-
Agyede No Ma Onyankopɔn Trenee Da Adi KɛseƆwɛn-Aban—2005 | November 1
-
-
Agyede No Ma Onyankopɔn Trenee Da Adi Kɛse
BERE a Adam ne Hawa tew atua akyi no, Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma Aseni bi a wɔbɛka ne nantin aba. (Genesis 3:15) Eyi baam bere a Onyankopɔn atamfo kum Yesu Kristo wɔ asɛndua so no. (Galatifo 3:13, 16) Esiane sɛ wɔnam anwonwakwan so de Yesu nkwa hyɛɛ ɔbaabun bi awotwaa mu denam honhom kronkron tumi so nti, na bɔne nni ne ho. Enti, na wobetumi de ne mogya a ohwie gui no adi dwuma sɛ agyede bo de agye nnipa a wonyaa bɔne ne owu fii Adam hɔ no.—Romafo 5:12, 19.
Biribiara nni hɔ a ebetumi asiw ade nyinaa so tumfo, Yehowa Nyankopɔn kwan wɔ n’atirimpɔw a ɔbɛma abam ho. Esiane sɛ Yehowa ma n’atirimpɔw biara ba mu nti, bere a onipa yɛɛ bɔne no, ɛwom sɛ na wonnya ntuaa agyede no de nanso na obetumi abu no sɛ wɔatua no dedaw. Na Onyankopɔn tumi ne wɔn a wɔkyerɛɛ ne bɔhyɛ ahorow mmamu mu gyidi no nyaa abusuabɔ. Eyi tumi maa Adam asefo abɔnefo te sɛ Henok, Noa, ne Abraham ne Onyankopɔn nantewee, na ɔfaa wɔn nnamfo mpo a angu Ne kronkronyɛ ho fĩ.—Genesis 5:24; 6:9; Yakobo 2:23.
Nnipa binom a wonyaa Yehowa mu gyidi no bi yɛɛ bɔne a anibere wom. Wɔn mu biako ne Ɔhene Dawid. Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa atumi akɔ so ahyira Ɔhene Dawid bere a Dawid ne Bat-Seba sɛee aware na ɛno akyi no ɔma wokum ne kunu Uria no?’ Ade titiriw a ɛmaa Dawid kɔɔ so nyaa nhyira ne nokware ahonu ne gyidi a ɔdaa no adi no. (2 Samuel 11:1-17; 12:1-14) Onyankopɔn gyinaa afɔre a na Yesu Kristo rebɛbɔ no so tumi de Dawid a na wanu ne ho bɔne kyɛɛ no a ansɛe N’ankasa atɛntrenee ne ne trenee. (Dwom 32:1, 2) Nea edi eyi ho adanse no, Bible kyerɛkyerɛ ade a ɛyɛ nwonwa sen biara a Yesu agyede no di ho dwuma a ɛne sɛ ‘ɔde ada Onyankopɔn ankasa trenee adi, efisɛ ɔde bɔne a wɔayɛ atwam no firii’ ne nea wɔyɛ wɔ “bere yi mu.”—Romafo 3:25, 26.
Yiw, esiane sɛ Yesu mogya no som bo nti, ɛde mfaso ahorow pii brɛ adesamma. Nnipa abɔnefo a wonu wɔn ho nam agyede no so tumi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den. Bio nso, agyede no bue kwan ma awufo nya owusɔre kɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Wɔn a wobenya owusɔre no bi ne asomfo anokwafo a wowuwui ansa na Yesu retua agyede no, ne nnipa pii mpo a wowuwui a na wonnim Onyankopɔn ho hwee a wɔansom no no. Bible ka sɛ: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.” (Asomafo Nnwuma 24:15) Yehowa begyina agyede no so ama nnipa asoɔmmerɛfo nyinaa daa nkwa saa bere no. (Yohane 3:36) Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na obiara a ogye no di no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Nnipa benya nhyira ahorow yi esiane agyede afɔrebɔ no ho nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ nti.
