Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Rahab—Wɔnam Gyidi Nnwuma So Buu No Treneeni
    Ɔwɛn-Aban—1993 | December 15
    • ho anhyɛ ɔbrasɛe mu.​—Leviticus 18:24-30.

      Na nnaadaasɛm a Rahab ka kyerɛɛ akwansrafo no atiwfo no nso ɛ? Onyankopɔn penee nea ɔyɛe no so. (Fa toto Romafo 14:4 ho.) Ɔde ne nkwa too asiane mu de bɔɔ Onyankopɔn nkoa ho ban, na ɛkyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi. Ɛwom sɛ atorodi nye wɔ Yehowa ani so de, nanso ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ obi bɛka asɛm a ɛyɛ nokware akyerɛ wɔn a ɛnsɛ sɛ wɔte. Yesu Kristo mpo amfa nkyerɛkyerɛmu a edi mũ anaa mmuae tẽe amma bere a na saayɛ betumi de ɔhaw a ɛho nhia aba no. (Mateo 7:6; 15:1-6; 21:23-27; Yohane 7:3-10) Ɛsɛ sɛ yebu sɛnea Rahab daadaa atamfo ahemmɔfo no saa ara.

      Rahab Akatua

      Akatua bɛn na Rahab nyae wɔ gyidi a ɔkyerɛe no ho? Nokwarem no, ne nkwa so a wɔkorae wɔ Yeriko sɛe mu no yɛ Yehowa nhyira. Akyiri yi, ɔwaree Salmon (Salma), ɔbapɔmma Nahson a na ofi Yuda abusuakuw no mu babarima. Sɛ́ Boas a osuro Onyankopɔn awofo no, Salmon ne Rahab bɛyɛɛ abusua a wɔnam so woo Israel hene Dawid no mufo. (1 Beresosɛm 2:3-15; Rut 4:20-22) Nea ɛho hia sen eyi no, kan aguaman Rahab ka mmea baanan pɛ a wɔbobɔ wɔn din wɔ Yesu anato a ɛwɔ Mateo no ho. (Mateo 1: 5, 6) Nhyira a efi Yehowa hɔ bɛn ara ni!

      Ɛwom sɛ na Rahab nyɛ Israelni, na na anka ɔyɛ tuutuuni de, nanso ɔyɛ ɔbea a ɔda nsow a ɔde ne nnwuma kyereɛ sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi a edi mu. (Hebrifo 11:30, 31) Te sɛ afoforo a wɔn mu bi agyae tuutuusi no, ɔbɛsan anya akatua foforo bio​—obenya owusɔre aba nkwa mu wɔ paradise asase so. (Luka 23:43) Esiane Rahab gyidi a ɔde nnwuma bataa ho nti, onyaa yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ a ɔde bɔne firi no anim dom. (Dwom 130:3, 4) Na nokwarem no, ne nhwɛso pa no hyɛ wɔn a wɔdɔ trenee nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nto Yehowa Nyankopɔn so na wɔanya daa nkwa.

  • Yɛn Aniwa A Yɛbɛma Ayɛ Nea ‘Eye’ Wɔ Ahenni Adwuma Mu
    Ɔwɛn-Aban—1993 | December 15
    • Yɛn Aniwa A Yɛbɛma Ayɛ Nea ‘Eye’ Wɔ Ahenni Adwuma Mu

      GERMAN DEMOCRATIC REPUBLIC (G.D.R.), anaa ɔman a anka wɔfrɛ no East Germany no annya mfe aduonum mpo. Mfe aduanan biako a enyae no baa awiei October 3, 1990, bere a wɔde n’asase a ne kɛse bɛyɛ sɛ Liberia anaa Tennessee mantam a ɛwɔ United States no kaa Federal Republic of Germany, nea anka wɔfrɛ no West Germany ho no.

      Germany abien a wɔka boom no ama wɔayɛ nsakrae pii. Na ɛnyɛ asase ho ɔhye kɛkɛ na na akyɛ amem abien yi mu, na mmom na ɛsono amammui adwene a ebiara kura nso. Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ maa emu nnipa, na ɔkwan bɛn so na asetra asakra ama Yehowa Adansefo?

      Nea wɔfrɛ no Wende a ɛyɛ ɔman anidan a ɛbae wɔ November 1989 mu a ɛma wotumi ka boom no bae wɔ mfe aduanan sohyialism a ɛyɛ katee no akyi pɛɛ. Ná wɔabara Yehowa Adansefo dwumadi ahorow wɔ saa bere no mu, na na ɔtaa a wɔde ba wɔn so no mu yɛ

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena