Dwom 78
Abodwokyɛre
Nea Yɛaprente
1. Yɛn Aw’rade Yehowa
Din kronkron no ho hia no paa.
Ofi ne komam pɛ sɛ
Oyi efĩ nyinaa fi ho.
Wada boasetɔ adi
Mfe mpempem bebree mu.
Ɔwɔ abodwokyɛre,
Na ɔremmrɛ nso da.
Ɔpɛ sɛ yɛn mu biara
Benya nkwagye kɛse no,
Enti n’abodwokyɛre,
Ɛso bɛba mfaso daa.
2. Abodwokyɛre ho hia
Na yɛatumi abɔ bra pa.
Ɛma akomatɔyam,
Ɛkwati abufuw bɔne.
Ɛnhwɛ afof’ro bɔne,
Ɛhwɛ wɔn ho adepa.
Ɛma yegyina pintinn
Wɔ ahohia b’re mu.
Honhom no tumi boa yɛn;
Etumi ma yenya su pa;
Abodwokyɛre boa yɛn
Ma yesuasua yɛn Nyankopɔn.
(Hwɛ Ex. 34:14; Yes. 40:28; 1 Kor. 13:4, 7; 1 Tim. 2:4 nso.)