Ti 4
Onyankopɔn Wɔ Din
MPƐN pii no, sɛ wuhyia obi bere a edi kan a, dɛn na wudi kan bisa no?— Wubisa ne din. Yɛn nyinaa wɔ din. Onyankopɔn maa onipa a odi kan wɔ asase so no din. Ɔfrɛɛ no Adam. Wɔfrɛɛ Adam yere Hawa.
Nanso ɛnyɛ nnipa nkutoo na wɔwɔ din. Susuw nneɛma afoforo a ɛwɔ din nso ho hwɛ. Sɛ obi kyɛ wo abaduaba anaasɛ afieboa bi a, sɛ́ woma no din, anaa ɛnte saa?— Yiw, edin a wubenya ho hia paa.
Sɛ edu anadwo a, ma w’ani so hwɛ nsoromma bebree no. So wususuw sɛ ɛwowɔ din?— Yiw, Onyankopɔn totoo nsoromma a ɛwɔ soro no biara din. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔkyerɛ nsoromma dodow; ɔtoto wɔn nyinaa din.”—Dwom 147:4.
Hena na wobɛka sɛ ne ho hia sen obiara wɔ amansan no nyinaa mu?— Yiw, ɛyɛ Onyankopɔn. So wususuw sɛ ɔwɔ din?— Yesu kae sɛ Ɔwɔ din. Bere bi Yesu ka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: ‘Mayi wo din makyerɛ m’akyidifo.’ (Yohane 17:26) So wunim Onyankopɔn din?— Onyankopɔn ankasa bɔ ne din kyerɛ yɛn. Ose: “Mene Yehowa. Me din ne no.” Enti Onyankopɔn din de YEHOWA.—Yesaia 42:8, NW.
Sɛ afoforo kae wo din a, wote nka dɛn?— Ɛyɛ wo dɛ, ɛnte saa?— Yehowa nso pɛ sɛ nnipa hu ne din. Enti sɛ yɛreka Onyankopɔn ho asɛm a ɛsɛ sɛ yɛde edin Yehowa no di dwuma. Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no de Onyankopɔn din Yehowa no dii dwuma bere a ɔkasa kyerɛɛ nkurɔfo no. Bere bi Yesu kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—Marko 12:30, NW.
Ná Yesu nim sɛ “Yehowa” yɛ din a ɛho hia yiye. Enti ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmfa Onyankopɔn din no nni dwuma. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn mpo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn din wɔ wɔn mpaebɔ mu. Ná Yesu nim sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa nyinaa hu Ne din, Yehowa no.
Tete mmere mu no, Onyankopɔn maa ɔbarima Mose a na ɔyɛ Israel mma no mu biako, huu hia a ne din no ho hia. Ná Israel mma a wɔfrɛ wɔn Israelfo no te asase a wɔfrɛ no Misraim so. Ná wɔfrɛ nnipa a wɔte saa asase no so no Misrifo. Wɔde Israelfo no yɛɛ nkoa na wɔhyɛɛ wɔn so yiye. Bere a Mose nyinii no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa ne nkurɔfo no mu biako. Eyi maa Misraim hene, Farao, bo fuwii. Ɔpɛe sɛ okum Mose! Enti Mose guan fii Misraim.
Mose kɔtraa asase foforo so. Ná ɛyɛ Midianfo asase. Mose waree wɔ hɔ na ofii ase woo maa. Afei nso ɔyɛɛ adwuma sɛ oguanhwɛfo. Da bi a Mose ani abere rehwɛ ne nguan wɔ baabi a ɛbɛn bepɔw bi no ohuu biribi a ɛyɛ nwonwa. Ná nkyɛkyerɛ bi redɛw, nanso na ɛnhyew! Mose twiw bɛnee hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ no yiye.
Wunim nea esii?— Mose tee ɛnne bi sɛ efi nkyɛkyerɛ a ɛredɛw no mfinimfini. Ɛnne no frɛe sɛ, “Mose! Mose!” Hena na na ɔreka saa no?— Ɛyɛ Onyankopɔn na na ɔrekasa! Ná Onyankopɔn wɔ adwuma pii a Mose bɛyɛ. Onyankopɔn kae sɛ: ‘Bra na mensoma wo Farao, Misraim hene no nkyɛn, na koyi me man Israel mma no fi Misraim.’ Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛboa Mose ma wayɛ adwuma yi.
Nanso Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: ‘Na sɛ midu Israel mma no nkyɛn wɔ Misraim, na meka mekyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn na asoma me. Na wobisa me sɛ, “Ne din ne dɛn” a, dɛn na menka?’ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ Israel mma no sɛ: ‘Yehowa na asoma me mo nkyɛn. Yehowa ne me din kosi daa.’ (Exodus 3:1-15) Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛma edin Yehowa no atra hɔ daa. Ɔrensesã no da. Onyankopɔn pɛ sɛ wɔde ne din Yehowa no hu no kosi daa.
Bere a Mose san kɔɔ Misraim no, na Misrifo no susuw sɛ Yehowa yɛ Israel mma no nyame ketewaa bi kɛkɛ. Ná wonnim sɛ ɔno ne asase nyinaa so Nyankopɔn. Enti Yehowa ka kyerɛɛ Misraim hene no sɛ: ‘Merebɛma wɔahu me din wɔ asase nyinaa so.’ (Exodus 9:16) Yehowa ma wohuu ne din no ampa. Wunim ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa?—
Wiɛ, ɔmaa Mose dii Israelfo no anim de wɔn fii Misraim. Bere a woduu Po Kɔkɔɔ no ho no, Yehowa paee kwan a ɛso awo faa mu. Israelfo no faa asase a ɛso awo no so. Nanso bere a Farao ne n’asraafo no siim faa po bon a na ɛso awo no mu no, nsu a ano aboa wɔ afã abien no bu kataa Misrifo no so, na wɔn nyinaa wuwui.
Ankyɛ biara na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa tee nea Yehowa ayɛ wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔtee ho asɛm?— Wiɛ, bɛyɛ mfe 40 akyi no, Israelfo no baa Kanaan, asase a Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Ɛhɔ na ababaa bi a wɔfrɛ no Rahab ka kyerɛɛ Israelfo mmarima no sɛ: ‘Yɛate sɛnea Yehowa maa Po kɔkɔɔ no mu nsu yowee mo anim bere a mufii Misraim no.’—Yosua 2:10.
Ɛnnɛ nnipa pii te sɛ saa Misrifo no ara pɛ. Wonnye nni sɛ Yehowa ne asase nyinaa so Nyankopɔn. Enti Yehowa pɛ sɛ n’ankasa nkurɔfo ka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. Eyi na Yesu yɛe. Aka kakraa bi ma wawie n’asase so asetra no, ɔka kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Mayi wo din makyerɛ wɔn.”—Yohane 17:26.
So wopɛ sɛ woyɛ sɛ Yesu? Ɛnde ka kyerɛ afoforo sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Wubehu sɛ nnipa pii nnim saa. Enti ebia wubetumi de kyerɛwsɛm a ɛwɔ Bible mu wɔ Dwom 83:18 no akyerɛ wɔn. Ma yɛmfa Bible no mprempren yi ara na yɛn nyinaa nhwehwɛ saa kyerɛwsɛm no. Ɛka sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de Yahwe [Yehowa, NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”
Dɛn na yesua fi nea yɛakenkan yi mu?— Yiw, yehu sɛ Yehowa ne din a ɛho hia sen biara. Ɛne Ade Nyinaa So Tumfoɔ, Yesu Agya, Nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa no din. Na kae sɛ, Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa dɔ Yehowa Nyankopɔn. So wodɔ Yehowa?—
Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa?— Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛfa no sɛ yɛn Adamfo. Ɔkwan foforo nso ne sɛ yɛbɛka ne din ho asɛm akyerɛ afoforo. Yebetumi afi Bible no mu tẽẽ akyerɛ wɔn sɛ ne din ne Yehowa. Afei nso yebetumi aka nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ayɛ no ho asɛm akyerɛ wɔn. Eyi ma Yehowa ani gye, efisɛ ɔpɛ sɛ nnipa te ne ho asɛm. Yebetumi ayɛ eyi, anaa ɛnte saa?—
Sɛ yɛka Yehowa ho asɛm a, ɛnyɛ obiara na ɔbɛpɛ sɛ otie. Bere a Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no mpo kaa Ne ho asɛm no, nnipa pii antie. Nanso ɛno amma Yesu annyae Yehowa ho asɛm ka.
Enti momma yɛnyɛ sɛ Yesu. Momma yɛnkɔ so nka Yehowa ho asɛm. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa Nyankopɔn ani begye yɛn ho, efisɛ yɛkyerɛ ne din ho anigye.
Afei mommom nkenkan kyerɛw nsɛm kakra bi a ɛkyerɛ hia a Onyankopɔn din ho hia no bio mfi Bible no mu: Yesaia 12:4, 5; Mateo 6:9; Yohane 17:6; ne Romafo 10:13.
[Mfonini wɔ kratafa 27]
So na wunim sɛ nsoromma nyinaa wɔ din?
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Ade titiriw bɛn na Mose suae wɔ nkyɛkyerɛ a na ɛredɛw no ho?
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ma wohuu ne din wɔ Po Kɔkɔɔ no ho?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]
Yesu ma wohuu Onyankopɔn din. So wubetumi akyerɛ faako a Onyankopɔn din no wɔ wɔ Bible mu?