Bible Nhoma a Ɛto So 50—Filipifo
Nea Ɔkyerɛwee: Paulo
Beae a Ɔkyerɛw No: Roma
Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 60–61 Y.B.
BERE a ɔsomafo Paulo nyaa anisoadehu a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ Makedonia nkɔka asɛmpa no wɔ hɔ no, ɔne Luka, Silas, ne aberantewa Timoteo yɛɛ ntɛm kɔe. Wofii Troa wɔ Asia Kumaa no, wɔfaa po so hyɛn kɔɔ Neapoli. Wɔankyɛ wɔ hɔ na wɔfaa mmepɔw mu twaa kwan bɛyɛ akwansin akron ne fã kɔɔ Filipi. Luka kaa kurow yi ho asɛm sɛ ɛyɛ “kurow titiriw wɔ Makedonia.” (Aso. 16:12) Wɔde Filipi kurow no too Makedonia hene Filipo II (Alexander Ɔkɛseɛ no papa) a ɔko gyee kurow no wɔ afe 356 A.Y.B. no. Akyiri yi, Romafo ko gyei. Afe 42 A.Y.B. no, na wodi ako akɛse wɔ hɔ. Ɛno mu na Octavian a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Kaesare Augusto no benyaa tumi kɛse. Bere a wɔrehyɛ saa nkonimdi yi ho fã no, ɔde Filipi kaa nkurow a Roma di so no ho.
2 Sɛ Paulo du kurow biara so a, nea na ɔtaa yɛ ne sɛ odi kan ka asɛmpa no kyerɛ Yudafo. Nanso bere a obeduu Filipi wɔ afe 50 Y.B. no, Yudafo kakraa bi na onyaa wɔn. Ɛbɛyɛ sɛ na wonni hyiadan efisɛ na wɔtaa kɔ asu ho wɔ kurotia kɔbɔ mpae. Paulo asɛnka adwuma no ankyɛ abasow. Wɔn a wɔsakraa ntɛm no biako ne ɔbea guadini bi a wɔfrɛ no Lidia. Ná waba Yudasom mu, na bere a obegyee Kristo ho asɛmpa toom no, ɔkaa no denneennen sɛ akwantufo no mmɛtra ne fie. Luka kyerɛw sɛ, “ɔyɛe ara ma yɛkɔɔ hɔ.” Nanso ankyɛ na ɔsɔretia bae, na wɔbɔɔ Paulo ne Silas mmaa, na wɔde wɔn guu afiase. Bere a wogu afiase no, asase wosowee na afiasehwɛfo no ne ne fiefo tiee Paulo ne Silas, na wɔbɛyɛɛ gyidifo. Ade kyee no, woyii Paulo ne Silas fii afiase, na wɔkɔɔ anuanom no nkyɛn wɔ Lidia fie kɔhyɛɛ wɔn nkuran, na wofii kurow no mu kɔe. Paulo werɛ amfi ɔhaw a wɔfaa mu ansa na wɔretew Filipi asafo no.—Aso. 16:9-40.
3 Mfe kakraa bi akyi, bere a Paulo nam n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa mu no, ɔsan kɔsraa Filipi asafo no. Afei, bere a asafo no dii bɛyɛ mfe du no, anuanom a wɔwɔ Filipi no yɛɛ ade bi de kyerɛɛ ɔdɔ kɛse maa Paulo. Ɛno na ɛkaa Paulo ma ɔde honhom kyerɛw nhoma kɔmaa asafo no mufo a ɔdɔ wɔn no. Wɔde saa asafo no din na ato nhoma yi so, na ɛka Kyerɛw Kronkron no ho.
4 Wɔaka wɔ nhoma no ti biako nkyekyɛm biako sɛ Paulo na ɔkyerɛwee. Bible ho animdefo gye saa asɛm no tom, na wɔwɔ nnyinaso nso. Polycarp (a ɔtraa ase bɛyɛ afe 69-155 Y.B.) kaa asɛm bi wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no mu a ɛkyerɛ sɛ Paulo kyerɛw wɔn. Bible ho animdefo te sɛ Ignatius, Irenaeus, Tertullian, ne Clement a ofi Aleksandria a wɔtraa ase tete no nyinaa faa nhoma yi mu nsɛm kae de kyerɛe sɛ Paulo na ɔkyerɛwee. Wɔka ho asɛm wɔ Muratori nhoma a wɔkyerɛwee bɛyɛ mfe 1,800 ni no ne Bible nhoma a wɔboaboaa ano tete no nyinaa mu. Wɔsan hu nhoma yi ne nhoma foforo awotwe a Paulo kyerɛwee no wɔ Chester Beatty Papyrus No. 2 (P46), a wogye di sɛ wɔkyerɛw wɔ afe 200 Y.B. no mu.
5 Ɛnyɛ den sɛ yebehu bere a ɔkyerɛw nhoma yi ne faako a ɔkyerɛw no. Bere a Paulo kyerɛw nhoma yi no, na ɔda afiase, na na Roma hempɔn no awɛmfo na wɔhwɛ ne so. Saa bere no nyinaa na ɔsom adwuma no rekɔ so denneennen wɔ baabi a ɔwɔ no. Bere a ɔde ne nhoma no reba awiei no, ɔkae sɛ gyidifo a wɔwɔ Kaesare fie no kyiakyia wɔn. Saa nsɛm yi nyinaa ma yehu sɛ Roma na ɔkyerɛw nhoma yi de menae.—Filip. 1:7, 13, 14; 4:22; Aso. 28:30, 31.
6 Bere bɛn koraa na wɔkyerɛw nhoma yi? Ɛbɛyɛ sɛ na Paulo abɛkyɛ wɔ Roma ma enti Aban Awɛmfo no nyinaa ne nnipa pii ate sɛ ne Kristosom nti, wɔde no ato afiase. Afei nso, na ebegye bere na Epafrodito atumi atwa kwan (bɛyɛ akwansin 600) de akyɛde afi Filipi abrɛ Paulo, na ɛbɛsan agye bere na Filipifo no nso ate sɛ Epafrodito abɛyare wɔ Roma. Afei nso na ebegye bere na wɔate wɔ Roma sɛ Filipifo no dii ɛho awerɛhow. (Filip. 2:25-30; 4:18) Wɔde Paulo too afiase nea edi kan wɔ Roma bɛyɛ afe 59-61 Y.B., enti ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw ne nhoma no wɔ afe 60 Y.B. anaa 61 Y.B. bere a na wabedi afe anaa nea ɛboro saa wɔ Roma no.
7 Paulo faa ɔhaw pii mu ansa na ɔretumi afa asɛmpa no so aboa Filipifo yi ma wɔabɛyɛ ne honhom mu mma. Ná Filipifo no dɔ Paulo yiye na wɔde akyɛde pii boaa no wɔ n’akwantu ne ne sɔhwɛ mu. Yehowa maa Paulo kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Makedonia na onyaa nhyira pii fii mu. Eyinom nyinaa maa Paulo ne Filipi anuanom no bɛdodɔɔ wɔn ho kɛse. Filipifo no fi ayamye mu de akyɛde brɛɛ Paulo, na wobisae sɛnea Epafrodito ho te. Afei wobisae sɛnea asɛmpa no rekɔ so wɔ Roma. Eyinom na ɛkaa Paulo ma ofi atenka mu kyerɛw krataa a ahomeka wom de hyɛɛ wɔn nkuran no.
NEA ENTI A MFASO WƆ SO
12 Hwɛ mfaso kɛse a yenya fi Filipifo nhoma no so! Yɛn nso yɛpɛ sɛ Yehowa gye yɛn tom na Kristofo mpanyimfo kamfo yɛn sɛnea Paulo kamfoo asafo a ɛwɔ Filipi no. Sɛ yesuasua Filipifo no suban pa na yɛde Paulo afotu pa no yɛ adwuma a, yɛn nso yebenya nhyira saa ara. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛda ayamye adi, yɛma yɛn nuanom asɛm hia yɛn, na yɛboa wɔn wɔ wɔn ahokyere mu. Ɛsɛ sɛ yegyina asɛmpa no akyi ma wɔde si hɔ mmara kwan so sɛnea Filipifo no yɛe no. (1:3-7) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘gyina pintinn wɔ honhom koro mu, na yɛde ɔkra koro bom di apere ma asɛmpa no gyidi’ na yɛhyerɛn sɛ “akanea,” awo ntoatoaso a akonton na akyea yi mu. Sɛ yɛyɛ eyi na yedwennwen nneɛma a ɛsom bo ho daa a, yɛbɛma yɛn nuanom ani agye sɛnea Filipifo no yɛɛ anigye abotiri maa ɔsomafo Paulo no.—1:27; 2:15; 4:1, 8.
13 Paulo kae sɛ: “Momfa biakoyɛ nsuasua me.” Dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua no? Ade biako a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛpene nea yɛwɔ so wɔ tebea biara mu. Sɛ Paulo wɔ bi oo, onni bi oo, osuae sɛ ɔbɛma nea ɔwɔ biara asɔ n’ani na ama ɔde ahoɔden ne anigye ayɛ Onyankopɔn adwuma no. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ sɛ Paulo na yɛkyerɛ ɔdɔ ma yɛn nuanom a wɔda so kura ɔsom no mu no. Wo ara hwɛ anigye kɛse a ɔde kaa Timoteo ne Epafrodito som adwuma no ho asɛm! Hwɛ ɔdɔ kɛse a ɔdɔɔ Filipifo anuanom no! Ɔfrɛɛ wɔn sɛ “me nuanom a medɔ mo a m’ani agyina mo, m’anigye ne m’abotiri.”—3:17; 4:1, 11, 12; 2:19-30.
14 Dɛn bio na yebetumi ayɛ de asuasua Paulo? Ɛne sɛ yɛbɛbɔ ‘mmɔden adu botae no ho.’ Obiara a ɔde n’adwene asi “biribiara a ɛsom bo” so no, n’ani ku nhyehyɛe a Yehowa ayɛ wɔ ɔsoro ne asase so no ho, na emu na ‘tɛkrɛma nyinaa bɛpae mu aka sɛ Yesu Kristo ne Awurade de ahyɛ Agya Nyankopɔn anuonyam.’ Afotu pa a ɛwɔ Filipifo nhoma no mu no kanyan obiara a ɔpɛ daa nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no ma ɔyɛ saa botae no ho adwuma. Nanso wɔn a wɔkyerɛw Filipifo nhoma no maa wɔn paa ne wɔn a wɔyɛ “ɔman mma wɔ soro” no, na wɔrehwɛ anim denneennen sɛ ‘wɔbɛyɛ sɛ Kristo anuonyam nipadua no.’ Momma saafo no nyinaa nsuasua ɔsomafo Paulo na wɔmma wɔn ‘werɛ mfi nneɛma a ɛwɔ akyi no, na wɔntwe wɔn mu nnu nneɛma a ɛwɔ anim no ho,’ bere a wɔbɔ ‘mmɔden sɛ wobedu botae no ho na wɔanya nkonim bo a ɛne ɔsoro frɛ no.’ Ɛno ne wɔn agyapade a ɛsom bo wɔ ɔsoro Ahenni no mu!—4:8; 2:10, 11; 3:13, 14, 20, 21.