Nanso, ɛnyɛ ade titiriw paa a ɛwɔ Kristo agyede no ho ne mfaso a yenya fi mu no. Ade a ɛho hia paa a ɛwɔ ho ne nea ɛyɛ wɔ Yehowa din ho no. Agyede no da no adi sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a n’atɛntrenee yɛ pɛ a otumi ne nnipa abɔnefo di nsɛm nanso ɔkɔ so kura n’ahotew ne ne kronnyɛ mu. Sɛ Onyankopɔn ammɔ ne tirim sɛ ɔde agyede no bɛma a, anka Adam asefo biara a Henok, Noa, ne Abraham mpo ka ho nni hɔ a wobetumi ne Yehowa anantew anaa wɔne no afa nnamfo. Odwontofo no huu eyi na ɔkyerɛwee sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW] hena na anka obegyina.” (Dwom 130:3) Hwɛ aseda ara a ɛsɛ sɛ yɛde ma Yehowa sɛ ɔsomaa ne Ba a ɔdɔ no no baa asase so na yɛde bi ma Yesu nso sɛ ofi ne pɛ mu de ne nkwa mae sɛ agyede maa yɛn!—Marko 10:45.
-
-
Abrabɔ Pa Sow Aba PaƆwɛn-Aban—2005 | November 1
-
-
Abrabɔ Pa Sow Aba Pa
ƐNA bi a ɔwɔ supɔw ketewa bi a ɛbɛn Japan anafo fam mpoano ne ne mma nkumaa baasa ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible. Bere a nnipa a wɔte saa supɔw a atew ne ho a amammerɛ adi wɔn ti huu eyi no, na wonkyia Maame no. Maame no ka sɛ: “Nea na ɛyɛ me yaw koraa sen kyia a na wonkyia me no ne me kunu ne me mma a na wɔntew wɔn anim nkyerɛ wɔn no.” Nanso, maame no ka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Yehowa nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kyia nnipa a wɔwɔ ha no.”—Mateo 5:47, 48.
Maame no kyerɛkyerɛɛ ne mma no wɔ fie sɛ ɛmfa ho sɛ nkurɔfo no nkyia wɔn no, ɛsɛ sɛ wobu wɔn. Sɛ na wɔrekoguare abura a emu nsu yɛ hyew no a, na mmofra no yɛ sɛnea wobekyia no hwɛ. Bere biara a wobedu hɔ no, na mmofra no de anigye kyia sɛ, “Konnichiwa!”—“Yɛma mo aha!” Ɛmfa ho sɛ na abusua no kyia ɔmanfo no a wɔntew wɔn anim nnye so no, wɔkɔɔ so kyiaa wɔn a wohyiaa wɔn nyinaa. Na nkurɔfo huu mmofra no suban pa no.
Awiei koraa no, nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no mu bi gyee wɔn so sɛ, “Konnichiwa.” Mfe abien akyi no, ɛkame ayɛ sɛ na nnipa a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa gye abusua no nkyia so. Afei nso na kurom hɔfo afi ase rekyia wɔn ho wɔn ho, na na wɔne wɔn ho wɔn ho bɔ paa. Kurow sohwɛfo abadiakyiri a ɔwɔ hɔ no pɛe sɛ ɔbɔ mmofra no aba so wɔ nsakrae a wɔde aba kurom hɔ no ho. Nanso, wɔn maame ka kyerɛɛ no sɛ nea ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ara na wɔreyɛ no. Akyiri yi, wɔ kasa ho akansi bi a wɔyɛe wɔ supɔw no so mu no, maame no babarima biako kaa sɛnea na ne maame atete wɔn abusua no ma wofi obu mu kyia ɔmanfo no ɛmfa ho sɛ na wonnye wɔn so no ho asɛm. Ne kasa a ɔmae no na edii kan wɔ akansi no mu, na wotintimii wɔ wɔn kurom hɔ atesɛm krataa mu. Ɛnnɛ, abusua no ani gye paa sɛ Kristofo gyinapɛn a wɔde bɔ wɔn bra no sow aba pa. Sɛ nkurɔfo tew wɔn anim a, ɛnyɛ den sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn.
-