-
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo HɔƆwɛn-Aban—2004 | July 15
-
-
Onyankopɔn ayɛ a ɔde begye adesamma afi bɔne nkoasom mu no ne Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no.a (Mateo 20:28; Yohane 3:16; 1 Yohane 2:1, 2) Bere bɛn na Kristofo de wɔn ho fi bɔne mmara ho? Bere a ɔsomafo Paulo rekasa akyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no, ɔkae sɛ: “Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu.” (Romafo 8:2) Wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no nsa ka saa ahofadi yi bere a wɔde honhom kronkron sra wɔn no. Ɛwom sɛ wɔwɔ honam nnipadua a wɔnyɛ pɛ de, nanso Onyankopɔn bu wɔn bem na ogye wɔn sɛ ne honhom mu mma. (Romafo 3:24; 8:16, 17) Wɔ wɔn a wɔasra wɔn sɛ kuw no fam no, Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ no fii ase wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu.
Na “nguan foforo” a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so daa no nso ɛ? (Yohane 10:16) Wɔ nguan foforo no fam no, Kristo Mfirihyia Apem Nniso no bɛyɛ nsiesie ne ahofadi mmere ama wɔn. Wɔ Mfirihyia Apem Ahosɛpɛw Afahyɛ no mu no, Yesu de n’agyede afɔrebɔ mu mfaso no bedi dwuma ama adesamma a wɔwɔ ne mu gyidi no na wayi nea bɔne de aba no afi hɔ. (Adiyisɛm 21:3, 4) Ebedu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei no, adesamma bɛkɔ nnipa pɛyɛ mu na wɔbɛde wɔn ho afi bɔne ne owu a wonya fii awo mu no ho koraa. (Romafo 8:21) Bere a wɔadi ɛno ho dwuma awie no, Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ no bɛba awiei.
-
-
“Onitefo Yɛ N’ade Nyinaa Nimdeɛ Mu”Ɔwɛn-Aban—2004 | July 15
-
-
“Onitefo Yɛ N’ade Nyinaa Nimdeɛ Mu”
AKWANKYERƐ a efi Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no ‘yɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii.’ (Dwom 19:7-10) Dɛn ntia? Efisɛ “onyansafo [Yehowa] kyerɛ yɛ nkwa asuti, sɛ wɔde befi owu afiri mu.” (Mmebusɛm 13:14) Sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu afotu di dwuma a, ɛnyɛ yɛn asetra nko na ebetu mpɔn, mmom no, ɛboa ma yɛkwati mfiri a ɛde yɛn nkwa to asiane mu no nso. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ na yɛde nea yesua no di dwuma no!
Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mmebusɛm 13:15-25 no, tete Israel hene Salomo de afotu a ɛboa yɛn ma yɛde nimdeɛ di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya asetra pa ne onyinkyɛ mae.a Ɔde mmɛ ntiantia dii dwuma de kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ma yɛanya afoforo anim dom, adi nokware wɔ yɛn som adwuma mu, anya nteɛso ho adwempa, na yɛapaw yɛn nnamfo nyansam. Ɔkaa sɛnea nyansa wom sɛ yebegyaw agyapade ama yɛn mma na yɛateɛ wɔn so wɔ ɔdɔ mu nso ho asɛm.
Nimdeɛ Pa Ma Obi Anim Ba Nyam
Salomo ka sɛ: “Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofo kwan yɛ aboabo.” (Mmebusɛm 13:15) Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ mfitiase kasa a wɔde dii dwuma maa “nimdeɛ pa” anaa ntease pa no “kyerɛkyerɛ sɛnea wotumi de nyansa, atɛmpa, ne nsusuwii a nyansa wom di dwuma mu.” Ɛnyɛ den mma obi a ɔwɔ su horow a ɛte saa no sɛ obenya afoforo anim dom.
Susuw nyansakwan a ɔsomafo Paulo faa so ne ne yɔnko Kristoni Filemon dii nsɛm bere a ɔmaa Filemon akoa Onesimo, a oguanee na wabɛyɛ Kristoni no san baa ne nkyɛn bio no ho hwɛ. Paulo tuu Filemon fo sɛ omfi ayamye mu nsan nye Onesimo, sɛnea anka obegye ɔno ankasa Paulo no. Nokwarem no, Paulo kae sɛ sɛ Onesimo de Filemon ka biara a, obetua ama no. Yiw, anka Paulo betumi de ne tumi adi dwuma de ahyɛ Filemon sɛ omfi ayamye mu nye Onesimo. Nanso, ɔsomafo no pawee sɛ obedi asɛm no ho dwuma wɔ anifere ne ɔdɔ kwan so. Saa a Paulo yɛe no maa onyaa ahotoso sɛ Filemon begye atom, na aka no mpo ma wayɛ pii asen nea wabisa no sɛ ɔnyɛ no. So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛne mfɛfo gyidifo di nsɛm wɔ saa kwan yi ara so?—Filemon 8-21.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, nkontompofo kwan yɛ aboabo anaa “mmonkyemmɔnka.” (New International Version) Ɔkwan bɛn so? Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, nea asɛm a wɔde di dwuma wɔ ha kyerɛ ne “denneennen anaa pintinn, a wɔde ka nsɛmmɔnedifo akwan a ɛyɛ katee na tema nnim ho asɛm. . . . Onipa a wasi ne bo sɛ obedi bɔne, otirimɔdenfo a ɔyɛ anibiannaso na ɔmpɛ akwankyerɛ a nyansa wom a afoforo de ma no no, nam ɔsɛe kwan so.”
Salomo toa so sɛ: “Onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea trɛw n’agyimisɛm mu.” (Mmebusɛm 13:16) Onitefo a wɔka ne ho asɛm wɔ ha no nkyerɛ obi a ɔyɛ ɔdaadaafo. Anitew a wɔka ho asɛm wɔ ha no ne nimdeɛ wɔ abusuabɔ na wɔde toto obi a ɔyɛ ɔbadwemma ho, nea odwen nsɛm ho yiye ansa na wayɛ biribi. Sɛ obi a ɔyɛ onitefo hyia kasatia anaa atɛnnidi mpo a, ɔto ne tɛkrɛma nnareka. Ɔbɔ mpae srɛ Nyankopɔn sɛ ɔmmoa no ma ɔnna honhom kronkron aba no adi na amma ne bo amfuw antra so. (Galatifo 5:22, 23) Obi a ɔyɛ ɔbadwemma mma obi foforo anaa tebea no nkyerɛ no nea ɔnyɛ. Mmom no, ɔhyɛ ne ho so na ɔkwati ntɔkwaw a wɔn a wɔn bo fuw ntɛmtɛm taa ko bere a obi afom wɔn no.
Onitefo de nimdeɛ di dwuma nso bere a ɔresisi gyinae ahorow no. Onim sɛ gyinae a wosi no nyansam nnyina nsɛm a wɔbɔ tirim ka so, ennyina nkate, anaa nea nnipa dodow yɛ so. Enti, ogye bere de hwehwɛ tebea a aba no mu. Ɔhwehwɛ nokwasɛm a ɛwɔ hɔ nyinaa mu na wahwɛ nea obetumi de ayɛ adwuma. Afei, ɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu na ɔpaw mmara anaa nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu a ɛfa ne tebea no ho de di dwuma. Obi a ɔte saa no kwan bɛteɛ.—Mmebusɛm 3:5, 6.
-