Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ba kr. 4-5
  • Nhoma A Wɔakyinkyim No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma A Wɔakyinkyim No
  • Amansan Nhoma
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible mu Nsɛm a Yɛbɛte Ase Yiye
  • Nyamesom Akyinkyim No
  • “Nanso Etwa Ne Ho!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Galileo
    Nyan!—2015
  • Nyansahu Ne Nyamesom Nea Ɛkɔfaa Ntawtawdi Bi Bae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nyansahu Ne Bible—So Ɛbɔ Abira Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Amansan Nhoma
ba kr. 4-5

Nhoma A Wɔakyinkyim No

“Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ asase gyina ne nan so twa ne ho na bere koro no ara nso edi owia ho kyinhyia no yɛ atoro, na ɛne Kyerɛw Kronkron no nhyia koraa.” Saa na Roman Katolek Nhomanimfo Kuw bi daa no adi 1616.1 Ɛyɛ ampa sɛ Bible ne nyansahu nhyia ankasa? Anaa wɔakyinkyim emu nsɛm?

WƆ 1609 ne 1610 awɔ bere mu no, Galileo Galilei de n’afiri foforo hwɛɛ wim hui sɛ abosome nnan redi Jupiter ho kyinhyia. Nea ohui no bɔɔ gyidi a na ɛwɔ hɔ a ɛne sɛ ɔsoro abɔdeɛ nyinaa twa asase ho hyia no gui. Ná Polandni Nicolaus Copernicus a ɔyɛ nsoromma ho nimdefo adi kan aka wɔ 1543 mu sɛ okyinnsoromma ahorow no twa owia ho hyia. Galileo sii so dua sɛ eyi yɛ nyansahu mu nokwasɛm.

Nanso na Katolek nyamekyerɛfo kyerɛ sɛ eyi yɛ ɔsom mu ammamɔsɛm. Na asɔre no fi bere tenten akura adwene no sɛ wɔde asase adua amansan mfinimfini.2 Na saa adwene yi gyina kyerɛw nsɛm mu asɛm a ɛne sɛ wɔde asase “atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da” no ho ntease pa a wonni so. (Dwom 104:5) Wɔde Galileo kogyinaa Atirimɔden Asɛnni baguafo no anim wɔ Rome. Bere a wɔde nsɛmmisa a ano yɛ den pii pempem no no, wɔhyɛɛ no maa ɔtwee nea ohui no sanee, na ɔde ne nkwa nna a aka traa ase sɛ deduani.

Wɔ 1992 mu, Galileo wu akyi bɛyɛ mfe 350 no, Katolek Asɔre no gye toom afei sɛ nea ɔkae no yɛ nokware.3 Nanso sɛ nea Galileo kae no yɛ nokware a, ɛnde na Bible no yɛ atoro anaa?

Bible mu Nsɛm a Yɛbɛte Ase Yiye

Na Galileo gye di sɛ Bible no yɛ nokware. Bere a ne nhwehwɛmu no ne Bible nsɛm ho ntease a na wokura saa bere no anhyia no, ohui sɛ na ɛyɛ nyamekyerɛfo no mmom na wɔnte Bible no ase. Ɔkyerɛwee sɛ, “nokware mmienu ntumi mmɔ abira da.”4 Ɔkae sɛ nea nyansahu mu nsɛm ankasa kyerɛ no ne Bible mu nsɛm a ase nyɛ te na no mmɔ abira. Nanso nyamekyerɛfo amma eyi ammee wɔn. Wosii so denneennen sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa nsɛm a Bible ka fa asase ho no nyinaa sɛnea nsɛmfua no te ara. Esiane eyi nti, ɛnyɛ nea Galileo hui no nko na wɔbɔ gui, na mmom wɔante Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛtete saa ase ankasa nso.

Nokwasɛm ni, yenhia nimdeɛ titiriw biara na yɛahu sɛ sɛ Bible ka “asase afanan” a, ɛnkyerɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛw Bible no tee ase sɛ asase yɛ ahinanan ankasa. (Adiyisɛm 7:1) Wɔde nsɛm a obiara tumi te ase na ɛkyerɛw Bible no, na mpɛn pii no ɛde kasakoa a ɛma nsɛm mu da hɔ di dwuma. Enti sɛ Bible ka sɛ asase wɔ “afanan,” “nnyinaso” a etim hɔ, ne “twea bo” a, na ɛnyɛ nyansahu mu nsɛm na ɛredi dwuma; ɛda adi pefee sɛ ɛde kasakoa na ɛredi dwuma sɛnea yɛtaa yɛ wɔ yɛn kasa mu daa no.a—Yesaia 51:13; Hiob 38:6.

Owura bi a ɔkyerɛw nnipa asetra ho nsɛm, L. Geymonat, kae wɔ ne nhoma Galileo Galilei mu sɛ: “Nea nyamekyerɛfo adweneharefo a wɔpɛ sɛ wɔka nyansahu hyɛ esiane adwene a wɔwɔ wɔ Bible ho no tumi yɛ ne sɛ wɔma ɛbɛyɛ sɛ Bible no ankasa redi atoro.”5 Na wɔyɛe nso. Asɛm no ne sɛ, ɛyɛ ɔkwan a nyamekyerɛfo fa so kyerɛ Bible mu nsɛm ase—ɛnyɛ Bible no ankasa—na ɛka nyansahu hyɛ a ntease nnim.

Saa na wɔn a wɔyɛ katee wɔ nyamesom mu nsɛm ho kyinkyim Bible no bere a wɔka sɛ wɔde nnafua nsia a emu biara kura nnɔnhwerew 24 paa na ɛbɔɔ asase no. (Genesis 1:3-31) Adwene a ɛte saa ne nyansahu anaa Bible nhyia. Bible mu no, wotumi de asɛmfua “ɛda” di dwuma akwan horow pii so, sɛnea yɛyɛ wɔ yɛn kasa mu daa no, na etumi kyerɛ bere tiaa bi anaa bere tenten. Wɔ Genesis 2:4 no, wɔka adebɔ nna nsia no nyinaa ho asɛm bom sɛ “ɛda.” Nea Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɛda” wɔ Bible mu no kyerɛ ara ne “bere tenten bi.”6 Enti biribiara nni Bible mu a obi begyina so aka sɛ adebɔ nna no mu biara yɛ nnɔnhwerew 24. Bere a wɔn a wɔyɛ katee wɔ nyamesom mu kyerɛkyerɛ biribi foforo no na wɔrekyinkyim Bible no.—Hwɛ 2 Petro 3:8 nso.

Efi tete na nyamekyerɛfo akyinkyim Bible no. Susuw akwan foforo nso a Kristoman afa so akyinkyim Bible mu nsɛm no bi ho.

Nyamesom Akyinkyim No

Nneyɛe a wɔn a wose wodi Bible akyi da no adi no ma nhoma a wose wobu no kronkron no begye dimmɔne. Wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no akunkum wɔn ho wɔ Onyankopɔn din mu. Nanso Bible no tu fo sɛ Kristo akyidifo ‘nnodɔ wɔn ho.’—Yohane 13:34, 35; Mateo 26:52.

Asɔfo bi didi wɔn asɔremma ho, na wɔnam adɔkɔdɔkɔsɛm so twe sika a wɔabrɛ anya fi wɔn ho—adeyɛ a ɛne Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde yi nhyia koraa: “Munyaa no kwa, na momfa mma kwa!”—Mateo 10:8; 1 Petro 5:2, 3.

Ɛda adi pefee sɛ yentumi nnyina wɔn a wotu Bible mu nsɛm ka kɛkɛ anaa wose wɔde bɔ wɔn bra no nsɛm ne nneyɛe so nkasa ntia Bible no. Enti obi a ɔrepɛ biribi ahu no bɛpɛ sɛ ɔno ankasa hu nea ɛwɔ Bible no mu ne nea enti a ɛyɛ nhoma a ɛsom bo saa.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ nhwɛso no, ɛnnɛ nsoromma ho animdefo a wɔfa asɛm biara sɛnea ɛte ankasa no mpo bɛka sɛ owia, nsoromma, anaa ɔsoro abɔdeɛ foforo “apue” anaa “akɔtɔ”—nanso nokwasɛm ni, yɛn ani so kɛkɛ na ɛyɛ yɛn sɛ ɛrekɔ esiane sɛ asase no di kyinhyia nti.

[Kratafa 4 mfonini]

Galileo mfiri a ɔde hwɛ wim no mmienu

[Kratafa 5 mfonini]

Galileo a ogyina asɛnnifo anim

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena