Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/07 kr. 3-4
  • Momma Onyankopɔn Asomdwoe Ntra Mo Abusua Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Onyankopɔn Asomdwoe Ntra Mo Abusua Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2007
Yɛn Ahenni Som—2007
km 1/07 kr. 3-4

Momma Onyankopɔn Asomdwoe Ntra Mo Abusua Mu

1. Yɛbɛyɛ dɛn anya anigye ne asomdwoe wɔ yɛn mmusua mu?

1 Abusua biara a ɛwɔ asase so nya ne din fi Yehowa Nyankopɔn a ɔhyehyɛɛ abusua no hɔ. (Efe. 3:14, 15) Nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu a yɛde bɛyɛ adwuma wɔ abusua mu no de anigye ba. So w’abusua mufo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bɛbɔ wɔn bra? Ma yɛnhwehwɛ nnyinasosɛm atitiriw anan a ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ abusua no mu bɔ mmɔden de yɛ adwuma no mu. Saa a wobɛyɛ no de anigye ne asomdwoe bɛba w’abusua mu.

2. (a) Dɛn nti na ahosodi ho hia wɔ abusua mu? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na nnyinasosɛm a ɛwɔ Kolosefo 3:12-14 no aboa ma asomdwoe atra abusua bi mu?

2 Ahosodi: Su yi ho hia wɔ abusua mu na ama yɛanya Onyankopɔn asomdwoe. (Gal. 5:22, 23) Ɔhene Salomo kae sɛ: “Ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.” (Mmeb. 25:28) Ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso ehia sɛ abusua no mufo da ahosodi adi wɔ sɛnea wɔne wɔn ho di nsɛm no mu. (Rom. 7:21, 22) Ɛnsɛ sɛ yɛma bobɔne, mansotwe, ne anigye ntraso ho kwan wɔ Kristofo mmusua mu. (Gal. 5:20, 21) Ahosodi bɛboa awarefo ma ‘wɔaguan aguamammɔ’ na wɔadi wɔn ho wɔn ho nokware. (1 Kor. 6:18) Saa su titiriw yi nso bɛboa yɛn ma yɛrennyɛ basabasa, yɛrennyɛ sadweam, na ɛbɛboa yɛn ma yɛde odwo adi nsɛnnennen ho dwuma.—Kol. 3:12-14.

3. Abusua mufo bɛyɛ dɛn de tiyɛ nhyehyɛe no adi dwuma?

3 Tiyɛ: Paulo kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Nyankopɔn.” (1 Kor. 11:3) Nnyinasosɛm yi a yebehu na yɛde adi dwuma no bɛboa ma Onyankopɔn asomdwoe atra yɛn mmusua mu. Yehowa de ahyɛ ɔbarima no nsa sɛ onni abusua no anim. Ɔyere a osuro Nyankopɔn fi nokwaredi mu boa ne kunu wɔ ti a ɔyɛ no ho. Sɛ wɔde nhyehyɛe yi yɛ adwuma yiye a, ɛrenyɛ den mma mmofra sɛ wobebu wɔn awofo na wɔatie wɔn.—Efe. 5:22-25, 28-33; 6:1-4.

4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni yɛ kankabi?

4 Ɛsɛ sɛ okununom a wɔyɛ Kristofo kae sɛ tiyɛ a Kyerɛwnsɛm ka ho asɛm no nkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ kankabi. Wɔ eyi mu no, ɛsɛ sɛ osuasua Yesu a ɔyɛ ne Ti no. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ “ade nyinaa ti” de, nanso ‘wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee.’ (Efe. 1:22; Mat. 20:28) Kristofo mmarima di wɔn tiyɛ ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛma wɔde wɔn abusua ahiade di kan sen wɔn ankasa de so. Sɛnea Kristo fi ayamye mu yɛ n’ade a okunu besuasua no de asomdwoe ne biakoyɛ ba.—1 Kor. 13:5.

5. Su bɛn na ɛbɛboa ɔyere ma wadi n’asɛyɛde ho dwuma wɔ abusua no mu, na ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

5 Ɛsɛ sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni no fi ne pɛ mu boa ne kunu a ɔyɛ abusua ti no. Sɛ ne nhomanim kɔ anim sen ne kunu de anaasɛ ɔwɔ sika sen ne kunu mpo a, ɛsɛ sɛ ɔboa no. Sɛ́ ne “boafo” ne ne hokafo no, obetumi de su horow a ebia ne kunu nni bi no aboa no. (Gen. 2:20; Mmeb. 31:10-31) Ɛnyɛ den mma ɔyere a ɔbrɛ ne ho ase sɛ ɔbɛkyerɛ obu ama ne kunu tiyɛ. Wɔn mma no hu, na ɛka wɔn ma wɔyɛ osetie.

6, 7. (a) Hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔ abusua no mu? (b) Akwan bɛn so na okununom betumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 11:6 no ayɛ adwuma wɔ wɔn abusua mu?

6 Kyerɛwnsɛm no kyerɛ nea ɛsɛ sɛ odi anim ma wɔkyerɛkyerɛ mmofra no pefee. “Papanom, . . . monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Ɛsɛ sɛ agyanom fi wɔn pɛ mu di asɛyɛde yi ho dwuma, na wɔne wɔn mma sua ade de afotu ma wɔn.

7 Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wohwɛ ma moyɛ abusua adesua daa na woma ɛhyɛ nkuran. Fa hokwan biara a wubenya ka Onyankopɔn ho nokwasɛm kyerɛ wo mma, na “nyi wo nsa mfi ho.” (Ɔsɛnk. 11:6) Eyi bɛhwehwɛ sɛ wo ne wɔn mu biara sua Bible na woboa wɔn ma wonya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Boa wɔn ma wonsiesie mmuae a wɔbɛma wɔ Kristofo nhyiam ase, na boa wɔn ma wɔnyɛ wɔn Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi ahorow. Ma w’ani nkũ wɔn fekubɔ ho.—1 Kor. 15:33.

8. (a) Sɛ agya no nni asafo no mu a, dɛn na wobetumi ayɛ? (b) Ɛwom sɛ afoforo betumi aboa de, nanso dɛn na ɛnsɛ sɛ awofo yɛ?

8 Na sɛ agya no nni asafo no mu nso ɛ? Ɛsɛ sɛ ɔyere a ɔwɔ asafo no mu no yɛ nea obetumi de kyerɛkyerɛ mmofra no na ɔyɛ abusua adesua daa. (2 Tim. 1:5) Ɛtɔ mmere bi a, tebea foforo bi betumi ama mmofra no nkyerɛkyerɛ ho asɛyɛde no nyinaa abɛda ɔyere no so. (Mmeb. 1:8) Wɔ tebea horow bi mu no, asafo mu panyin anaa ɔdawurubɔfo foforo a ne ho akokwaw betumi agyina abusua no tebea so aboa. Nanso ɛnsɛ sɛ nhyehyɛe a ɛte saa no ma awofo no fa wɔn ho di. Kyerɛwnsɛm ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma, tete wɔn na wɔhwɛ wɔn.—Deut. 6:6, 7; 1 Tim. 3:2, 4.

9. So ɔyerenom betumi aboa ma wɔde nteɛso ama mmofra? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Ɔyerenom betumi abrɛ wɔn ho ase ama tiyɛ nhyehyɛe no bere a wɔboa wɔn kununom ma wɔde nteɛso ne ntetee ma mmofra no. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mode Onyankopɔn gyinapɛn yɛ adwuma na mode nteɛso ma a, ma wo mma no nhu sɛ wo ne wo kunu yɛ biako.—1 Kor. 1:10; Mmeb. 1:8.

10. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ abusua mufo de nnyinasosɛm a ɛwɔ Yakobo 1:19 no yɛ adwuma, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ɔkwan bɛn so?

10 Mommom Nsusuw Nneɛma Ho: Nsɛm a edi so yi betumi ama yɛahu nnyinasosɛm titiriw a ɛto so abiɛsa: “Obiara nyɛ ntɛm asɛntie ho, ɔnyɛ nyaa ɔkasa ho, nyɛ nyaa abufuw ho.” (Yak. 1:19) Ɛho hia sɛ abusua mufo fi obu mu tie nea afoforo a wɔwɔ abusua no mu wɔ ka. Sɛ akasakasa ba mo ntam a, ɛsɛ sɛ mo nyinaa de odwo, ɔdɔ ne ntease susuw ho.

11. (a) Nsɛm bɛn na ehia sɛ yebom susuw ho yiye? (b) Sɛ yɛresusuw asɛm bi a yɛn adwene nhyia wɔ ho ho a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?

11 Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere fi obu mu susuw abusua no sikasɛm ho, sɛ́ ɛyɛ adetɔ anaa bosea a wɔbɛbɔ. (Mmeb. 15:22) Sɛ yɛn asɛm yɛ dɛ wɔ asɛm bi a yɛn adwene nhyia wɔ mu ho mpo, na sɛ yɛde ahomaso kasa anaa yɛka nsɛm a ɛyɛ yaw a, ebetumi asɛe ade. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn kasa yɛ dɛ a ‘nkyene wɔ mu.’ (Kol. 4:6) Mmusua a wodi Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛte saa so no benya Onyankopɔn asomdwoe wɔ wɔn abusua mu.

12, 13. (a) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ka yɛn mmusua dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa ɔdɔ ho di dwuma wɔ yɛn mmusua mu da biara, na dɛn ntia?

12 Ɔdɔ: Nnyinasosɛm a ɛto so anan a ɛboa ma asomdwoe ne anigye ba abusua mu ne ɔdɔ. Ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ wɔ afã titiriw bi wɔ aware mu, na abusua mufo nso betumi adodɔ wɔn ho yiye. Nanso, nea ɛho hia sen saa mpo ne ɔdɔ a wonya fii Hela asɛmfua a·gaʹpe mu no. Eyi ne ɔdɔ a yenya ma Yehowa, Yesu, ne yɛn yɔnko. (Mat. 22:37-39) Onyankopɔn yii saa ɔdɔ yi adi kyerɛɛ adesamma de “ne Ba a ɔwoo no koro mae” na amma ‘yɛansɛe na mmom yɛanya daa nkwa.’ (Yoh. 3:16) Hwɛ hia a ehia sɛ yɛda ɔdɔ koro yi ara bi adi kyerɛ yɛn abusuafo!

13 Ɔdɔ a ɛkorɔn yi yɛ “koroyɛ hama.” (Kol. 3:14) Ɛka awarefo bom na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ nea eye paa ma wɔn ho ne wɔn mma. (Filip. 2:4) ‘Ɔdɔ nhwehwɛ nea n’ankasa hia. Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.’ Sɛ ɔdɔ a ɛte sɛɛ wɔ abusua mu a, ‘ɛto ntwa da.’ (1 Kor. 13:4-8) Nokwarem no, mmusua a wogyina Yehowa ho dɔ so dodɔ wɔn ho no wɔ anigye!—1 Yoh. 5:3.

14. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ na wɔanya Yehowa nhyira? (b) Sɛ yɛma asomdwoe tra yɛn abusua mu a, dɛn na yebenya?

14 Sɛ abusua mufo nyinaa de Bible nnyinasosɛm a yɛaka ho asɛm yi di dwuma a, wobenya Onyankopɔn asomdwoe wɔ wɔn mmusua mu. Awofo a wosuro Nyankopɔn na wɔde ne som mu botae sisi wɔn mma ani so, na wɔne wɔn mma nkumaa sua Bible daa no betumi anya Yehowa nhyira. (Adi. 21:1-4) Enti ɛmmra sɛ w’abusua de nokware Nyankopɔn som bɛyɛ wɔn asetram ade titiriw. Bere a mokɔ so ma Onyankopɔn asomdwoe tra mo mmusua mu no, yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ, Yehowa, bɛma mo ani agye!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena