Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɛpo so Hyɛnmuni Ho Asuade Bi
    Ɔwɛn-Aban—2000 | August 15
    • Ɛpo so Hyɛnmuni Ho Asuade Bi

      OBIAKOFO akwantu wɔ po so betumi ayɛ nea ɔbrɛ wom. Ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbrɛ ntraso bepia hyɛnmuni de no akɔ tebea bi a ɛyɛ hu mu ma wasi gyinae a ɛnyɛ papa. Eyi nti, ɔkyerɛ anigye wɔ mfaso a ɛwɔ ɛpo mu sɛkyɛ so ho. Ɛma hyɛnmuni a wabrɛ no gye n’ahome na onya ɔhome bere a nsu no ntwe no nkɔ denneennen. Bere koro no ara no, po mu sɛkyɛ no ma ahyɛmma no anim kyerɛ mframa ne asorɔkye no, na ɛma egyina faako pintinn.

      Sɛnea hyɛnmufo hyia asiane pii wɔ po so no, saa ara na Kristofo nso hyia wiase yi nhyɛso bere nyinaa, na wohu sɛ wohia ɔhome. Nokwarem no, bere bi Yesu hyɛɛ n’asuafo no nkuran sɛ: “Mo nso mommra mmɛsen nkɔ sare so fa baabi, na monkɔhome kakra!” (Marko 6:31) Ɛnnɛ, ebia ebinom ne wɔn mmusua betu kwan adapɛn anaa dapɛn awiei akogye wɔn ahome. Mmere a ɛtete saa betumi ama wɔanya ɔhome ne ahoɔden. Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ ahu sɛ yɛwɔ honhom fam ahobammɔ wɔ mmere a ɛtete saa no mu? Dɛn na ebetumi ayɛ yɛn honhom fam po mu sɛkyɛ na aboa yɛn ma yɛako atia twe a yɛbɛtwe yɛn no, na ama yɛakɔ so agyina pintinn?

      Yehowa fi ayamye mu ayɛ nsiesiei ama yɛn. Ɛnyɛ biribi foforo biara sɛ Kyerɛw Kronkron, Bible no. Sɛ yɛkenkan no da biara da a, yebetumi abɛn Yehowa, na yɛrentwe yɛn ho mfi ne ho da. Emu afotu betumi ama yɛagyina pintinn na yɛatumi agyina Satan ne ne wiase no sɔhwɛ ahorow ano. Yɛn daa Bible akenkan nhyehyɛe a yebekura mu , wɔ bere mpo a yɛasakra nneɛma a yɛyɛ no daa no, betumi ama yɛagyina wɔ honhom fam.—Yosua 1:7, 8; Kolosefo 2:7.

      Odwontofo no kae yɛn sɛ ‘anigye ne onipa’ a “[Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo.” (Dwom 1:1, 2) Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan no daa no bɛma yɛanya ɔhome ne ahoɔden ankasa a ɛyɛ ‘anigye,’ na asiesie yɛn ma yɛakɔ so ayɛ yɛn Kristofo adwuma no.

  • W’ani Begye Nsrahwɛ Ho?
    Ɔwɛn-Aban—2000 | August 15
    • W’ani Begye Nsrahwɛ Ho?

      Wubetumi anya anigye afi Bible mu nokware nimdeɛ a ɛfa Onyankopɔn, N’ahenni, ne n’atirimpɔw ma adesamma a ɛyɛ anigye ho no mu wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mpo mu. Sɛ w’ani begye ho sɛ wubehu ho nsɛm pii anaasɛ wobɛpɛ sɛ obi ba wo fie ne wo bɛyɛ Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower, P. O. Box GP 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 2 no mu nea ɛfata.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena