Wobegye Nnipa Ahorow Nyinaa Nkwa
1. Gyinabea a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no gyina dɛn so?
1 Onyankopɔn nam n’adom so abue nkwagye kwan ato hɔ. Yehowa pɛ sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:3, 4) Gyinabea anaa edin a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no gyina Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi a yebenya so, ɛnyɛ abusua a yefi mu, yɛn asetram gyinabea, yɛn mmɔdenbɔ anaa sɛnea yɛn nipadua te so. (Yoh. 3:16, 36) Yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo, enti ɛsɛ sɛ yɛkwati animhwɛ biara a ɛbɛkom yɛn koma ma yɛapo nnipa a Yehowa repɛ agye wɔn no
2, 3. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati sɛ yɛbɛhwɛ nnipa anim abu wɔn atɛn?
2 Mmu Atɛn: Yehowa hwɛ sɛnea nnipa te wɔ komam, a adwemmɔne anaa animhwɛ biara nni mu. (1 Sam. 16:7) Afei nso ohu nea wobetumi ayɛ. Enti obu nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsom no no sɛ wɔfata. (Hag. 2:7) Adwene a yɛwɔ wɔ nkurɔfo ho no te sɛ Onyankopɔn de no?
3 Nnipa binom a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no ahosiesie betumi ama yɛn ho adwiriw yɛn. Ebia wonni wɔn ho ni anaa wɔn ahosiesie no kyerɛ sɛ wɔn ani nwu ade. Ebia na wɔagyaw bogyesɛ kuhaa anaasɛ wɔabɔne wɔn hwene mu anaa wɔn ano de kawa ahyɛ mu. Ebinom nso wɔ hɔ a wonni baabi te. Afoforo betumi akasa akyerɛ yɛn abufuw so. Sɛ́ anka yebebu nnipa a wɔte saa no sɛ wɔrentumi mmɛyɛ Yehowa asomfo da no, ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho adwempa, “efisɛ yɛn nso, bere bi atwam no na yenni adwene, na yɛn aso yɛ den, na yɛayera.” (Tito 3:3) Eyi a yegye tom nti, yebefi yɛn pɛ mu aka asɛm no akyerɛ obiara, mpo wɔn a yɛhwɛ wɔn a, ɛte sɛ nea wɔmfata no.
4, 5. Dɛn na yesua fi Yesu ne Paulo nhwɛso no mu?
4 Afeha a Edi Kan Mu Nhwɛso: Yesu bɔɔ mmɔden boaa nnipa a na afoforo ato wɔn paahwii no. (Luka 8:26-39) Ɛwom, Yesu ampene nnebɔne so da de, nanso na onim sɛ nnipa betumi afom. (Luka 7:37, 38, 44-48) Ne saa nti, ɔdaa ntease adi, na “wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mar. 6:34) Yebetumi asuasua ne nhwɛso no kɛse?
5 Wosiw ɔsomafo Paulo abo, hwee no de no too afiase. (Aso. 14:19; 16:22, 23) Ayayade a ɔfaa mu yi hyɛɛ no abufuw ma enti osusuwii sɛ ɔresɛe ne bere kwa wɔ aman ne mmusuakuw bi ho anaa? Dabida. Ná onim sɛ obetumi anya nnipa komapafo wɔ mmusuakuw nyinaa mu, enti ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ wɔn. Saa na yebu yɛn asasesin no mu nnipa a ɛsono baabi a wofi ne wɔn amammerɛ no?
6. Nkɛntɛnso bɛn na yɛn suban betumi anya wɔ nnipa foforo a wɔba asafo nhyiam ase no so?
6 Afoforo a Yebegye Wɔn Nnɛ: Onyankopɔn nkurɔfo bebree ani gye sɛ anuanom mmarima ne mmea gyee wɔn baa asafo no mu a wɔanhwɛ wɔn anim ammu wɔn atɛn. Ɔbarima bi a wagyaw n’abogyesɛ kuhaa na ne tiri nhwi afuw agu ne mmati a ɔhyɛ ntade fĩ kɔɔ Ahenni Asa bi so wɔ Germany. Ná onni din pa. Nanso anuanom gyee no kama. Eyi sɔɔ n’ani paa enti dapɛn a edi hɔ no ɔsan kɔe. Bere tiaa bi mu no, osiesiee ne ho yiye, gyaee tawa nom, na ɔkɔyɛɛ ɔbea a na ɔne no te no ho ade. Ankyɛ koraa na wɔne wɔn mma fii ase som Yehowa wɔ biakoyɛ mu sɛ abusua.
7. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua yɛn Nyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim no?
7 Bere a yɛresuasua yɛn Nyankopɔn a ɔnhwɛ anim no, momma yɛnto nsa mfrɛ nnipa nyinaa ma wommenya Onyankopɔn adom mu mfaso.
[Kratafa 3 adaka]
“Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Aso. 10:34, 35.