Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bt ti 15 kr. 117-123
  • ‘Wɔhyɛɛ Nsafo No Den’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔhyɛɛ Nsafo No Den’
  • ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ma Yɛnsan Nkɔ Anuanom Nkyɛn” (Asomafo Nnwuma 15:36)
  • “Akasakasa a Emu Yɛ Den Bae” (Asomafo Nnwuma 15:37-41)
  • ‘Ná Wɔbɔ No Din Pa’ (Asomafo Nnwuma 16:1-3)
  • ‘Wɔyɛɛ Den Gyidi No Mu’ (Asomafo Nnwuma 16:4, 5)
  • “Me Ba Dɔfo ne Ɔnokwafoɔ Awurade Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Timoteo—Ná Wasiesie Ne Ho, na na Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Marko ‘Ɔyɛ Ɔboafo wɔ Ɔsom Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Timoteo—‘Gyidi Mu Ɔba Nokwafo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
bt ti 15 kr. 117-123

TI 15

‘Wɔhyɛɛ Nsafo No Den’

Ahwɛfo akwantufo boaa nsafo no maa wɔn gyidi yɛɛ den

Egyina Asomafo Nnwuma 15:36–16:5 so

1-3. (a) Paul nyaa obi foforo ne no kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Ɛyɛ hena, na na ɔyɛ onipa bɛn? (b) Dɛn na yebehu wɔ ti yi mu?

NÁ ƆKWAN a ɔsomafo Paul ne aberante no nam so no yɛ mmonkyimmɔnka. Ná wɔretu kwan akɔ nkurow nkurow so. Afei Paul hwɛɛ aberante no komm dwen nea ɛda hɔ retwɛn aberante no ho. Ná aberante no din de Timoteo. Ná Timoteo yɛ aberante a wasi so a ɔde nsi ne ahokeka som Yehowa, na na wadi bɛyɛ mfe 20. Bere a wɔrekɔ wɔn anim a ade resa nyinaa, na ɔne ne kurom Listra ne Ikoniom ntam twe ara na ɛretwe. Dɛn na na ɛda wɔn anim? Paul de, na onim ho biribi efisɛ na ɛno ne n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmienu. Ná onim sɛ wɔbehyia asiane ne ɔhaw pii. Nanso ebia na ɔredwen ho sɛ, Timoteo nso ɛ? Ná obetumi agyina mu anaa?

2 Ná Paul wɔ Timoteo mu ahotoso, nanso ebia ná Timoteo de, onhu ne ho saa. Ná nsɛm bi a esisii nkyɛe ama Paul ahu sɛ ɛsɛ sɛ onya obi a ɔfata a ɔne no betutu akwan. Adwuma a na ɛda ahwɛfo akwantufo yi anim ne sɛ wɔbɛsrasra nsafo na wɔahyehyɛ anuanom den, na na Paul nim sɛ, sɛ adwuma no bɛkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔnya atuhoama honhom, na wɔyɛ adwenkoro. Dɛn na ɛmaa Paul tee nka saa? Ebetumi aba sɛ akasakasa a ɛmaa Paul ne Barnaba tetew mu no ka ho bi nti na ɔtee nka saa.

3 Eti yi bɛboa yɛn ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a asɛm bi asi yɛne yɛn nuanom ntam no. Afei nso yebehu nea ɛmaa Paul faa Timoteo ne no kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no, na dwuma titiriw a ɛnnɛ amansin so ahwɛfo di no, ɛbɛma yɛahu ani so yiye.

“Ma Yɛnsan Nkɔ Anuanom Nkyɛn” (Asomafo Nnwuma 15:36)

4. Dɛn na na Paul pɛ sɛ ɔyɛ wɔ asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmienu no mu?

4 Ti 14 mu no, yehui sɛnea Paul, Barnaba, Yuda, ne Silas kɔhyɛɛ asafo a ɛwɔ Antiokia no den. Mmarima nnan yi de akwankyerɛ kuw no akwankyerɛ a ɛfa twetiatwa ho no kɔmaa anuanom no. Ɛno akyi no, dɛn na Paul yɛe? Ɔde n’akwantu a edi hɔ no ho nhyehyɛe too Barnaba anim. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnsan nkɔ anuanom nkyɛn wɔ kurow biara a yɛkaa Yehowa asɛm wom no mu, na yɛnkɔhwɛ sɛnea wɔn ho te.” (Aso. 15:36) Ná ɛnyɛ adwene a Paul wɔ ne sɛ wɔrekɔsra wɔn a wɔabɛyɛ Kristofo foforo no kɛkɛ. Asomafo Nnwuma no ma yehu adwene paa a na ɛwɔ Paul asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmienu no akyi. Nea edi kan no, na ɔbɛkɔ so de mmara a akwankyerɛ kuw no ahyɛ no ama nsafo no. (Aso. 16:4) Nea ɛtɔ so mmienu no, na Paul yɛ ɔhwɛfo kwantufo, enti na esi n’ani so sɛ ɔbɛboa anuanom ama wɔn gyidi ayɛ den. (Rom. 1:11, 12) Sɛnea akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so yɛɛ nhyehyɛe de hyɛɛ nsafo no nkuran no, sɛn na Yehowa Adansefo ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no suasua?

5. Ɔkwan bɛn na Akwankyerɛ Kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no fa so de akwankyerɛ ne nkuranhyɛ ma nsafo no?

5 Ɛnnɛ nso Kristo nam Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no so rekyerɛ n’asafo no kwan. Mmarima anokwafo a wɔasra wɔn yi de akwankyerɛ ne nkuranhyɛ ma nsafo a ɛwɔ wiase nyinaa no. Wɔnam nkrataa, nhoma a ɛwɔ Intanɛt so ne nea wɔaprente, nhyiam ahorow, ne akwan foforo so na ɛyɛ saa. Akwankyerɛ Kuw no pɛ sɛ wɔne asafo biara di nkitaho, enti wɔsoma ahwɛfo akwantufo ma wɔkɔsra nsafo no. Akwankyerɛ Kuw no ankasa apaw mpanyimfo a wɔn ho akokwaw mpempem pii wɔ wiase nyinaa ma wɔresom sɛ amansin so ahwɛfo.

6, 7. Nnwuma a amansin so ahwɛfo yɛ no bi ne sɛn?

6 Ɛnnɛ, sɛ amansin so ahwɛfo kɔsra asafo biara a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɛn anuanom nyinaa na wɔahyɛ wɔn gyidi den. Sɛn na wɔyɛ no? Wɔdi nhwɛso a tete ahwɛfo akwantufo te sɛ Paul yɛe no akyi. Paul hyɛɛ ɔhwɛfo kwantufo foforo nkuran sɛ: “Ka asɛm no; yere wo ho ka, na ntwentwɛn so, ka no bere a eye ne bere a enye mu, ka anim, fa nteɛso ma, tu fo; fa abotare ne nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn yɛ ne nyinaa. . . . Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma.”—2 Tim. 4:2, 5.

7 Amansin so ahwɛfo de saa nsɛm yi yɛ adwuma, enti sɛ wɔne wɔn yerenom kɔsra asafo bi a, wɔne adawurubɔfo no fa akwan horow so yɛ asɛnka adwuma no. Saa anuanom yi yɛ asɛmpakafo mmɔdenbɔfo a wɔnim nkyerɛkyerɛ, na wɔn nhwɛso tumi hyɛ anuanom den. (Rom. 12:11; 2 Tim. 2:15) Nea yɛtaa de kae amansin so ahwɛfo kɛse ne ɔdɔ kann a wɔyi no adi kyerɛ anuanom no. Wɔyi wɔn yam som wɔn nuanom, na nsu mu oo, awia mu oo, wɔtutu akwan kɔ mmeae a ɛhɔ kɔ yɛ hu mpo. (Filip. 2:3, 4) Bio nso, amansin so ahwɛfo ma Bible mu ɔkasa ahorow de kyerɛkyerɛ nsafo no, na wɔtu wɔn fo hyɛ wɔn den. Sɛ asafo no mufo nyinaa hwɛ ahwɛfo akwantufo yi abrabɔ suasua wɔn gyidi a, ɛboa wɔn paa.—Heb. 13:7.

“Akasakasa a Emu Yɛ Den Bae” (Asomafo Nnwuma 15:37-41)

8. Dɛn na Barnaba yɛe bere a Paul kaa sɛ wɔnsan nkɔ anuanom nkyɛn no?

8 Barnaba penee adwene a Paul de bae sɛ ‘wɔnsan nkɔ anuanom nkyɛn’ no so. (Aso. 15:36) Ná wɔn mmienu no abom ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no pɛn maa biribiara kɔɔ yiye. Afei nso, na wɔnim baabi a wɔrebɛkɔ no ne ɛhɔfo. (Aso. 13:2–14:28) Enti na ntease wom sɛ wɔn mmienu no bɛbom ayɛ saa asɛmpatrɛw adwuma a edi hɔ yi. Nanso asɛm bi sii. Asomafo Nnwuma 15:37 bɔ amanneɛ sɛ: “Ná Barnaba abɔ ne tirim sɛ ɔde Yohane a wɔfrɛ no Marko no bɛka wɔn ho akɔ.” Ɛnyɛ sɛ na Barnaba rekyerɛ n’adwene kɛkɛ. Mmom na ‘wabɔ ne tirim’ sɛ, asɛmpatrɛw akwantu a wɔrebɛkɔ no, ɔde ne busuani Marko bɛka wɔn ho akɔ.

9. Ɛyɛɛ dɛn na Paul ne Barnaba adwene anhyia?

9 Paul ne Barnaba anyɛ adwene. Adɛn ntia? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Nanso na Paul ne no nyɛ adwene sɛ wɔde Marko bɛka wɔn ho akɔ, efisɛ ogyaw wɔn hɔ wɔ Pamfilia, na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no.” (Aso. 15:38) Marko ne Paul ne Barnaba na efii wɔn asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no ase, nanso ɔne wɔn anwie. (Aso. 12:25; 13:13) Wɔfii akwantu no ase no, ankyɛ na Marko gyaw wɔn hɔ wɔ Pamfilia san kɔɔ fie wɔ Yerusalem. Bible no nka nea enti a Marko gyaw wɔn hɔ, nanso sɛnea ogyaw wɔn hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔsomafo Paul hu no sɛ antwa yiye. Ebetumi aba sɛ Paul nyaa adwene sɛ Marko nyɛ obi a wɔbetumi de wɔn ho ato no so.

10. Bere a Paul ne Barnaba adwene anhyia no, ekowiee sɛn?

10 Ne nyinaa mu no, na Barnaba asi ne bo sɛ ɔde Marko bɛka wɔn ho. Ná Paul nso awe ahinam so sɛ ɔremma ho kwan. Asomafo Nnwuma 15:39 ka sɛ: “Eyi de akasakasa a emu yɛ den bae, na obiara faa ne kwan.” Barnaba faa Marko kaa ne ho, na wɔfaa po so hyɛn de kɔɔ ne kurom Kipro. Paul de, ɔtoaa n’akwantu no so. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɛnna Paul faa Silas, na anuanom de Paul hyɛɛ Yehowa nsa sɛ ɔmfa n’adom mmoa no. Afei ofii hɔ kɔe.” (Aso. 15:40) Wɔkɔfaa “Siria ne Kilikia, na ɔhyɛɛ asafo ahorow no den.”—Aso. 15:41.

11. Sɛ obi fom yɛn a, suban bɛn na yehia na yɛne onii no ntam ansɛe?

11 Saa asɛm yi ma yɛkae sɛ wɔwoo yɛn bɔne mu. Ná Paul ne Barnaba yɛ mmarima a akwankyerɛ kuw no ahyɛ da apaw wɔn sɛ wɔn ananmusifo. Ebi mpo a akyiri yi Paul ankasa nso bɛyɛɛ akwankyerɛ kuw no muni. Nanso saa bere yi de, Paul ne Barnaba antumi anhyɛ wɔn abufuw so. Wɔmaa akasakasa yi sɛee wɔn ntam koraa anaa? Ɛwom sɛ na bɔne wɔ Paul ne Barnaba ho de, nanso na wɔyɛ mmarima ahobrɛasefo a wɔwɔ Kristo adwene. Biribiara kyerɛ sɛ akyiri yi, obiara de ne yɔnko bɔne kyɛɛ no, na wɔsan yɛɛ baako somee sɛ Kristofo. (Efe. 4:1-3) Bere bi akyi no, Paul ne Marko boom yɛɛ asafo nnwuma afoforo.a—Kol. 4:10.

12. Suban bɛn na na ɛwɔ Paul ne Barnaba ho a ɛsɛ sɛ mpanyimfo nyinaa nya bi nnɛ?

12 Akasakasa a ɛbaa Barnaba ne Paul ntam no yɛ biribi a ebetwaam kɛkɛ; ná ɛnyɛ wɔn suban. Ná nkurɔfo nim Barnaba sɛ obi a ɔwɔ ɔdɔ na ne yam ye. Ɛno nti asomafo no amfa ne din paa Yosef no amfrɛ no, na mmom wɔtoo ne din Barnaba a ɛkyerɛ “Awerɛkyekye Ba.” (Aso. 4:36) Ná wɔnim Paul nso sɛ obi a odwo na ɔwɔ ayamhyehye ma afoforo. (1 Tes. 2:7, 8) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne amansin so ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa bɔ mmɔden suasua Paul ne Barnaba na wɔnya ahobrɛase. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn mfɛfo mpanyimfo ne nguankuw no nyinaa brɛbrɛ.—1 Pet. 5:2, 3.

‘Ná Wɔbɔ No Din Pa’ (Asomafo Nnwuma 16:1-3)

13, 14. (a) Hena ne Timoteo, na ɛyɛɛ dɛn na ɔne Paul hyiae? (b) Dɛn na ɛmaa Paul adwene baa Timoteo so kɛse? (d) Adwuma bɛn na wɔde maa Timoteo?

13 Paul asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmienu no mu no, ɔkɔsraa nsafo a ɛwɔ Roma mantam Galatia. Afei “okoduu Derbe ne Listra.” Kyerɛwtohɔ no ka kaa ho sɛ: “Ná osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ne maame yɛ Yudani gyidini, na na ne papa yɛ Greeceni.”—Aso. 16:1.b

14 Ɛbɛyɛ sɛ Paul hyiaa Timoteo abusuafo no wɔ ne nsrahwɛ a edi kan no mu bɛyɛ afe 47 Y.B. Mfe mmienu anaa mmiɛnsa akyi a Paul kɔɔ hɔ bio no de, n’adwene baa aberante Timoteo so kɛse. Adɛn ntia? Efisɛ na anuanom ‘bɔ [Timoteo] din pa.’ Ɛnyɛ anuanom a wɔwɔ ne kurom no nko ara na na wɔpɛ n’asɛm, na mmom na wɔbɔ no din pa wɔ nsafo foforo nso mu. Bible ka sɛ, na anuanom a wɔwɔ Listra bɔ no din pa. Ɛsan ma yehu sɛ, ɛwom sɛ na efi Listra rekɔ Ikoniom bɛyɛ kilomita 30, nanso ɛhɔ mpo, na anuanom ka Timoteo ho asɛmpa. (Aso. 16:2) Honhom kronkron maa mpanyimfo no akwankyerɛ ma wɔde adwuma a emu yɛ duru hyɛɛ aberante Timoteo nsa. Wɔpaw no sɛ asɛmpatrɛwfo, na wɔkaa sɛ ɔmmoa Paul ne Silas.—Aso. 16:3.

15, 16. Dɛn na ɛma wɔbɔɔ Timoteo din pa saa?

15 Ɛyɛɛ dɛn na Timoteo nyaa din pa saa wɔ ne mmeranteberem? N’adwenem na na abue anaa? Anaa ne ho na na ɛyɛ fɛ? Anaa ɔdom akyɛde soronko bi na na ɔwɔ? Nneɛma a ɛtete saa na nnipa taa hwɛ. Bere bi, odiyifo Samuel mpo maa nea ɔde n’ani hui daadaa no. Nanso Yehowa kaee no sɛ: “Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ, efisɛ onipa dasani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.” (1 Sam. 16:7) Enti ɛnyɛ ɔdom akyɛde soronko bi a na Timoteo wɔ nti na ne nuanom Kristofo bɔɔ no din pa, na mmom suban pa a na ɔwɔ ntia.

16 Mfe bi akyi no, ɔsomafo Paul kaa suban pa a na Timoteo wɔ no bi ho asɛm. Asɛm a Paul ka faa Timoteo ho no ma yehu sɛ na Timoteo wɔ adwempa, oyi ne yam som afoforo, na na okum ne ho boa nsafo no. (Filip. 2:20-22) Bio nso, na Timoteo wɔ “gyidi a nyaatwom nnim.”—2 Tim. 1:5.

17. Dɛn na mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ de asuasua Timoteo?

17 Ɛnnɛ, mmabun pii suasua Timoteo, na wɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Wɔyɛ saa a, ɛma wɔnya din pa wɔ Yehowa ne n’asomfo anim bere a wɔda so yɛ mmabun mpo no. (Mmeb. 22:1; 1 Tim. 4:15) Wɔda no adi sɛ wɔwɔ gyidi a nyaatwom nnim, na wɔmmu brabɔne nsie. (Dw. 26:4) Ne saa nti, sɛnea na Timoteo di dwuma titiriw wɔ asafo no mu no, saa ara na mmabun pii betumi ayɛ. Sɛ wɔtumi bɛyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo, na akyiri yi wɔhyira wɔn ho so ma Yehowa bɔ asu a, hwɛ sɛnea ɛma obiara a ɔwɔ asafo no mu ani gye fa!

‘Wɔyɛɛ Den Gyidi No Mu’ (Asomafo Nnwuma 16:4, 5)

18. (a) Bere a Paul ne Timoteo resom sɛ ahwɛfo akwantufo no, hokwan ahorow bɛn na wɔnyae? (b) Mfaso bɛn na nsafo no nyae?

18 Paul ne Timoteo yɛɛ adwuma mfe pii. Bere a wɔreyɛ ahwɛfo akwantufo adwuma no, akwankyerɛ kuw no ma wɔgyinaa wɔn ananmu yɛɛ nnwuma bebree. Bible ka sɛ: “Bere a wɔnam nkurow no so no, wɔde mmara a na asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wonni so no maa wɔn.” (Aso. 16:4) Ɛda adi sɛ nsafo no de akwankyerɛ a efi asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem hɔ no yɛɛ adwuma. Osetie a anuanom yɛe nti, “asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den wɔ gyidi no mu, na wɔn dodow kɔɔ anim daa.”—Aso. 16:5.

19, 20. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ osetie ma ‘wɔn a wɔdi wɔn anim no’?

19 Ɛnnɛ nso, sɛ Yehowa Adansefo brɛ wɔn ho ase tie akwankyerɛ a ‘wɔn a wɔdi wɔn anim no’ de ma wɔn no a, wɔnya mfaso pii. (Heb. 13:17) Sɛnea wiase te no resesa, enti ɛho hia sɛ Kristofo di akwankyerɛ ne afotu a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma wɔn no nyinaa so. (Mat. 24:45; 1 Kor. 7:29-31) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma yɛnwae mfi nokware no ho, na yɛbɛtena ase a wiase nkekae biara remma yɛn ho.—Yak. 1:27.

20 Paul, Barnaba, Marko, ne mpanyimfo a wɔasra wɔn a wɔtenaa ase asomafo no bere so no, na mfomso wɔ wɔn ho. Saa ara na Kristofo ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ne Akwankyerɛ Kuw no mufo nso te; wɔn nso, mfomso wɔ wɔn ho. (Rom. 5:12; Yak. 3:2) Nanso esiane sɛ Akwankyerɛ Kuw no di Onyankopɔn Asɛm so ne asomafo no nhwɛso akyi pɛpɛɛpɛ nti, yetumi de yɛn ho to wɔn so. (2 Tim. 1:13, 14) Ne saa nti, nsafo no akɔ so ayɛ den wɔ gyidi no mu.

TIMOTEO YII NE YAM ‘TRƐW ASƐMPA NO MU’

Ná Timoteo yɛ ɔsomafo Paul boafo a onni ne ho agorɔ koraa. Bere a mmarima mmienu yi boom yɛɛ adwuma bɛyɛ mfe 11 akyi no, asɛm a Paul ka faa Timoteo ho ni: “Minni obiara a ne suban te sɛ ɔno a obeyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa. . . . Munim sɛnea na ɔbɔ ne ho mmɔden. Ɔne me somee te sɛ abofra ne ne papa ma yɛtrɛw asɛmpa no mu.” (Filip. 2:20, 22) Timoteo de ne ho nyinaa bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a asɛnka adwuma no bɛkɔ so. Enti, na Paul pɛ n’asɛm paa, na ɛyɛ nhwɛso pa ma yɛn nso.

Timoteo.

Ná Timoteo papa yɛ Greeceni, na na ne maame yɛ Yudani. Ɛbɛyɛ sɛ Listra na wɔtetee no. Timoteo maame Eunike ne ne nanabea Lois na wɔde Kyerɛwnsɛm no tetee no fii ne mmofraase. (Aso. 16:1, 3; 2 Tim. 1:5; 3:14, 15) Ɛbɛyɛ sɛ Timoteo ne wɔn nyinaa bɛyɛɛ Kristofo bere a Paul kɔɔ Timoteo kurom nea edi kan no.

Mfe bi akyi a Paul san kɔɔ hɔ no, na Timoteo adi bɛyɛ mfe 20, nanso “ná anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikoniom nyinaa bɔ no din pa” mpo dedaw. (Aso. 16:2) Ná Onyankopɔn honhom ama ‘wɔahyɛ nkɔm’ afa aberante Timoteo ho. Sɛnea nkɔm a wɔhyɛ faa ne ho no kyerɛ no, Paul ne mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no sii gyinae sɛ wɔde ɔsom adwuma titiriw bi bɛhyɛ ne nsa. (1 Tim. 1:18; 4:14; 2 Tim. 1:6) Wɔkaa sɛ ɔne Paul nkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma. Ná ɛsɛ sɛ Timoteo gyaw n’abusuafo hɔ. Afei nso, sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo a Timoteo rekɔka asɛmpa no akyerɛ wɔn no rennya ne ho asɛm nka nti, na ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia.—Aso. 16:3.

Timoteo tutuu akwan pii. Ɔne Paul ne Silas kaa asɛmpa no wɔ Filipi; ɔne Silas nso yɛɛ adwuma no bi wɔ Beroia, na ɔno nko ara nso kɔkaa asɛm no wɔ Tesalonika. Bere a Timoteo ne Paul hyiaa bio wɔ Korinto no, Timoteo kaa Tesalonikafo no ho asɛmpa sɛ, wɔn ahohia nyinaa akyi no, wɔkura wɔn dɔ ne wɔn nokwaredi mu. (Aso. 16:6–17:14; 1 Tes. 3:2-6) Bere bi a Paul wɔ Efeso no, ɔtee Korintofo no ho asɛm bi a na ɛhaw adwene, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsoma Timoteo asan akɔ Korinto. (1 Kor. 4:17) Akyiri yi, Paul somaa Timoteo ne Erasto fi Efeso kɔɔ Makedonia. Nanso bere a Paul kyerɛw krataa kɔmaa Romafo no, na Timoteo asan abɛka ne ho wɔ Korinto. (Aso. 19:22; Rom. 16:21) Asɛmpa no nti, Timoteo tutuu akwan pii, na emu kakraa bi na yɛaka ho asɛm no.

Ebia na Timoteo twentwɛn ne nan ase sɛ ɔde ne tumi bɛyɛ adwuma. Nea ɛma yehu saa ne asɛm a Paul ka de hyɛɛ no nkuran yi: “Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no animtiaa da.” (1 Tim. 4:12) Nanso Paul nyaa Timoteo mu ahotoso somaa no kɔboaa asafo bi a na ɔhaw wom. Akwankyerɛ a Paul de maa no ne sɛ: “Tena hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛma ebinom ate wɔn ho ase sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforo.” (1 Tim. 1:3) Bio nso, Paul maa Timoteo tumi sɛ ɔmpaw ahwɛfo ne asomfo wɔ asafo no mu.—1 Tim. 5:22.

Timoteo suban pa nti, na Paul ani gye ne ho paa. Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ aberante Timoteo dii Paul nokware na ɔbataa Paul ho, sɛnea abofra bata ne papa ho no. Paul kaa sɛ ɔkaee Timoteo nisu, na n’ani gyinaa no, na ɔbɔɔ mpae maa no. Ná Paul de Timoteo ayɛ sɛ ne ba a odwen ne ho, enti otuu no fo wɔ ‘yare a ɔtaa yare’ ho; ebetumi aba sɛ na ɛyɛ yafunyare.—1 Tim. 5:23; 2 Tim. 1:3, 4.

Bere a wɔde Paul too afiase nea edi kan wɔ Roma no, na Timoteo wɔ ne nkyɛn. Enti yebetumi aka sɛ Timoteo nso daa afiase kakra. (Filem. 1; Heb. 13:23) Nea ɛma yehu atenka kɛse a na obiara wɔ ma ne yɔnko ne sɛ, bere a Paul hui sɛ aka kakra ama ɔno Paul awu no, ɔtoo Timoteo nkra sɛ: “Bɔ mmɔden paa bra me nkyɛn ntɛm.” (2 Tim. 4:6-9) Sɛ Timoteo tumi koduu hɔ ntɛm kohuu n’adamfo ne ne kyerɛkyerɛfo a ɔpɛ n’asɛm no oo, sɛ wankohu no oo, ɛno de, Kyerɛwnsɛm no nka.

MARKO NYAA ƆSOM HOKWAN PII

Marko Asɛmpa no ka sɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyere “aberante bi” nso, nanso aberante no de “adagyaw guan kɔe.” (Mar. 14:51, 52) Marko a wɔsan frɛ no Yohane no, ɔno nko ara na ɔkyerɛw saa asɛm yi. Enti ɛbɛyɛ sɛ ɔno ankasa ne saa aberante no. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ Marko ne Yesu bɔe kakra.

Ɔpanyin bi reka asɛm akyerɛ Marko; Marko ayɛ dinn retie no, na ɔreyɛ kyerɛwtohɔ.

Bɛyɛ mfe 11 akyi, bere a Herode Agripa tan Kristofo ani no, na Yerusalem asafo no mu “nnipa dodow bi” ahyiam wɔ Marko maame Maria fie rebɔ mpae. Maria fie hɔ ara nso na ɔsomafo Petro kɔe bere a ɔbɔfo yii no fii afiase anwanwakwan so no. (Aso. 12:12) Enti ɛbɛyɛ sɛ efie a wɔtetee Marko wom no, akyiri yi ɛbɛyɛɛ baabi a Kristofo hyiam. Ɛbɛyɛ sɛ na Marko nim Yesu asuafo a wɔdi kan no yiye ma enti wɔn nhwɛso pa no maa ɔno nso bɔɔ bra pa.

