-
Atemmu Da—Ɛyɛ Dɛn?Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
bɛma. Sɛ wɔn a wobetwa Harmagedon no ne wɔn a wobenyan wɔn no nyinaa bɛtra ase daa a, ebehia sɛ wodi Onyankopɔn ahyɛde ahorow, a ahwehwɛde foforo biara a ebia Yehowa de bɛma wɔ mfirihyia apem no mu ka ho so. Enti, wobegyina nea obiara bɛyɛ wɔ Atemmu Da no mu so na ebebu no atɛn.
Atemmu Da no bɛma nnipa ɔpepepem pii anya hokwan a edi kan koraa asua Onyankopɔn apɛde na wɔayɛ. Eyi kyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi bɛkɔ so. Nokwarem no, ‘wiasefo besua trenee.’ (Yesaia 26:9) Nanso, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Yesaia 26:10 ka sɛ: “Wɔdom ɔbɔnefo a, onsua trenee; nsɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm, na onhu [Yehowa, NW] kɛseyɛ.” Wɔbɛsɛe abɔnefo a wɔte saa no koraa Atemmu Da no.—Yesaia 65:20.
Ebedu Atemmu Da no awiei no na nnipa a wɔanya wɔn ti adidi mu no ‘anya nkwa’ ma wɔabɛyɛ pɛ. (Adiyisɛm 20:5) Enti wɔbɛsan de adesamma aba pɛyɛ mu bio wɔ Atemmu Da no mu. (1 Korintofo 15:24-28) Afei sɔhwɛ a etwa to koraa no bɛba. Wobeyi Satan afi afiase na wɔama no kwan ma wabɛdaadaa adesamma nea etwa to koraa. (Adiyisɛm 20:3, 7-10) Wɔn a wɔremma Ɔbonsam nnaadaa wɔn no behu Bible bɔhyɛ yi mmamu ankasa: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Yiw, Atemmu Da no bɛyɛ nhyira ama adesamma anokwafo nyinaa!
-
-
1914—Afe Titiriw Wɔ Bible Nkɔmhyɛ MuDɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
NKEKAHO
1914—Afe Titiriw Wɔ Bible Nkɔmhyɛ Mu
AKA bɛyɛ mfirihyia 40 ma afe 1914 adu no, Bible asuafo no kae sɛ nsɛm atitiriw besisi wɔ saa afe no mu. Na ɛyɛ nsɛm bɛn, na adanse bɛn na na ɛkyerɛ sɛ afe 1914 bɛyɛ afe titiriw?
Sɛnea Luka 21:24 kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Amanaman no betiatia Yerusalem so, kosi sɛ amanaman mmere a wɔahyɛ no bewie du.” Ná Yerusalem na ɛyɛ Yuda man no ahenkurow—ɛhɔ na na ahemfo a wofi Ɔhene Dawid abusua mu no te. (Dwom 48:1, 2) Nanso, na saa ahemfo yi yɛ soronko wɔ amanaman no akannifo nyinaa ho. Ná wɔte ‘Yehowa agua so’ sɛ Onyankopɔn ankasa ananmusifo. (1 Beresosɛm 29:23) Enti na Yerusalem gyina hɔ ma Yehowa tumidi.
Nanso, ɔkwan bɛn so na ‘amanaman no tiatiaa’ Onyankopɔn tumidi so, na bere bɛn na wɔyɛɛ saa? Eyi sii wɔ afe 607 A.Y.B. mu bere a Babilonfo kõ dii Yerusalem so nkonim no. ‘Yehowa agua’ no bɛdaa hɔ a na obiara nte so, kyerɛ sɛ, biribi twitwaree ahemfo a wofi Dawid ahene abusua mu nniso no ananmu. (2 Ahene 25:1-26) So na ‘ntiatiaso’ yi bɛkɔ so daa? Dabi, efisɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no ka faa Sedekia, Yerusalem hene a otwa to no ho sɛ: “Wɔayi abotiten no na wɔapɔn ahemmotiri no; . . . na eyi nso rentra hɔ, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.” (Hesekiel 21:26, 27) Yesu Kristo ne onii a “atemmu wɔ no” a ɔbɛhyɛ Dawid ahemmotiri no. (Luka 1:32, 33) Enti na ‘ntiatiaso’ no bɛba awiei bere a Yesu abedi Hene no.
Bere bɛn na na saa asɛntitiriw no besi? Yesu kyerɛe sɛ Amanaman mufo no bedi tumi wɔ mmere pɔtee bi mu. Asɛm a ɛwɔ Daniel ti 4 no ma yehu bere tenten a na saa mmere no bedi. Ɛfa dae bi a ɛyɛ nkɔmhyɛ a Babilon hene Nebukadnesar soe ho. Ohuu dua kɛse bi a wotwa too fam. Wɔde dade ne kɔbere kyekyeree dua no dunsin no sɛnea ɛbɛyɛ a entumi mfefɛw. Ɔbɔfo bi kae sɛ: ‘Mmere nson ntwa ne tiri so.’—Daniel 4:10-16.
Wɔ Bible mu no, wɔtaa de nnua gyina hɔ ma tumidi. (Hesekiel 17:22-24; 31:2-5) Enti sɛnkyerɛnne kwan so dua no a wotwa too fam no kyerɛ sɛ na Onyankopɔn tumi a ɔnam Yerusalem ahemfo so di wɔ asase so no mu betwa kakra. Nanso, wɔkae wɔ anisoadehu no mu sɛ ‘wobetiatia Yerusalem so’ bere tiaa bi—na ɛbɛyɛ “mmere nson.” Saa bere yi tenten yɛ ahe?
Adiyisɛm 12:6, 14 kyerɛ yɛn sɛ mmere abiɛsa ne fã tenten yɛ “nna apem ahanu aduosia.” Enti “mmere nson” bɛyɛ ɛno mmɔho abien, anaa nnafua 2,520. Nanso, Amanaman no annyae Onyankopɔn tumidi so ‘atiatia’ wɔ Yerusalem sɛe no akyi nnafua 2,520 mu. Enti, ɛda adi pefee sɛ saa nna yi ware koraa sen nnafua 2,520. Sɛ yegyina Numeri 14:34 ne Hesekiel 4:6 a ɛka sɛ “da koro da koro nyɛ afe afe” no so a, na “mmere nson” no tenten bɛyɛ mfirihyia 2,520.
Mfirihyia 2,520 no fii ase wɔ October 607 A.Y.B. mu, bere a Babilonfo kõ faa Yerusalem, na wotuu ɔhene a ofi Dawid abusua mu no fii n’agua so no. Saa bere no baa awiei wɔ October 1914 mu. Saa bere no na “amanaman mmere a wɔahyɛ no” baa awiei, na Onyankopɔn de Yesu Kristo sii agua so wɔ soro sɛ Ɔhene.a—Dwom 2:1-6; Daniel 7:13, 14.
Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, nsɛm a ɛyɛ hu te sɛ akodi, ɔkɔm, asasewosow, ne ɔyaredɔm a asisi wɔ wiase ahyɛ ne “mmae” sɛ ɔsoro Hene no agyirae pɛpɛɛpɛ. (Mateo 24:3-8; Luka 21:11) Nsɛm a ɛtete saa no yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn soro Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 mu ampa, na saa bere no na wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” no fii ase.—2 Timoteo 3:1-5.
a Efi October 607 A.Y.B. besi October 1 A.Y.B. mu no tenten yɛ mfirihyia 606. Esiane sɛ wommu mfirihyia ho akontaa mfi ohunu [0] nti, efi October 1 A.Y.B. besi October 1914 Y.B. tenten yɛ mfirihyia 1,914. Sɛ yɛka mfirihyia 606 ne 1,914 bom a, yenya mfirihyia 2,520. Sɛ wopɛ Yerusalem a wɔsɛee no wɔ afe 607 A.Y.B. mu no ho nsɛm pii a, hwɛ asɛmti “Chronology” (Mmerebu) wɔ Insight on the Scriptures, a Yehowa Adansefo atintim no mu.
-
-
Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
NKEKAHO
Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
WƆNTAA mmɔ honhom abɔde a wɔfrɛ no Mikael no din wɔ Bible mu. Nanso, bere biara a wɔbɛbɔ ne din no na ɔreyɛ adwuma bi. Wɔ Daniel nhoma no mu no, Mikael ne abɔfo bɔne bi reko; wɔ Yuda nhoma no mu no, ɔne Satan redi akameakame; wɔ Adiyisɛm mu no, ɔne Ɔbonsam ne n’adaemone reko. Mikael nam Yehowa tumidi akyi a ogyina ne Onyankopɔn atamfo a ɔko tia wɔn no so yɛ n’ade sɛnea ne din kyerɛ—“Hena na Ɔte sɛ Onyankopɔn?” Na hena ne Mikael?
Ɛtɔ mmere bi a, wɔde din pii na ɛfrɛ onipa bi. Sɛ nhwɛso no, wɔfrɛ tete agya Yakob sɛ Israel nso, na wɔsan frɛ ɔsomafo Petro sɛ Simon. (Genesis 49:1, 2; Mateo 10:2) Saa ara na Bible kyerɛ sɛ Mikael yɛ Yesu Kristo din foforo a na wɔde frɛ no ansa na ɔreba asase so, na bere a ɔsan kɔɔ soro no, saa ara na wɔfrɛ no. Ma yensusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi a yegyina so ka eyi no ho nhwɛ.
Ɔbɔfo Panyin. Onyankopɔn Asɛm frɛ Mikael “ɔbɔfo panyin.” (Yuda 9) Hyɛ no nsow sɛ wɔfrɛ Mikael ɔbɔfo panyin. Eyi kyerɛ sɛ ɔbɔfo biako pɛ na ɔde saa. Nokwarem no, asɛm “ɔbɔfo panyin” no pue Bible mu wɔ biako kabea mu nkutoo, empue wɔ dodow kabea mu da. Afei nso, wɔfrɛ Yesu ɔbɔfo panyin. Wɔka Awurade Yesu Kristo a wɔanyan no no ho asɛm wɔ 1 Tesalonikafo 4:16 sɛ: “Awurade ankasa
-