Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 1 kr. 3
  • Onyankopɔn To Nsa Frɛ Wo Sɛ Bɛyɛ N’adamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn To Nsa Frɛ Wo Sɛ Bɛyɛ N’adamfo
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Ne Yehowa Afa Adamfo
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Wudwen Ho Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Ayɔnkofa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa?
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 1 kr. 3

ADESUA 1

Onyankopɔn To Nsa Frɛ Wo Sɛ Bɛyɛ N’adamfo

Onyankopɔn pɛ sɛ woyɛ n’adamfo. So woasusuw ho pɛn sɛ wubetumi ayɛ Nea ɔkorɔn sen obiara wɔ amansan no mu no adamfo? Wɔfrɛɛ Abraham a ɔtraa ase wɔ tete no sɛ Onyankopɔn adamfo. (Yakobo 2:23) Afoforo a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no nso ne Onyankopɔn nyaa adamfofa na ohyiraa wɔn pii. Ɛnnɛ, nnipa fi asase so mmaa nyinaa abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo. Wo nso wubetumi ayɛ Onyankopɔn adamfo.

Abraham rebɔ mpae

Onyankopɔn adamfo a wobɛyɛ no ye sen sɛ wobɛyɛ onipa foforo biara adamfo. Onyankopɔn nni ne nnamfo anokwafo huammɔ da. (Dwom 18:25) Onyankopɔn adamfo a wobɛyɛ no ye sen sɛ wubenya ahonyade. Sɛ ɔdefo wu a, ne sika kodi afoforo nsam. Nanso, wɔn a wɔne Onyankopɔn yɛ nnamfo no wɔ ademude a obiara ntumi mfa.—Mateo 6:19.

Ebia nnipa bi bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma woagyae Onyankopɔn ho adesua no. Wo nnamfo ne w’abusuafo bi mpo betumi ayɛ saa. (Mateo 10:36, 37) Sɛ afoforo serew wo anaa wohunahuna wo a, bisa wo ho sɛ, ‘Hena na mepɛ sɛ mesɔ n’ani—nnipa anaa Onyankopɔn?’ Susuw eyi ho hwɛ: Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ gyae adidi a, wubetie? Dabida! Wuhia aduan na ama woatra ase. Nanso Onyankopɔn betumi ama woatra ase daa! Enti mma obiara mmma wunnnyae sua a woresua sɛnea wubetumi ayɛ Onyankopɔn adamfo no da.—Yohane 17:3.

Nkurɔfo bi redi maame bi a ɔrekenkan Bible ho fɛw
    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena