-
Sɛnea Yɛde Nhoma Ma ho Nhwɛso a Yɛde Bedi DwumaAhenni Som—2005 | January
-
-
5. Dɛn nti na ebia ebehia sɛ yesiesie ɔkwan foforo de ka asɛm no, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ?
5 Akwan Afoforo: Akwan a wɔde ama sɛ nhwɛso no nko ara na yebetumi afa so aka asɛm no? Dabi. Sɛ ɔkwan anaa kyerɛwsɛm foforo bi wɔ hɔ a ɛyɛ mmerɛw ma wo a, fa ɛno di dwuma. Ne titiriw no sɛ ɛyɛ nsɛmma nhoma a, hwehwɛ emu nsɛm a ɛkeka ho a ebia w’asasesin no mufo ani begye ho kɛse no na gyina so ka w’asɛm no. Sɛ wɔreyɛ sɛnea yɛbɛka asɛm no ho ɔyɛkyerɛ wɔ Ɔsom Nhyiam no ase a, wobetumi ahyehyɛ ma wɔde ɔkwan biara a etu mpɔn wɔ mo asasesin mu no ayɛ. Saa kwan yi so no, yebetumi aboa anuanom nyinaa ma wɔaka asɛmpa no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.
-
-
Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma HoAhenni Som—2005 | January
-
-
Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Jan. 1
“Ɔsom dodow no ara kyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nnipa dɔ wɔn yɔnko. [Kenkan Mateo 22:39.] Ɛnde wususuw sɛ dɛn nti na nyamesom mu na ɔko ne basabasayɛ pii a ɛrekɔ so wɔ wiase no mu no fi? [Twɛn ma ommua.] Ɔwɛn-Aban yi pɛɛpɛɛ asɛmmisa yi mu, So nyamesom betumi aka adesamma abom?”
Nyan! Jan. 8
“Wubebua asɛmmisa yi dɛn? [Kenkan asɛmmisa a ɛwɔ nsɛmma nhoma no anim no. Afei twɛn ma ommua.] Asase so nneɛma so huan ara na ɛrehuan ntɛmntɛm. Nanso tie bɔhyɛ a ɛma awerɛkyekye yi. [Kenkan Dwom 104:5.] Nyan! yi kyerɛkyerɛ sɛnea ɛrenkyɛ koraa yɛn okyinnsoromma yi bɛsan asi ne dedaw mu bio no mu.”
Ɔwɛn-Aban Jan. 15
“Yɛn nyinaa pɛ asetra pa ama yɛne yɛn mma, nanso nnipa pii te nka sɛ wonni tumi a ɛbɛma wɔn nsa aka. Wususuw sɛ yebetumi ayɛ yɛn daakye ho biribi? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu fi Bible no mu sɛ yɛwɔ tumi, ɛne sɛ, sɛnea yɛn daakye besi no gyina nneɛma a nnɛ yɛpaw no so.” Kenkan Deuteronomium 30:19.
Nyan! Jan. 22
“Sɛ yɛyare a, yɛn nyinaa ani sɔ oduruyɛfo a osusuw yɛn nkate ho. Nanso wususuw sɛ ayarefo dodow no ara tra ase dwene wɔn duruyɛfo nkate ho? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi pɛɛpɛɛ nsɛnnennen a nnuruyɛfo hyia ne nea nnuruyɛ bɛkɔ akowie mu.” Kenkan Yesaia 33:24.
-