Ti 7
Osetie Bɔ Wo Ho Ban
SƐ WUTUMI yɛ biribiara a wopɛ a, anka ɛbɛyɛ wo dɛ? So mmere bi wɔ hɔ a anka wompɛ sɛ obi kyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ? Afei, ka wo komam asɛm paa kyerɛ me.—
Nanso nea ɛwɔ he na eye ma wo? So nyansa wom ankasa sɛ wobɛyɛ biribiara a wopɛ? Anaa so nneɛma kɔ so yiye bere a wutie wo papa ne wo maame no?— Onyankopɔn se ɛsɛ sɛ wutie w’awofo, enti ɛbɛyɛ sɛ biribi pa bi nti na ɔka saa. Ma yɛnhwɛ sɛ yebetumi ahu anaa.
Woadi mfe ahe?— So wunim mfe a wo papa adi?— Wo maame anaa wo nanabea anaa wo nanabarima adi mfe ahe?—Wɔde mfe pii atra ase sen wo. Na bere tenten a obi de tra ase no, saa ara na onya bere pii de sua ade. Ɔte nsɛm pii hu nneɛma pii na ɔyɛ nneɛma pii afe biara. Enti mmofra betumi asua ade afi mpanyimfo hɔ.
So wunim obi a woanyin sen no?— So wunim ade sen no?— Dɛn nti na ɛte saa?— Efisɛ wode bere tenten atra nkwa mu sen no. Woanya bere pii de asua ade asen obi a onnyinii.
Hena na watra ase akyɛ sen wo anaa me anaa onipa foforo biara?— Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn. Onim ade sen wo, na onim ade sen me. Sɛ ɔka sɛ yɛnyɛ biribi a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛteɛ sɛ yɛyɛ, ɛmfa ho mpo sɛ ebia ne yɛ yɛ den no. So wunim sɛ bere bi ɛyɛɛ den maa Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no mpo sɛ ɔbɛyɛ osetie?—
Bere bi, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ biribi a ɛyɛ den paa. Yesu bɔɔ ho mpae sɛnea yehu wɔ ha no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ.” Saa mpae a Yesu bɔe yi kyerɛ sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Onyankopɔn apɛde a wobɛyɛ no yɛ mmerɛw. Nanso Yesu de ne mpaebɔ no baa awiei dɛn? So wunim?—
Yesu de baa awiei sɛ: “Ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ.” (Luka 22:41, 42) Yiw, na ɔpɛ sɛ Onyankopɔn apɛde yɛ hɔ, ɛnyɛ ne de. Na ɔkɔɔ so yɛɛ nea Onyankopɔn pɛ sen sɛ ɔbɛyɛ nea osusuw sɛ eye.
Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?— Yesua fi mu sɛ eye sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn ka bere nyinaa, ɛwom sɛ ebia ne yɛ renyɛ mmerɛw de. Nanso yesua biribi foforo nso. So wunim dekode?— Ɛne sɛ Onyankopɔn ne Yesu nyɛ nnipa koro, te sɛ nea nnipa bi ka no. Yehowa Nyankopɔn anyin sen ne Ba Yesu, na onim ade sen no.
Sɛ yetie Onyankopɔn a, na yɛrekyerɛ sɛ yɛdɔ no. Bible ka sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3) Enti woahu, ehia sɛ yɛn nyinaa yɛ osetie ma Onyankopɔn. Wopɛ sɛ wutie no, ɛnte saa?—
Ma yemmue yɛn Bible mu na yɛnhwɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛ mmofra sɛ wɔnyɛ. Yɛrebɛkenkan nea Bible ka wɔ Efesofo ti 6, nkyekyɛm 1, 2, ne 3 no. Ɛka sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.”
Enti woahu, ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa na ɔreka akyerɛ wo sɛ tie w’agya ne wo na. ‘Nidi’ a yɛde bɛma wɔn no kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wode obu ma wɔn. Na Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ wutie w’awofo a, ‘ebesi wo yiye.’
Ma menka nnipa bi a wogyee wɔn nkwa esiane sɛ wɔyɛɛ osetie nti ho asɛm nkyerɛ wo. Saa nnipa yi traa ase tete wɔ kurow kɛse Yerusalem mu. Nnipa a wɔwɔ kurow no mu pii antie Onyankopɔn asɛm, enti Yesu bɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ sɛ Onyankopɔn bɛma wɔasɛe wɔn kurow no. Yesu kaa nea sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ a ɛbɛma wɔatumi aguan ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔkae sɛ: ‘Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, mubehu sɛ ne sɛe abɛn. Saa bere no na ɛsɛ sɛ mufi Yerusalem guan kɔ mmepɔw so.’—Luka 21:20-22.
Wiɛ, sɛnea Yesu kae pɛpɛɛpɛ no, asraafo bɛtow hyɛɛ Yerusalem so. Roma asraafo no bɔɔ nsra twaa ho nyinaa hyiae. Afei biribi nti asraafo no san kɔe. Nnipa no mu fã kɛse no ara susuwii sɛ asiane no atwam. Enti wɔtraa kurow no mu. Nanso na dɛn na Yesu aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ?— Sɛ na wote Yerusalem a, anka dɛn na wobɛyɛ?— Wɔn a na wogye Yesu di ampa no guan fii wɔn afie mu wɔ Yerusalem kɔɔ akyirikyiri wɔ mmepɔw no so.
Afe biako twaam a biribiara ansi Yerusalem. Mfe abien twaam a hwee ansi. Afe a ɛto so abiɛsa no nso, hwee ansi. Ebia ebinom besusuw sɛ wɔn a woguan kɔe no nnim nyansa. Nanso afe a ɛto so anan no mu no, Roma asraafo no san bae. Wotwaa Yerusalem nyinaa ho hyiae bio. Afei na aka akyiri dodo sɛ wobeguan. Saa bere yi de asraafo no sɛee kurow no. Nnipa a na wɔwɔ kurow no mu no mu fã kɛse no ara wuwui, na wɔfaa wɔn a wɔkae no nnommum.
Nanso dɛn na ɛtoo wɔn a wotiee Yesu no?— Hwee anyɛ wɔn. Ná wɔne Yerusalem ntam kwan ware yiye. Enti wɔampira. Osetie bɔɔ wɔn ho ban.
Sɛ woyɛ osetie a, so ɛno nso bɛbɔ wo ho ban?— Ebia w’awofo bɛka akyerɛ wo sɛ nni agoru wɔ karkwan mu da. Dɛn nti na wɔka saa?— Efisɛ kar betumi abɔ wo. Nanso ebia da bi wubesusuw sɛ: ‘Mprempren de kar biara mma. Merempira. Mmofra foforo di agoru wɔ karkwan mu, na minhui sɛ wɔn mu biara apira da.’
Saa na nkurɔfo a na wɔwɔ Yerusalem no mu pii susuwii. Bere a Roma asraafo no kɔe no, ɛyɛe sɛnea asiane no atwam. Ná afoforo da so ara tete kurow no mu. Enti wɔn nso traa hɔ bi. Ná wɔabɔ wɔn kɔkɔ, nanso wɔantie. Ɛno nti wowuwui.
Ma yensusuw nhwɛso foforo ho. So wode mankyese adi agoru pɛn?— Sɛ wosɔ mankyese na ɛredɛw a ɛte sɛ nea ɛyɛ anigye. Nanso mankyese a wɔde bedi agoru no betumi ayɛ asiane. Ofi mũ nyinaa betumi ahyew, na wubetumi awu!
Kae sɛ, sɛ́ wobɛyɛ osetie bere bi kɛkɛ no nko ara nnɔɔso. Nanso sɛ woyɛ osetie bere nyinaa a, ɛbɛbɔ wo ho ban ankasa. Na hena na ɔka sɛ, “Mma, muntie mo awofo asɛm” no?— Ɛyɛ Onyankopɔn. Na kae sɛ, ɔka saa efisɛ ɔdɔ wo yiye.
Afei kenkan kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ sɛnea osetie ho hia yi: Mmebusɛm 23:22; Ɔsɛnkafo 12:13; Yesaia 48:17, 18; ne Kolosefo 3:20.
[Mfonini wɔ kratafa 42]
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wutie mpanyimfo?
[Mfonini wɔ kratafa 43]
Dɛn na yebetumi asua afi Yesu mpaebɔ no mu?
[Mfonini wɔ kratafa 45]
Ɔkwan bɛn so na osetie a saa nkurɔfo yi yɛ maa Yesu ahyɛde no gyee wɔn nkwa?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 46]
Dɛn nti na sɛ wunhu asiane biara mpo a ɛsɛ sɛ woyɛ osetie?