Dwom 101
Ma Nnipa Nhu Ahenni Nokware No
Nea Yɛaprente
1. B’re a atwam no na yenhu
Kristofo abrabɔ kwan no.
Yehowa somaa ne hann;
Ahenni nokware hann no.
Yehuu Agya no apɛde.
Yebetie yɛn Nyankopɔn daa.
Yɛbɛbɔ Yehowa din.
Yɛbɛhyɛ ne din no anuonyam daa.
Yedi obiara adanse;
Apon ano, abɔnten so.
Yɛky’rɛky’rɛ wɔn boasetɔ mu
Ma wɔfa wɔn ho di ampa.
Yɛbɔ mmɔden wɔ baabiara;
Yɛbɛtrɛw Yehowa som mu.
Yɛsom no biakoyɛ mu
Kosi sɛ ɔbɛse yɛn sɛ yɛawie.
(Hwɛ Yos. 9:9; Yes. 24:15; Yoh. 8:12, 32 nso.)