Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 36 kr. 187-191
  • Henanom na Wobenyan Wɔn? Ɛhe na Wɔbɛtra?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom na Wobenyan Wɔn? Ɛhe na Wɔbɛtra?
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Yesua Fi Ɔdebɔneyɛfo Bi Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Owusɔre​—Ma Henanom, Ne Ɛhe?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • “Wobɛka Me Ho Wɔ Paradise”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Awufo Bɛsɔre!
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 36 kr. 187-191

Ti 36

Henanom na Wobenyan Wɔn? Ɛhe na Wɔbɛtra?

WƆ TI abien a atwam mu no, nnipa baahe na yɛkenkan wɔn ho asɛm sɛ wonyan wɔn?— Wɔyɛ baanum. Wɔn mu baahe na na wɔyɛ mmofra?— Baasa. Na wɔfrɛɛ nea ɔto so anan no aberante. Wususuw sɛ eyi kyerɛ dɛn?—

Wiɛ, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ mmofra. Na obenyan afoforo pii nso. So Onyankopɔn benyan wɔn a wɔyɛɛ nea ɛteɛ no nkutoo?— Ebia yebesusuw saa. Nanso, nnipa pii wɔ hɔ a wɔansua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no ho nokware no. Enti wɔyɛɛ nneɛma bɔne esiane sɛ wɔkyerɛɛ wɔn nneɛma bɔne nti. So wususuw sɛ Yehowa benyan nnipa a wɔte saa no?—

Bible ka sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Dɛn nti na wobenyan wɔn a wɔnteɛ, anaa wɔanyɛ ade papa no?— Efisɛ wɔannya hokwan ansua Yehowa, ne nea ɔhwehwɛ sɛ nkurɔfo yɛ ho ade.

Bere bɛn na wususuw sɛ wobenyan nkurɔfo?— Susuw bere a Lasaro wui na Yesu hyɛɛ Lasaro nuabea Marta bɔ sɛ: “Wo nua no bɛsɔre bio” no ho hwɛ. Marta buae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.” (Yohane 11:23, 24) Na dɛn na Marta kyerɛ bere a ɔkae sɛ Lasaro bɛsɔre wɔ “da a edi akyiri” no?—

Wiɛ, na Marta ate Yesu bɔhyɛ a ɛne sɛ: ‘Wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa befi adi’ no. (Yohane 5:28, 29) Enti “da a edi akyiri” no ne bere a wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu nyinaa bɛsɔre aba nkwa mu bio no. Saa da a edi akyiri yi nyɛ nnɔnhwerew 24 da. Ɛbɛyɛ mfirihyia apem. Bible ka fa saa da yi ho sɛ, ‘Onyankopɔn bebu nnipa a wɔwɔ asase so no atɛn.’ Wɔn a obebu wɔn atɛn no bi ne wɔn a wobenyan wɔn no.—Asomafo no Nnwuma 17:31; 2 Petro 3:8.

Susuw sɛnea saa da no bɛyɛ anigye no ho hwɛ! Wɔ saa da a ɛyɛ mfirihyia apem yi mu nyinaa no, wobenyan nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu no aba nkwa mu bio. Yesu frɛɛ beae a wobenyan wɔn ma wɔabɛtra no Paradise. Ma yɛnhwɛ baabi a Paradise no bɛwɔ ne sɛnea ɛhɔ bɛyɛ.

Bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa ansa na Yesu rewu wɔ dua so no, ɔkaa Paradise ho asɛm kyerɛɛ ɔbarima bi a na ɔno nso sɛn dua so bɛn no no. Na wɔrekum ɔbarima no wɔ bɔne a ɔyɛe ho. Nanso bere a owudifo yi hwɛɛ sɛnea Yesu te na otiee nea wɔka faa Ne ho no, ofii ase gyee Yesu dii. Enti owudifo no kae sɛ: “Sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!” Yesu buae sɛ: ‘Nokware mise wo nnɛ sɛ, Wobɛka me ho Paradise hɔ.’—Luka 23:42, 43.

Bere a Yesu kaa eyi no na ɔkyerɛ dɛn? Ɛhe na Paradise wɔ?— Susuw ho hwɛ. Mfiase no, ɛhe na na Paradise wɔ?— Kae sɛ, Onyankopɔn maa onipa a odi kan, Adam, ne ne yere Hawa traa Paradise wɔ asase so ha yi ara. Na wɔfrɛ no Eden turo. Na mmoa wɔ turo no mu, nanso wɔampira obiara. Na nnua a asow aba a ɛyɛ dɛ pii, ne asubɔnten kɛse bi wɔ hɔ. Na ɛhɔ yɛ beae a ɛyɛ anigye sɛ wɔtra!—Genesis 2:8-10.

Enti bere a yɛkenkan owudifo a ɔbɛkɔ Paradise ho asɛm no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛnea asase yi bɛdan beae a ɛyɛ fɛ a yɛbɛtra no nso ho mfonini wɔ yɛn adwenem. So Yesu bɛka kan owudifo no ho wɔ Paradise asase so ha?— Dabi. So wunim nea enti a ɔrenka ne ho wɔ ha?—

Efisɛ Yesu bedi tumi wɔ soro na wafi hɔ adi Hene wɔ Paradise wɔ asase so. Enti Yesu bɛka saa ɔbarima no ho a ɛkyerɛ sɛ obenyan no afi awufo mu na wadi n’ahiade ahorow ho dwuma. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesu ma obi a kan no na ɔyɛ owudifo tra Paradise?— Ma yɛnhwɛ sɛ yebenya mmuae no a.

So na owudifo no nim Onyankopɔn atirimpɔw ahorow, ansa na ɔne Yesu rekasa?— Dabi, na onnim. Ɔyɛɛ nneɛma a enye efisɛ na onnim Onyankopɔn ho nokware no. Wɔbɛkyerɛkyerɛ no Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho ade wɔ Paradise. Afei obenya hokwan de akyerɛ sɛ ɔdɔ Onyankopɔn ampa denam N’apɛde a ɔbɛyɛ so.

So wɔn a wobenyan wɔn no nyinaa bɛtra Paradise wɔ asase so?— Dabi, ɛnyɛ wɔn nyinaa. So wunim nea enti a ɛnyɛ wɔn nyinaa?— Efisɛ wobenyan ebinom ma wɔne Yesu akɔtra soro. Wɔne no bedi Paradise asase so ahene. Ma yɛnhwɛ nea ɛma yehu eyi.

Anadwo ansa na Yesu rebewu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Trabere pii wɔ m’agya fie, na merekɔ makosiesie baabi mama mo.’ Afei Yesu hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.”—Yohane 14:2, 3.

Bere a wonyan Yesu akyi no, ɛhe na ɔkɔe?— Yiw, ɔsan kɔɔ soro wɔ N’agya nkyɛn. (Yohane 17:4, 5) Enti Yesu hyɛɛ n’asomafo no ne n’akyidifo a aka no bɔ sɛ obenyan wɔn na wɔne no atra soro. Dɛn na wɔne Yesu bɛyɛ wɔ soro hɔ?— Bible ka sɛ n’asuafo a wonyaa “ɔsɔre a edi kan” mu kyɛfa no ne no bɛtra soro adi asase ‘so ahene mfirihyia apem.’—Adiyisɛm 5:10; 20:6; 2 Timoteo 2:12.

Nnipa baahe na wobenya “ɔsɔre a edi kan” no mu kyɛfa na wɔne Yesu adi ade sɛ ahene no?— Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.’ (Luka 12:32) Saa “kuw ketewa” a wobenyan wɔn ma wɔne Yesu adi ade wɔ N’ahenni mu yi, yɛ nnipa dodow pɔtee bi. Bible kyerɛ sɛ nnipa “mpem ɔha aduanan anan” na wobenyan wɔn afi asase so.—Adiyisɛm 14:1, 3.

Nnipa baahe na wɔbɛtra Paradise wɔ asase no?— Bible no nkyerɛ. Nanso na Onyankopɔn aka akyerɛ Adam ne Hawa bere a na wɔwɔ Eden turo no mu sɛ wɔnwo na wɔnhyɛ asase so ma. Nokwasɛm ni, wɔantumi anyɛ saa. Nanso Onyankopɔn bɛhwɛ ama n’atirimpɔw a ɛne sɛ nnipa pa nhyɛ asase so ma no abam.—Genesis 1:28; Yesaia 45:18; 55:11.

Wo de susuw sɛnea Paradise asetra bɛyɛ anigye afa no ho hwɛ! Asase nyinaa bɛyɛ te sɛ turo kɛse bi. Nnomaa ne mmoa ne nnua a ɛyɛ fɛ ne nhwiren ahorow bɛyɛ so ma. Obiara renyare na wate yaw, na obiara renwu. Obiara bɛyɛ obiara adamfo. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra Paradise daa a, mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma.

Kenkan pii fa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no ho wɔ Mmebusɛm 2:21, 22; Ɔsɛnkafo 1:4; Yesaia 2:4; 11:6-9; 35:5, 6; ne 65:21-24.

[Mfonini wɔ kratafa 187]

Dɛn nti na Onyankopɔn benyan ebinom a wɔanyɛ ade papa no?

[Mfonini wɔ kratafa 188]

Ɛhe na Paradise a Yesu reka ho asɛm akyerɛ ɔbarima no wɔ?

[Mfonini wɔ kratafa 189]

Sɛ yɛkenkan Paradise ho asɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ yetwa ho mfonini wɔ yɛn adwenem?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 190]

Ɛhe na wɔn a wobenyan wɔn no bɛtra, na dɛn na wɔbɛyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena