Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Boa Obi a Woma no Nsɛmma Nhoma Daa No
    Ahenni Som—2005 | May
    • Boa Obi a Woma no Nsɛmma Nhoma Daa No

      1. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmma nhoma ama obi daa ma wakyerɛ asɛm no ho anigye?

      1 Nnipa pii a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no gye yɛn fɛw so na wɔde anigye gye yɛn nsɛmma nhoma no nanso wɔtwentwɛn wɔn nan ase wɔ Bible adesua a yɛne wɔn bɛyɛ no daa ho. Ɔkwan biako a yebetumi afa so aboa wɔn ne sɛ yɛde nsɛmma nhoma bɛma wɔn daa. Sɛ wode nsɛmma nhoma ma obi a, kyerɛw onipa no din ne n’address, da a wokɔɔ hɔ, nsɛmma nhoma ko a ogyei, kyerɛwsɛm a mususuw ho ne ade biara a wuhui a ebia ɛkyerɛ sɛ onipa no ani gye asɛm no ho to hɔ. Sɛ nsɛmma nhoma foforo biara ba a, hwɛ emu nsɛm a wɔn a wode nsɛmma nhoma ma wɔn daa no ani begye ho no na sɛ wokɔ wɔn nkyɛn a wo ne wɔn aka ho asɛm. (1 Kor. 9:19-23) Bere bi akyi no, nsɛmma nhoma no mu asɛm bi a wɔkenkan no betumi akanyan wɔn anigye, na ebia ɛbɛma wɔapɛ sɛ wohu pii.

      2. Dɛn nti na ehia sɛ nnipa yɛ ntɛm hwehwɛ Yehowa akyi kwan nnɛ, na dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

      2 Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛnyɛ nsɛmma nhoma a nnipa dodow no ara bɛkenkan kɛkɛ no na ɛbɛma wɔabɛsom Yehowa. Esiane sɛ ehia sɛ nnipa yɛ ntɛm hwehwɛ Yehowa akyi kwan nnɛ nti, dɛn bio na yebetumi ayɛ de aboa wɔn? (Sef. 2:2, 3; Adi. 14:6, 7) Yebetumi akanyan wɔn anigye denam kyerɛwsɛm a ɛfata a yɛbɛpaw ne wɔn akenkan bere biara a yɛde nsɛmma nhoma bɛma wɔn no so.

      3. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de kyerɛwsɛm biako asiesie asɛm a yebesusuw ho? (b) Nsɛm bɛn na ɛhaw w’asasesin mu nnipa paa?

      3 Kyerɛwsɛm Biako Ho a Yebesusuw: Susuw nnipa a wode nsɛmma nhoma ma wɔn daa no ho, na fa kyerɛwsɛm biako siesie nsɛm pɔtẽẽ a ɛbɛboa wɔn mu biara ne wɔn nsusuw ho. (Filip. 2:4) Sɛ nhwɛso no, sɛ obi dɔfo bi wui nkyɛe a, ebia wubetumi ayɛ sankɔhwɛ ahorow ne no asusuw nea Bible ka fa tebea a awufo wom ne owusɔre ho anidaso a yɛwɔ no ho. Wubetumi de nsɛm “Death” (Owu) ne “Resurrection” (Owusɔre) a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu no asiesie wo ho ama kyerɛwsɛm biako a wo ne no besusuw ho no. Ebia wubetumi ne no asusuw nsɛm bi te sɛ ɔyare, mpanyinyɛ ne owu a ebefi hɔ koraa nso ho. Asɛm no ara ne sɛ wubenya asɛmpɔw bi a onipa no ani gye ho na woakyerɛ no nea Bible no ka wɔ ho nkakrankakra.

      4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛboa afoforo ma wɔte Kyerɛwnsɛm no ase, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

      4 Boa no Ma Onya Ntease: Ɛwom sɛ eye paa sɛ yɛbɛma yɛn nsɛm akɔ tee na ayɛ tiawa de, nanso ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ yɛbɛkenkan kyerɛwsɛm a yɛapaw no ara kɛkɛ. Satan afura nnipa ani wɔ asɛmpa no ho. (2 Kor. 4:3, 4) Wɔn a wonim Bible mu nsɛm mpo hia mmoa na wɔatumi ate ase. (Aso. 8:30, 31) Enti nya adagyew kyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm mu na ma mfatoho sɛnea anka wobɛyɛ wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu ase no. (Aso. 17:3) Hwɛ sɛ wobɛma onipa no ahu mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a ɔde bɛbɔ ne bra no mu.

      5. Ɔkwan bɛn so na nsɛmma nhoma a wode ma obi daa no betumi adan Bible adesua?

      5 Sɛ onipa no ani gye nea ɔresua no ho a, nkakrankakra wubetumi ne no asusuw Kyerɛwnsɛm abien anaa abiɛsa ho wɔ nsrahwɛ biara mu. Pɛ kwan a wubetumi afa so ada Ahwehwɛde nhomawa no anaa Nimdeɛ nhoma no adi akyerɛ no. Ɛdenam saa kwan yi so no, ebia nsɛmma nhoma a wode ma obi daa no betumi akowie Bible adesua mu.

  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Ahenni Som—2005 | May
    • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho

      Ɔwɛn-Aban May 1

      “Sɛ yɛn dɔfo bi wu a, ɛyɛ a na yɛpɛ sɛ yehu no bio. Wunnye ntom saa? [Twɛn ma ommua.] Bible bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no ama nnipa pii awerɛkyekye. [Kenkan Yohane 5:28, 29.] Nsɛmma nhoma yi ka bere a owusɔre no bɛba ne wɔn a wobenyan wɔn ankasa no ho asɛm.”

      Nyan! May 8

      “Awofo pii yiyi sini a wɔma wɔn mma hwɛ mu. So ɛyɛ den ma wo sɛ wubenya sini a ɛfata a wo ne w’abusua bɛhwɛ? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Efesofo 4:17.] Nsɛmma nhoma yi ka sɛnea awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔapaw anigyede a ɛfata ho asɛm.”

      Ɔwɛn-Aban May 15

      “Wususuw sɛ bere bi bɛba a wobetu ohia ase koraa afi wiase? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ yi nsow. [Kenkan Yesaia 65:21.] Ɔwɛn-Aban yi ka sɛnea bɔhyɛ yi bɛba mu ampa no ho asɛm.” Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan ne no akosusuw asɛmmisa yi ho: Bere bɛn na nsakrae a wɔahyɛ ho bɔ yi bɛba mu?

      Nyan! June 22

      “Nnipa pii ate sɛ apɔw-mu-teɛteɛ ho hia ma akwahosan, nanso wogye tom sɛ wɔnteɛteɛ wɔn apɔw mu sɛnea ɛsɛ. Ɛnte saa anaa? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi hwehwɛ mfaso a ɛwɔ apɔw-mu-teɛteɛ so na ɛde sɛnea yebetumi anya ho adagyew ho nyansahyɛ ma.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena