Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bsi08-2 ti 63 kr. 24-25
  • Bible Nhoma a Ɛto So 63—2 Yohane

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛto So 63—2 Yohane
  • “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA ENTI A MFASO WƆ SO
“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
bsi08-2 ti 63 kr. 24-25

Bible Nhoma a Ɛto So 63—2 Yohane

Nea Ɔkyerɛwee: Ɔsomafo Yohane

Beae a Ɔkyerɛw No: Efeso, anaa mpɔtam hɔ

Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 98 Y.B.

YOHANE krataa a ɛto so abien no yɛ tiawa—ebetumi akɔ krataa biako pɛ so—nanso nsɛm wom. Ɔkyerɛw krataa no kɔmaa “awuraa a wɔapaw no ne ne mma.” Saa bere no na ebinom din de “Kyria” (Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “awuraa”), enti Bible ho animdefo bi susuw sɛ Yohane kyerɛw krataa no kɔmaa onipa pɔtee bi a ne din de saa. Nanso ebinom gye di sɛ Yohane kyerɛw krataa no kɔmaa Kristofo asafo bi, na ɔfrɛɛ asafo no “awuraa a wɔapaw no.” Ebia ɔyɛɛ saa na wɔn a wɔtaa Kristofo no anhu akyi. Sɛ ɛte saa a, ɛnde bere a ɔkae sɛ “wo nuabea a wɔapaw no no mma kyia wo” wɔ nkyekyɛm a etwa to no, na ɔreka asafo foforo ho asɛm. Enti wɔankyerɛw ne krataa a ɛto so abien no amma Kristofo nyinaa, na mmom ɛda adi sɛ ɔkyerɛw maa onipa biako bi anaa asafo pɔtee bi.—Nky. 1.

2 Biribiara nni hɔ a obi begyina so aka sɛ ɛnyɛ Yohane na ɔkyerɛw krataa yi. Ɔkyerɛwfo no frɛ ne ho “ɔpanyin.” Asɛm yi fata Yohane, efisɛ na ɛnyɛ sɛ ne mfe akɔ anim nko, na mmom esiane sɛ na ɔyɛ “adum” no mu biako (Gal. 2:9) na ɔno ne ɔsomafo koro pɛ a waka nti, na ɔyɛ “ɔpanyin” wɔ Kristofo asafo no mu ampa. Na nkurɔfo nim no dedaw, enti na enhia sɛ ɔka nsɛm pii na akenkanfo ahu no. Ɔkwan a Yohane faa so kyerɛw ne krataa a ɛto so abien yi sɛ nea edi kan no ne Asɛmpa no, enti ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛ ɔno na ɔkyerɛw eyi. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw krataa a ɛto so abien yi wɔ Efeso, afe 98 Y.B. mu, te sɛ krataa a edi kan no. McClintock ne Strong Cyclopedia no ka Yohane Nhoma a Ɛto So Abien ne Abiɛsa no ho asɛm sɛ: “Nsɛdi a ɛwom nti, yebetumi aka sɛ ɔkyerɛw krataa a edi kan no wɔ Efeso no, ankyɛ koraa na ɔkyerɛw abien a aka no. Nkrataa abien no fa nnyinasosɛm a wɔada no adi wɔ krataa a edi kan no mu de kyerɛkyerɛ nsɛm mu.”a Nea ɛkyerɛ sɛ krataa no yɛ nokware no, Irenaeus a ɔtraa ase wɔ Yesu wu akyi bɛyɛ mfe ɔha no faa krataa yi mu asɛm kae, na Clement a ofi Aleksandria a ɔtraa ase bere koro no ara mu no nso gye toom.b Bio nso wɔbɔ Yohane nkrataa no din wɔ Muratori nhoma no mu.

3 Nea ɛma ɔkyerɛw Yohane Nhoma a Edi Kan no ara na ɛma ɔkyerɛw nea ɛto so abien no; na atoro akyerɛkyerɛfo pɛ sɛ wɔsɛe Kristofo gyidi. Na Yohane pɛ sɛ ɔbɔ akenkanfo kɔkɔ na wɔahu saafo no atwe wɔn ho afi wɔn ho, na wɔakɔ so de ɔdɔ atra nokware no mu.

NEA ENTI A MFASO WƆ SO

5 Ɛda adi sɛ sɛnea ɛte nnɛ no, na ebinom wɔ Yohane bere so a Kristo nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ no nnɔɔso mma wɔn. Na wɔpɛ pii aka ho; biribi a ɛbɛma wɔate nka sɛ wɔkorɔn, biribi a ɛbɛma wɔn so ma wɔne wiase animdefo ayɛ pɛ, na na wɔpɛ sɛ wɔsɛe Kristofo asafo no de mpaapaemu ba na wɔanya nea wɔpɛ. Ná Yohane bu asafo no biakoyɛ sɛ biribi a ɛsom bo yiye, efisɛ na egyina ɔdɔ ne nkyerɛkyerɛ pa a ɛwɔ Agya ne Ɔba no mu so. Ɛnnɛ nso ɛsɛ sɛ yɛkora biakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no so na yɛkwati sɛ yɛne awaefo a wɔpo Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ kodi nkyerɛkyerɛ foforo akyi no bɛbɔ anaa yebekyia wɔn mpo. Sɛ yɛkɔ so nantew sɛnea Onyankopɔn ahyɛde te na yɛma anigye a ɛwɔ Kristofo fekubɔ mu no kanyan yɛn a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ “yebenya adom, mmɔborohunu ne asomdwoe afi Agya Nyankopɔn ne Agya no Ba Yesu Kristo hɔ, nokware ne ɔdɔ mu.” (Nky. 3) Nokwarem no, Yohane krataa a ɛto so abien no ma yehu sɛ nhyira wɔ Kristofo biakoyɛ a ɛte saa so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nea wotintimii wɔ 1981 mu, Po IV, kratafa 955.

b New Bible Dictionary, 1986 de, a J. D. Douglas hyehyɛɛ emu nsɛm, kratafa 605.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena