Nhoma no Akyi Nsɛm
Nhoma Bɛn Bio
• na anya wiase adwinne, nhoma, ne nnwom a ɛsen biara no so nkɛntɛnso kɛse saa, na bere koro no ara anya mmara so tumi?
• na nnipa ahwɛ so de wɔn nsa akyerɛw foforo mfe mpempem pii, nanso yɛn nsa aka no sɛnea wɔkyerɛw no ara?
• na ama nkurɔfo anya ahofama araa ma ebinom asi wɔn bo sɛ sɛ́ ɛyɛ amanehunu anaa owu mu mpo no, wɔbɛkyerɛ ase?
• na wɔakyerɛ ase kɔ kasa horow bɛboro 2,100 mu, a adesamma abusua no mufo ɔha biara mu 90 wɔ bi?
• na ɛka nyansahu mu nokwasɛm ahorow a wɔanhu kosii mfehaha pii akyi ansa?
• na ekura nnyinasosɛm ahorow a entwam a ebetumi aboa nnipa a wɔn honam ani hwɛbea, abusua, ne ɔman a wofi mu gu ahorow nyinaa ma wɔn asetra atu mpɔn?
• na ekura nkɔmhyɛ a emu da hɔ a enya mmamu, a abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow foa so?
So mfaso nni so sɛ wobɛhwehwɛ nhoma a ɛte saa mu?