mu no, yebetumi aboa yɛn ho yɛn ho ma yɛakyerɛ adwuma kronkron a yɛreyɛ no ho anisɔ kɛse. Bere koro no ara mu no, yɛbɛhyehyɛ yɛn ho nkuran na yɛasuasua yɛn ho yɛn ho. Yɛyɛ saa a, yebenya anigye pii, yebetu mpɔn wɔ yɛn adansedi mu na aka yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea abom.—Dw. 133:1.
20 Bere bi a atwam no, na yɛn nyinaa yɛ foforo koraa wɔ asɛnka adwuma no mu a yenni suahu biara. Yɛn mu pii nyaa nkuranhyɛ ne ntetee fii adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw kɛse anaa akwampaefo nkyɛn. Ahokokwaw ne anigye kɛse a yɛde yɛ ɔsom adwuma no nnɛ no fi saa mmoa a yenyae no mu titiriw. (Mmeb. 27:17; Aso. 20:35) Ɛmmra sɛ yɛbɛma nea Yehowa ayɛ ama yɛn denam asɛnka adwuma no mu ntetee a yɛakɔ so anya so no akanyan yɛn ma yɛatu yɛn ho ama aboa afoforo ma wɔn ho akokwaw kɛse wɔ Yehowa Asɛm a wɔde bedi dwuma no mu.