Marko ne tete Kristofo asafo no mu ahwɛfo bebree boom yɛɛ ɔsom adwuma no. Nea yenim fa ne ho ne sɛ, ɔsom hokwan a edi kan a onyae ne sɛ, wɔmaa ɔne ne busuani Barnaba ne ɔsomafo Paul kɔyɛɛ ɔsom adwuma wɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no. (Aso. 12:25) Bere a Barnaba ne Paul rekɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma a edi kan no, Marko ne wɔn na ɛkɔe. Wɔdii kan kɔɔ Kipro, na wɔtoaa so kɔɔ Asia Kumaa. Wɔduu hɔ no, obiara anhu nea ɛbae, Marko san n’akyi kɔɔ Yerusalem. (Aso. 13:4, 13) Marko ho asɛm yi kɔfaa akasakasa baa Barnaba ne Paul ntam, na ɛho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma ti 15. Afei Marko ne Barnaba toaa asɛmpatrɛw adwuma no so wɔ Kipro.—Aso. 15:36-39.

Eduu afe 60 anaa 61 Y.B. no, yebetumi aka sɛ na saa akasakasa no ho asɛm afi obiara tirim dedaadaw, efisɛ na Marko asan ne Paul reka asɛmpa no bio wɔ Roma. Saa bere no, na Paul da afiase wɔ Roma, na ɔkyerɛw Kolose asafo no sɛ: “Aristarko a me ne no da afiase no kyia mo, na Barnaba busuani Marko nso kyia mo (ɔno na munyaa nkra sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no no).” (Kol. 4:10) Wei kyerɛ sɛ na Paul pɛ sɛ ɔsoma Yohane a wɔfrɛ no Marko no kɔ Kolose ma okosi ɔno Paul anan.

Efi bɛyɛ afe 62 kosi afe 64 Y.B. no, Marko ne ɔsomafo Petro yɛɛ adwuma wɔ Babilon. Nhoma yi Ti 10 ma yehui sɛ, na ayɔnkofa soronko bi wɔ wɔn ntam, efisɛ Petro frɛɛ Marko a ɔyɛ aberante no “me ba Marko.”—1 Pet. 5:13.

Afei nso, bere a wɔde ɔsomafo Paul too afiase ne mprenu so wɔ Roma bɛyɛ afe 65 Y.B. no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa ne yɔnko dwumayɛni Timoteo a na ɔwɔ Efeso no. Ɔkaa sɛ: “Fa Marko ka wo ho bra, efisɛ ɔboa me wɔ ɔsom adwuma no mu.” (2 Tim. 4:11) Marko gyee ɔfrɛ yi so ntɛm, na ofii Efeso san kɔɔ Roma. Enti sɛ na Barnaba ne Paul ne Petro nni Marko ho agorɔ a, ɛnyɛ nwanwa!

Ɔsom hokwan a Marko nyae nyinaa, nea ɛyɛ kɛse wom paa ne sɛ, Yehowa de ne honhom kaa no ma ɔkyerɛw Nsɛmpa no baako. Nnipa pii kyerɛ sɛ Marko nyaa nsɛm a ɔkyerɛwee no dodow no ara fii ɔsomafo Petro hɔ, na wohwɛ mu nso a ɛbɛyɛ ampa, efisɛ sɛnea Marko Asɛmpa no mu nsɛm bi kɔ akyiri no, wutumi hu sɛ ɛyɛ obi a ɔde n’ani huu saa nsɛm no te sɛ Petro na obetumi aka akyerɛ Marko. Nanso yebetumi aka sɛ wankyerɛw n’Asɛmpa no bere a ɔwɔ Petro nkyɛn wɔ Babilon no; mmom ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw ne nhoma no wɔ Roma. Latin kasa mu nsɛm pii wɔ Marko Asɛmpa no mu. Bio nso, Marko kyerɛɛ Hebri kasa mu nsɛm bi ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnyɛ Yudafo bɛte ase. Enti yebetumi aka sɛ amanaman mufo paa nti na Marko kyerɛw n’Asɛmpa no.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 118 a wɔato din “Marko Nyaa Ɔsom Hokwan Pii” no.

b Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 121 a wɔato din “Timoteo Yii Ne Yam ‘Trɛw Asɛmpa No Mu’” no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena