Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/09 kr. 5
  • Ahotew—Dɛn Nti na Ɛho Hia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahotew—Dɛn Nti na Ɛho Hia?
  • Yɛn Ahenni Som—2009
Yɛn Ahenni Som—2009
km 3/09 kr. 5

Ahotew—Dɛn Nti na Ɛho Hia?

Momfa nsɛmmisa yi nsusuw January-March 2009, Ɔwɛn-Aban no kratafa 23-26 ho.

(Adaka a ɛwɔ kratafa 23) (a) Nneɛma bɛn na ebetumi de efĩ aba, na dɛn nti na eyi yɛ aniberesɛm? (b) “Ohia betumi ama ayɛ den sɛ obi bekura ahotew gyinapɛn a ɛkorɔn mu.” Ampa anaa Atoro? (d) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo de ohia yi wɔn ho ano ma wɔn ho yɛ fĩ? (1-4) Nneɛma a mfaso wɔ so bɛn na ɛnanom betumi ayɛ de ahwɛ ama wɔn mmusua anya akwahosan pa, na dɛn na ankorankoro a wɔwɔ abusua no mu no betumi ayɛ de aboa? (Adaka a ɛwɔ kratafa 24) Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛwɔ kyerɛw nsɛm no mu biara mu no betumi aboa ma yɛakwati nyarewa ahorow? (Mfonini a ɛwɔ kratafa 24) Dɛn na mfonini a ɛwɔ kratafa yi mu biara kyerɛkyerɛ yɛn? (5) Dɛn paa nti na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo ma wɔn ho tew? (6, 7) Dɛn nti na ɛho hia sɛ abusua no muni biara boa, na nneɛma pɔtẽẽ bɛn na obiara betumi ayɛ de aboa? (Adaka a ɛwɔ kratafa 25) Nyansahyɛ bɛn na oduruyɛfo bi de ma a ɛsɛ sɛ mmusua nyinaa de yɛ adwuma, na dɛn ntia? (8, 9) Dɛn na yebetumi ayɛ de ama yɛn fie ho atew? (10, 11) (a) Akwan bɛn so na sɛnea yedi yɛn ho ni no betumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam? Ma nhwɛso. (b) Ɔkwan bɛn so na Betel yɛ nhwɛso pa ma Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa? (w89-E 6/1 kr. 16-17, nky. 7-9.) (d) Dɛn nti na yɛn ho a yɛbɛma atew bere a yɛreyɛ Kristofo nnwuma no ho hia paa? (12) Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ? (13) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Bible ka ntade ahorow ho asɛm no si sɛnea Yehowa bu ahotew no so dua? (14) Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛba daakye?

Ntĩmu. Ɔkwan bɛn so na asɛm yi betumi:

◼ Aboa wo wɔ fie, sukuu mu, ne nnwuma a woyɛ no daa no mu?

◼ Aka su a wowɔ wɔ Ahenni Asa asiesie ho?

◼ Aboa wo bere a worekɔ ɔmantam ne ɔmansin nhyiam?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena