Ɔdɔ—Su a Ɛma Asɛnka Adwuma no Sow Aba
1 “Mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.” (Mat. 11:28) Anigyesɛm a ɛte sɛɛ ma yehu ɔdɔ kɛse a na Yesu wɔ ma nkurɔfo. Sɛ́ Kristofo asomfo no, yɛpɛ sɛ yɛda yɛn dɔ adi kyerɛ nnipa a wiase a ɔdɔ nnim yi ama wɔabotow no de suasua Yesu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa bere a yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo no?
2 Nsɛm a Yɛka: Ɔdɔ a na Yesu wɔ ma nkurɔfo no ma ɔde hokwan biara a onyae no kaa asɛmpa no. (Yoh. 4:7-14) Ɔdɔ bɛboa yɛn ma yɛrentwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebedi adanse wɔ bɔnnɔ so. Abeawa bi a wadi mfe asia dii ɔbea bi a ɔte ne nkyɛn wɔ ɔdan a wɔtwɛn nnuruyɛfo wom mu adanse. Dɛn na ɛma ɔyɛɛ saa? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Na ɛte sɛ nea ɔbea no pɛ sɛ ohu onii ko a Yehowa yɛ.”
3 Yebetumi de serew a efi komam ne adamfofa nne akyerɛ sɛnea yɛn ani gye nkurɔfo ho no. Saa ara na nea afoforo ka a yetie no yiye, nea ɛhaw wɔn a yehu, ne wɔn ho anigye ankasa a yɛkyerɛ no da ɔdɔ adi. (Mmeb. 15:23) Ɛsɛ sɛ yesi Ahenni asɛm a ɛhyɛ nkuran no ne ayamhyehye a Yehowa fi ɔdɔ mu nya ma nkurɔfo no so dua de suasua Yesu.—Mat. 24:14; Luka 4:18.
4 Yɛn Nneyɛe: Yesu dii afoforo ahiade ho dwuma ntɛm wɔ akwan pa so. (Mat. 15:32) Yɛn nso yebetumi anya hokwan ahorow a yɛde beyi adɔe adi akyerɛ bere a yɛyɛ asɛnka adwuma no. Onuawa bi hui sɛ na ɔbea bi nte asɛnhia bi a na wɔreka akyerɛ no wɔ telefon so no ase. Yɛn nuabea no fii ne pɛ mu boaa ɔbea no denam asɛm no a ɔkyerɛɛ ase maa no no so. Ɔdɔ a yɛn nuabea no daa no adi no maa ɔne ɔbea no susuw Kyerɛwnsɛm no ho na ɛboae ma ɔne no yɛɛ Bible adesua. Onua foforo nso a na ɔreyɛ sankɔhwɛ kohuu ofiewura no sɛ n’ani abere ne ho efisɛ na ontumi nyi akongua kɛse bi mfi ne pon ano. Bere a onua no boaa no ma oyii akongua no, ɔtraa so ne ofiewura no a n’ani agye no yɛɛ Bible adesua.
5 Bere a yɛyɛ asɛnka adwuma no, yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa adi. (Mat. 22:36-40) Nsɛm a yɛka ne nneyɛe a ɛte sɛɛ a yɛda no adi no boa nnipa komapafo ma wohu sɛ yɛn na yɛwɔ nokware no.