Gyinae Bɛn na Ɛsɛ sɛ Misi wɔ Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Aduruyɛ mu Akwan a Wɔfa so de M’ankasa Mogya Di Dwuma Wom Ho?
Bible hyɛ Kristofo sɛ “wɔntwe wɔn ho mfi . . . mogya ho.” (Aso. 15:20) Enti Yehowa Adansefo nnye mogya anaa emu nneɛma atitiriw anan a ɛne mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, mogya mu nkwammoaa ntrantraa, ne mogya mu nsu. Wɔmfa wɔn mogya mma afoforo na saa ara nso na wɔntwe wɔn mogya nsie na akyiri yi wɔasan de ama wɔn.—Lev. 17:13, 14; Aso. 15:28, 29.
Dɛn ne mogya mu nneɛma nketenkete, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni biara si sɛnea ɔde bedi dwuma no ho gyinae?
Eyi yɛ ɔkwan bi a wɔfa so kyekyɛ mogya mu yiyi mu nneɛma nketenkete. Sɛ nhwɛso no, wobetumi akyekyɛ mogya mu nsu a ɛyɛ mogya mu nneɛma atitiriw anan no mu biako mu anya nea edidi so yi: nsu yɛ bɛyɛ 100 mu nkyem 91; ahoɔdennuru te sɛ albumins, globulins, ne fibrinogen yɛ bɛyɛ 100 mu nkyem 7; nneɛma afoforo te sɛ nnuannuru, nkwammoaa mu nnuru, mogya mu fĩ, ne nea ɛkeka ho yɛ bɛyɛ 100 mu nkyem 1.5.
So mogya mu nneɛma nketenkete nso ka ahyɛde a ɛne sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho no ho? Yentumi nkyerɛ. Bible mfa mogya mu nneɛma nketenkete ho akwankyerɛ pɔtee mma. Nokwasɛm ne sɛ, wonya mogya mu nneɛma nketenkete fi nkurɔfo mogya a wɔatwe asi hɔ de yɛ aduru mu. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara gyina n’ahonim so si gyinae sɛ ebia obegye nneɛma a ɛtete saa a wɔde yɛ aduru no anaasɛ ɔrennye.
Sɛ woresisi gyinae a ɛtete saa a, susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: So minim sɛ mogya mu nneɛma nketenkete a minnye no kyerɛ sɛ mɛpo nnuru bi te sɛ nea ɛko tia yare mmoawa ne nyarewa anaa nea ɛboa ma mogya da a wɔde twa mogya a etu obi no? So metumi akyerɛkyerɛ nea enti a minnye mogya mu nneɛma nketenkete bi anaa migye no mu akyerɛ oduruyɛfo?
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ m’ankasa misi gyinae wɔ aduruyɛ mu akwan bi a wɔfa so de m’ankasa mogya di dwuma wom ho?
Ɛwom sɛ Kristofo mfa wɔn mogya mma afoforo na saa ara nso na wɔntwe wɔn mogya nsie na akyiri yi wɔasan de ama wɔn de, nanso wontumi nkyerɛ pefee sɛ akwan bi a wɔfa so twe obi mogya yɛ mu nhwehwɛmu no tia Bible mmara. Enti ɛsɛ sɛ Kristoni biara gyina n’ahonim so si gyinae sɛ ebia obegye akwan bi a wɔfa so de n’ankasa mogya di dwuma no atom anaasɛ ɔrennye ntom.
Sɛ woresisi gyinae a ɛtete saa a, bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: Sɛ wɔbɛdan me mogya no bi ani afi me nipadua mu ma mpo ebia ɛrenkɔ so nni kyinhyia bere bi a, so m’ahonim bɛma mabu saa mogya yi sɛ ɛda so yɛ me nipadua fã, a enti enhia sɛ ‘wohwie gu fam’? (Deut. 12:23, 24) Sɛ wɔreyɛ me mu nhwehwɛmu anaa wɔresa me yare na wɔtwe me mogya, yɛ mu nsakrae, na wɔsan de ma me a, so m’ahonim a mede Bible atete no no bebu me fɔ? So minim sɛ aduruyɛ mu akwan nyinaa a wɔfa so de m’ankasa mogya di dwuma wom a minnye no kyerɛ sɛ mepo aduruyɛ bi te sɛ dialysis anaa heart-lung machine a wɔde di dwuma no? Mede mpaebɔ asusuw asɛm yi ho ansa na meresi ho gyinae?
Gyinae bɛn na m’ankasa mesisi?
Susuw nkrataa abien a ɛwɔ kratafa a edidi so no a wubegyina so akyerɛ nea wopɛ no ho. Krataa a Wubegyina so Apaw Nea Wopɛ 1 no bobɔ nneɛma nketenkete bi a wɔayiyi afi mogya mu no din ne sɛnea wɔtaa de di dwuma wɔ aduruyɛ mu. Kyerɛ nea w’ankasa wopɛ, sɛ ebia wubegye mogya mu nneɛma nketenkete yi bi anaasɛ worennye. Krataa a Wubegyina so Apaw Nea Wopɛ 2 no bobɔ akwan a wɔtaa fa so de w’ankasa mogya di dwuma wɔ aduruyɛ mu. Kyerɛ nea w’ankasa wopɛ, sɛ ebia wobɛpene sɛ wɔmfa saa kwan yi so anaasɛ worempene so. Saa nkrataa a wubegyina so apaw nea wopɛ yi nyɛ mmara kwan so nkrataa, nanso wubetumi agyina mmuae a wobɛma wɔ nkrataa yi so no so ahyehyɛ DPA (akwahosan sohwɛ tumi krataa) no.
Ɛsɛ sɛ w’ankasa na wusisi wo gyinae na ɛnyɛ obi na ɛsɛ sɛ woma osi gyinae ma wo. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obiara kasa tia Kristoni foforo gyinaesi. Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, “obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.”—Gal. 6:4, 5.
Hyɛ no nsow: Ɛsono sɛnea oduruyɛfo biara fa so de aduruyɛ mu akwan yi di dwuma. Ɛsɛ sɛ woma wo duruyɛfo kyerɛkyerɛ ɔkwan a ɔpɛ sɛ ɔfa so yɛ wo aduru no mu kyerɛ wo pefee na ama woahu sɛ ɛne Bible nnyinasosɛm ne w’ahonim hyia anaa.